< Marko 10 >

1 Afei Yesu fii Galilea twa baa Yudea fam nohɔ wɔ Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuw baa ne nkyɛn, na sɛnea ɔtaa yɛ no ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.
Krenuvši odande, dođe u judejski kraj i na onu stranu Jordana. I opet mnoštvo nagrnu k njemu, a on ih po svojem običaju ponovno poučavaše.
2 Farisifo bi baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Wopene awaregyae so ana?” Wobisaa no eyi de sɔɔ no hwɛe.
A pristupe farizeji pa, da ga iskušaju, upitaše: “Je li mužu dopušteno otpustiti ženu?”
3 Yesu nso bisaa wɔn se, “Dɛn na Mose ka faa awaregyae ho?”
On im odgovori: “Što vam zapovjedi Mojsije?”
4 Wobuae se, “Mose kaa se eye sɛ wogyae aware. Nʼasɛm a ɔkae ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ogyaa ne yere aware a ɔnkyerɛw awaregyae krataa mfa mma ne yere no.”
Oni rekoše: “Mojsije je dopustio napisati otpusno pismo i - otpustiti.”
5 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.
A Isus će im: “Zbog okorjelosti srca vašega napisa vam on tu zapovijed.
6 Nanso eyi mfi Onyankopɔn. Efi adebɔ mfiase na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea kaa wɔn bɔɔ mu.
Od početka stvorenja muško i žensko stvori ih.
7 Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na,
Stoga će čovjek ostaviti oca i majku da prione uza svoju ženu;
8 na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro.
i dvoje njih bit će jedno tijelo. Tako više nisu dvoje, nego jedno tijelo.
9 Na nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ sɛ onipa tetew mu.”
Što dakle Bog združi, čovjek neka ne rastavlja!”
10 Akyiri a na ɔne nʼasuafo no wɔ fie no, asuafo no bisaa no saa asɛm koro no ara bio.
U kući su ga učenici ponovno o tome ispitivali.
11 Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman.
I reče im: “Tko otpusti svoju ženu pa se oženi drugom, čini prema prvoj preljub.
12 Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu aware na ɔsan ware a, na ɔno nso abɔ aguaman saa ara.”
I ako žena napusti svoga muža pa se uda za drugoga, čini preljub.”
13 Na awofo bi de mmofra nkumaa brɛɛ Yesu se onhyira wɔn, nanso nʼasuafo no pampam wɔn a wɔde mmofra no bae no, ka kyerɛɛ wɔn se, wɔnnhaw no.
Donosili mu dječicu da ih se dotakne, a učenici im branili.
14 Yesu huu nea nʼasuafo no ayɛ no, anyɛ no dɛ na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.
Opazivši to, Isus se ozlovolji i reče im: “Pustite dječicu neka dolaze k meni; ne priječite im jer takvih je kraljevstvo Božje!
15 Mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”
Zaista, kažem vam, tko ne primi kraljevstva Božjega kao dijete, ne, u nj neće ući.”
16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn.
Nato ih zagrli pa ih blagoslivljaše polažući na njih ruke.
17 Na osii mu sɛ ɔrekɔ baabi foforo no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios g166)
I dok je izlazio na put, dotrči netko, klekne preda nj pa ga upita: “Učitelju dobri, što mi je činiti da baštinim život vječni?” (aiōnios g166)
18 Yesu bisaa no se “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
Isus mu reče: “Što me zoveš dobrim? Nitko nije dobar doli Bog jedini!
19 Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wunim mmaransɛm no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’”
Zapovijedi znadeš: Ne ubij! Ne čini preljuba! Ne ukradi! Ne svjedoči lažno! Ne otmi! Poštuj oca svoga i majku!”
20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so.”
On mu odgovori: “Učitelju, sve sam to čuvao od svoje mladosti.”
21 Yesu hwɛɛ aberante yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Aka wo ade baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi mʼakyi.”
Isus ga nato pogleda, zavoli ga i rekne mu: “Jedno ti nedostaje! Idi i što imaš, prodaj i podaj siromasima pa ćeš imati blago na nebu. A onda dođi i idi za mnom.”
22 Aberante no tee saa asɛm no nʼanim sesae, na ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ ahonyade bebree.
On se na tu riječ smrkne i ode žalostan jer imaše velik imetak.
23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!”
Isus zaokruži pogledom pa će svojim učenicima: “Kako li će teško imućnici u kraljevstvo Božje!”
24 Asɛm a Yesu kaa no maa asuafo no ho dwiriw wɔn. Yesu san kaa bio se, “Me mma, sɛ moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu?
Učenici ostadoše zapanjeni tim njegovim riječima. Zato im Isus ponovi: “Djeco, kako je teško u kraljevstvo Božje!
25 Na ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bɛfa pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”
Lakše je devi kroz ušice iglene nego bogatašu u kraljevstvo Božje.”
26 Asuafo no ho dwiriw wɔn mmoroso na wobisaa no se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”
Oni se još većma snebivahu te će jedan drugome: “Pa tko se onda može spasiti?”
27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
Isus upre u njih pogled i reče: “Ljudima je nemoguće, ali ne Bogu! Ta Bogu je sve moguće!”
28 Afei Petro fii ase kenkan nneɛma a ɔne asuafo no agyaw abedi Yesu akyi. Ɔkae se, “Yagyaw biribiara abedi wʼakyi.”
Petar mu poče govoriti: “Evo, mi sve ostavismo i pođosmo za tobom.”
29 Yesu nso buaa no se, “Merema mo ate ase sɛ, obi nni hɔ a me nti wagyaw ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛna, agya ne mma anaasɛ agyapade a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no,
Reče Isus: “Zaista, kažem vam, nema ga tko ostavi kuću, ili braću, ili sestre, ili majku, ili oca, ili djecu, ili polja poradi mene i poradi evanđelja,
30 na ɔrennya ofi, nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, mma ne nsase mmɔho ɔha, na ɔrennya ɔtaa nso nka ho! Eyinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na wiase a ɛreba no mu de, obenya nkwa a enni awiei. (aiōn g165, aiōnios g166)
a da ne bi sada, u ovom vremenu, s progonstvima primio stostruko kuća, i braće, i sestara, i majki, i djece, i polja - i u budućem vijeku život vječni. (aiōn g165, aiōnios g166)
31 Na adikanfo pii bedi akyi, na akyikafo abedi kan.”
A mnogi prvi bit će posljednji i posljednji prvi.”
32 Afei wosii mu sɛ wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn kan; na bere a asuafo no di nʼakyi no, ehu ne osuro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsan kaa nneɛma a sɛ wodu Yerusalem a ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
Putovali su tako uzlazeći u Jeruzalem. Isus je išao pred njima te bijahu zaprepašteni, a oni koji su išli za njima, prestrašeni. Tada Isus opet uze dvanaestoricu i poče im kazivati što će ga zadesiti:
33 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a wobeyi me, Onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.
“Evo, uzlazimo u Jeruzalem i Sin Čovječji bit će predan glavarima svećeničkim i pismoznancima. Osudit će ga na smrt, predati poganima,
34 Wobedi me ho fɛw, na wɔatete ntasu agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio.”
izrugati i popljuvati. Izbičevat će ga, ubit će ga, ali on će nakon tri dana ustati.”
35 Afei Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ woyɛ yɛn adɔe bi.”
I pristupe mu Jakov i Ivan, sinovi Zebedejevi, govoreći mu: “Učitelju, htjeli bismo da nam učiniš što te zaištemo.”
36 Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
A on će im: “Što hoćete da vam učinim?”
37 Wobuae se, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahenni mu hɔ!”
Oni mu rekoše: “Daj nam da ti u slavi tvojoj sjednemo jedan zdesna, a drugi slijeva.”
38 Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenweenwen a ɛsɛ sɛ menom ano no ana? Anaasɛ mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
A Isus im reče: “Ne znate što ištete. Možete li piti čašu koju ja pijem, ili krstiti se krstom kojim se ja krstim?”
39 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yebetumi!” Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mubetumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo;
Oni mu rekoše: “Možemo.” A Isus će im: “Čašu koju ja pijem pit ćete i krstom kojim se ja krstim bit ćete kršteni,
40 nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie hɔ ama wɔn no.”
ali sjesti meni zdesna ili slijeva nisam ja vlastan dati - to je onih kojima je pripravljeno.”
41 Asuafo a wɔaka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisaa no, anyɛ wɔn dɛ.
Kad su to čula ostala desetorica, počeše se gnjeviti na Jakova i Ivana.
42 Enti Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “Munim sɛ ahene ne atumfo a wɔwɔ wiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so,
Zato ih Isus dozva i reče im: “Znate da oni koji se smatraju vladarima gospoduju svojim narodima i velikaši njihovi drže ih pod vlašću.
43 nanso mo de, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo somfo.
Nije tako među vama! Naprotiv, tko hoće da među vama bude najveći, neka vam bude poslužitelj!
44 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panyin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa.
I tko hoće da među vama bude prvi, neka bude svima sluga.
45 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”
Jer ni Sin Čovječji nije došao da bude služen, nego da služi i život svoj dade kao otkupninu za mnoge.”
46 Yesu ne nʼasuafo no beduu Yeriko. Wɔrefi kurow no mu no, nnipakuw tu dii wɔn akyi. Saa bere a Yesu retwa mu no, na onifuraefo Bartimeo a ne din nkyerɛase ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.
Dođu tako u Jerihon. Kad je Isus s učenicima i sa silnim mnoštvom izlazio iz Jerihona, kraj puta je sjedio slijepi prosjak Bartimej, sin Timejev.
47 Bere a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ofii ase teɛteɛɛ mu se, “Dawid Ba Yesu, hu me mmɔbɔ!”
Kad je čuo da je to Isus Nazarećanin, stane vikati: “Sine Davidov, Isuse, smiluj mi se!”
48 Nnipa no bi teɛteɛɛ no se, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu dennen se, “Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”
Mnogi ga ušutkivahu, ali on još jače vikaše: “Sine Davidov, smiluj mi se!”
49 Bere a Yesu tee ne nne no, ogyina kae se, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no se, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!”
Isus se zaustavi i reče: “Pozovite ga!” I pozovu slijepca sokoleći ga: “Ustani! Zove te!”
50 Bartimeo tow ne ntama gui, sɔre baa Yesu nkyɛn.
On baci sa sebe ogrtač, skoči i dođe Isusu.
51 Yesu bisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Kyerɛkyerɛfo, mepɛ sɛ mihu ade!”
Isus ga upita: “Što hoćeš da ti učinim?” Slijepac mu reče: “Učitelju moj, da progledam.”
52 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na wo gyidi agye wo.” Na ntɛm ara onifuraefo no huu ade, na odii Yesu akyi.
Isus će mu: “Idi, vjera te tvoja spasila!” I on odmah progleda i uputi se za njim.

< Marko 10 >