< Marko 11 >
1 Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan.
Καὶ ὅτε ἐγγίζουσιν εἰς Ἱερουσαλήμ, εἰς Βηθσφαγὴ καὶ Βηθανίαν, πρὸς τὸ ὄρος τῶν Ἐλαιῶν, ἀποστέλλει δύο τῶν μαθητῶν αὐτοῦ,
2 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no na momfa no mmrɛ me.
καὶ λέγει αὐτοῖς, Ὑπάγετε εἰς τὴν κώμην τὴν κατέναντι ὑμῶν· καὶ εὐθέως εἰσπορευόμενοι εἰς αὐτὴν εὑρήσετε πῶλον δεδεμένον, ἐφ᾽ ὃν οὐδεὶς ἀνθρώπων κεκάθικε· λύσαντες αὐτὸν ἀγάγετε.
3 Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’”
Καὶ ἐάν τις ὑμῖν εἴπῃ, Τί ποιεῖτε τοῦτο; εἴπατε ὅτι Ὁ Κύριος αὐτοῦ χρείαν ἔχει· καὶ εὐθέως αὐτὸν ἀποστέλλει ὧδε.
4 Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu sɛ aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no.
Ἀπῆλθον δὲ καὶ εὗρον πῶλον δεδεμένον πρὸς τὴν θύραν ἔξω ἐπὶ τοῦ ἀμφόδου, καὶ λύουσιν αὐτόν.
5 Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?”
Καί τινες τῶν ἐκεῖ ἑστηκότων ἔλεγον αὐτοῖς, Τί ποιεῖτε λύοντες τὸν πῶλον;
6 Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase.
Οἱ δὲ εἶπον αὐτοῖς καθὼς ἐνετείλατο ὁ Ἰησοῦς· καὶ ἀφῆκαν αὐτούς.
7 Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so.
Καὶ ἤγαγον τὸν πῶλον πρὸς τὸν Ἰησοῦν· καὶ ἐπέβαλον αὐτῷ τὰ ἱμάτια αὐτῶν, καὶ ἐκάθισεν ἐπ᾽ αὐτῷ.
8 Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.
Πολλοὶ δὲ τὰ ἱμάτια αὐτῶν ἔστρωσαν εἰς τὴν ὁδόν· ἄλλοι δὲ στοιβάδας ἔκοπτον ἐκ τῶν δένδρων, καὶ ἐστρώννυον εἰς τὴν ὁδόν.
9 Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!”
Καὶ οἱ προάγοντες καὶ οἱ ἀκολουθοῦντες ἔκραζον, λέγοντες, Ὡσαννά· εὐλογημένος ὁ ἐρχόμενος ἐν ὀνόματι Κυρίου.
10 “Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahenni reba.” “Hosiana wɔ sorosoro!”
Εὐλογημένη ἡ ἐρχομένη βασιλεία ἐν ὀνόματι Κυρίου τοῦ πατρὸς ἡμῶν Δαυίδ. Ὡσαννὰ ἐν τοῖς ὑψίστοις.
11 Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.
Καὶ εἰσῆλθεν εἰς Ἱεροσόλυμα ὁ Ἰησοῦς, καὶ εἰς τὸ ἱερόν· καὶ περιβλεψάμενος πάντα, ὀψίας ἤδη οὔσης τῆς ὥρας, ἐξῆλθεν εἰς Βηθανίαν μετὰ τῶν δώδεκα.
12 Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no.
Καὶ τῇ ἐπαύριον ἐξελθόντων αὐτῶν ἀπὸ Βηθανίας, ἐπείνασε.
13 Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow.
Καὶ ἰδὼν συκῆν μακρόθεν, ἔχουσαν φύλλα, ἦλθεν εἰ ἄρα εὑρήσει τι ἐν αὐτῇ· καὶ ἐλθὼν ἐπ᾽ αὐτήν, οὐδὲν εὗρεν εἰ μὴ φύλλα· οὐ γὰρ ἦν καιρὸς σύκων.
14 Yesu domee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Asuafo no tee asɛm a ɔkae no. (aiōn )
Καὶ ἀποκριθεὶς ὁ Ἰησοῦς εἶπεν αὐτῇ, Μηκέτι ἐκ σοῦ εἰς τὸν αἰῶνα μηδεὶς καρπὸν φάγοι. Καὶ ἤκουον οἱ μαθηταὶ αὐτοῦ. (aiōn )
15 Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa,
Καὶ ἔρχονται εἰς Ἱεροσόλυμα· καὶ εἰσελθὼν ὁ Ἰησοῦς εἰς τὸ ἱερὸν ἤρξατο ἐκβάλλειν τοὺς πωλοῦντας καὶ ἀγοράζοντας ἐν τῷ ἱερῷ· καὶ τὰς τραπέζας τῶν κολλυβιστῶν, καὶ τὰς καθέδρας τῶν πωλούντων τὰς περιστερὰς κατέστρεψε·
16 siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio.
καὶ οὐκ ἤφιεν ἵνα τις διενέγκῃ σκεῦος διὰ τοῦ ἱεροῦ.
17 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”
Καὶ ἐδίδασκε, λέγων αὐτοῖς, Οὐ γέγραπται ὅτι Ὁ οἶκός μου οἶκος προσευχῆς κληθήσεται πᾶσι τοῖς ἔθνεσιν; Ὑμεῖς δὲ ἐποιήσατε αὐτὸν σπήλαιον λῃστῶν.
18 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu.
Καὶ ἤκουσαν οἱ γραμματεῖς καὶ οἱ ἀρχιερεῖς, καὶ ἐζήτουν πῶς αὐτὸν ἀπολέσωσιν· ἐφοβοῦντο γὰρ αὐτόν, ὅτι πᾶς ὁ ὄχλος ἐξεπλήσσετο ἐπὶ τῇ διδαχῇ αὐτοῦ.
19 Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara, wofii kurow no mu.
Καὶ ὅτε ὀψὲ ἐγένετο, ἐξεπορεύετο ἔξω τῆς πόλεως.
20 Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu.
Καὶ πρωῒ παραπορευόμενοι, εἶδον τὴν συκῆν ἐξηραμμένην ἐκ ῥιζῶν.
21 Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
Καὶ ἀναμνησθεὶς ὁ Πέτρος λέγει αὐτῷ, Ῥαββί, ἴδε, ἡ συκῆ ἣν κατηράσω ἐξήρανται.
22 Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a,
Καὶ ἀποκριθεὶς ὁ Ἰησοῦς λέγει αὐτοῖς, Ἔχετε πίστιν Θεοῦ.
23 anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim.
Ἀμὴν γὰρ λέγω ὑμῖν ὅτι ὃς ἂν εἴπῃ τῷ ὄρει τούτῳ, Ἄρθητι, καὶ βλήθητι εἰς τὴν θάλασσαν, καὶ μὴ διακριθῇ ἐν τῇ καρδίᾳ αὐτοῦ, ἀλλὰ πιστεύσῃ ὅτι ἃ λέγει γίνεται· ἔσται αὐτῷ ὃ ἐὰν εἴπῃ.
24 Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
Διὰ τοῦτο λέγω ὑμῖν, Πάντα ὅσα ἂν προσευχόμενοι αἰτῆσθε, πιστεύετε ὅτι λαμβάνετε, καὶ ἔσται ὑμῖν.
25 Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.
Καὶ ὅταν στήκητε προσευχόμενοι, ἀφίετε εἴ τι ἔχετε κατά τινος· ἵνα καὶ ὁ πατὴρ ὑμῶν ὁ ἐν τοῖς οὐρανοῖς ἀφῇ ὑμῖν τὰ παραπτώματα ὑμῶν.
26 Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”
Εἰ δὲ ὑμεῖς οὐκ ἀφίετε, οὐδὲ ὁ πατὴρ ὑμῶν ὁ ἐν τοῖς οὐρανοῖς ἀφήσει τὰ παραπτώματα ὑμῶν.
27 Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se,
Καὶ ἔρχονται πάλιν εἰς Ἱεροσόλυμα· καὶ ἐν τῷ ἱερῷ περιπατοῦντος αὐτοῦ, ἔρχονται πρὸς αὐτὸν οἱ ἀρχιερεῖς καὶ οἱ γραμματεῖς καὶ οἱ πρεσβύτεροι,
28 “Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?”
καὶ λέγουσιν αὐτῷ, Ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιεῖς; Καὶ τίς σοι τὴν ἐξουσίαν ταύτην ἔδωκεν ἵνα ταῦτα ποιῇς;
29 Yesu nso buaa wɔn se, “Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me!
Ὁ δὲ Ἰησοῦς ἀποκριθεὶς εἶπεν αὐτοῖς, Ἐπερωτήσω ὑμᾶς καὶ ἐγὼ ἕνα λόγον, καὶ ἀποκρίθητέ μοι, καὶ ἐρῶ ὑμῖν ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιῶ.
30 Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane, anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!”
Τὸ βάπτισμα Ἰωάννου ἐξ οὐρανοῦ ἦν, ἢ ἐξ ἀνθρώπων; Ἀποκρίθητέ μοι.
31 Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni.
Καὶ ἐλογίζοντο πρὸς ἑαυτούς, λέγοντες, Ἐὰν εἴπωμεν, Ἐξ οὐρανοῦ, ἐρεῖ, Διὰ τί οὖν οὐκ ἐπιστεύσατε αὐτῷ;
32 Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
Ἀλλ᾽ εἴπωμεν, Ἐξ ἀνθρώπων, ἐφοβοῦντο τὸν λαόν· ἅπαντες γὰρ εἶχον τὸν Ἰωάννην, ὅτι ὄντως προφήτης ἦν.
33 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”
Καὶ ἀποκριθέντες λέγουσι τῷ Ἰησοῦ, Οὐκ οἴδαμεν. Καὶ ὁ Ἰησοῦς ἀποκριθεὶς λέγει αὐτοῖς, Οὐδὲ ἐγὼ λέγω ὑμῖν ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιῶ.