< Marko 1 >

1 Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni.
The beginning of the Good News of Jesus Christ the Son of God.
2 Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”
As it is written in Isaiah the Prophet, "See, I am sending My messenger before Thee, Who will prepare Thy way";
3 “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so, ‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’”
"The voice of one crying aloud: 'In the Desert prepare a road for the Lord: Make His highways straight.'"
4 Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
So John the Baptizer came, and was in the Desert proclaiming a baptism of the penitent for forgiveness of sins.
5 Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
There went out to him people of all classes from Judaea, and the inhabitants of Jerusalem of all ranks, and were baptized by him in the river Jordan, making open confession of their sins.
6 Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.
As for John, his garment was of camel's hair, and he wore a loincloth of leather; and his food was locusts and wild honey.
7 Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan.
His announcement was, "There is One coming after me mightier than I--One whose sandal-strap I am unworthy to stoop down and unfasten.
8 Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
I have baptized you with water, but He will baptize you with the Holy Spirit."
9 Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu.
At that time Jesus came from Nazareth in Galilee and was baptized by John in the Jordan;
10 Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so.
and immediately on His coming up out of the water He saw an opening in the sky, and the Spirit like a dove coming down to Him;
11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
and a voice came from the sky, saying, "Thou art My Son dearly loved: in Thee is My delight."
12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so.
At once the Spirit impelled Him to go out into the Desert,
13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.
where He remained for forty days, tempted by Satan; and He was among the wild beasts, but the angels waited upon Him.
14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.
Then, after John had been thrown into prison, Jesus came into Galilee proclaiming God's Good News.
15 Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”
"The time has fully come," He said, "and the Kingdom of God is close at hand: repent, and believe this Good News.
16 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.
One day, passing along the shore of the Lake of Galilee, He saw Simon and Andrew, Simon's brother, throwing their nets in the Lake; for they were fisherman.
17 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.”
"Come and follow me," said Jesus, "and I will make you fishers for men."
18 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi.
At once they left their nets and followed Him.
19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.
Going on a little further He saw James the son of Zabdi and his brother John: they also were in the boat mending the nets, and He immediately called them.
20 Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.
They therefore left their father Zabdi in the boat with the hired men, and went and followed Him.
21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.
So they came to Capernaum, and on the next Sabbath He went to the synagogue and began to teach.
22 Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no.
The people listened with amazement to His teaching--for there was authority about it: it was very different from that of the Scribes--
23 Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se,
when all at once, there in their synagogue, a man under the power of a foul spirit screamed out:
24 “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”
"What have you to do with us, Jesus the Nazarene? Have you come to destroy us? I know who you are--God's Holy One."
25 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!”
But Jesus reprimanded him, saying, "Silence! come out of him."
26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.
So the foul spirit, after throwing the man into convulsions, came out of him with a loud cry.
27 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”
And all were amazed and awe-struck, so they began to ask one another, "What does this mean? Here is a new sort of teaching--and a tone of authority! And even to foul spirits he issues orders and they obey him!"
28 Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.
And His fame spread at once everywhere in all that part of Galilee.
29 Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.
Then on leaving the synagogue they came at once, with James and John, to the house of Simon and Andrew.
30 Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu.
Now Simon's mother-in-law was ill in bed with a fever, and without delay they informed Him about her.
31 Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.
So He went to her, and taking her hand He raised her to her feet: the fever left her, and she began to wait upon them.
32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare.
When it was evening, after sunset people came bringing Him all who were sick and the demoniacs;
33 Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano,
and the whole town was assembled at the door.
34 na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.
Then He cured numbers of people who were ill with various diseases, and He drove out many demons; not allowing the demons to speak, because they knew who He was.
35 Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ.
In the morning He rose early, while it was still quite dark, and leaving the house He went away to a solitary place and there prayed.
36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no,
And Simon and the others searched everywhere for Him.
37 na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!”
When they found Him they said, "Every one is looking for you."
38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”
"Let us go elsewhere, to the neighbouring country towns," He replied, "that I may proclaim my Message there also; because for that purpose I came from God."
39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
And He went through all Galilee, preaching in the synagogues and expelling the demons.
40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”
One day there came a leper to Jesus entreating Him, and pleading on his knees. "If you are willing," he said, "you are able to cleanse me."
41 Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
Moved with pity Jesus reached out His hand and touched him. "I am willing," He said; "be cleansed."
42 Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!
The leprosy at once left him, and he was cleansed.
43 Yesu bɔɔ nʼano denneennen se,
Jesus at once sent him away, strictly charging him,
44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”
and saying, "Be careful not to tell any one, but go and show yourself to the Priest, and for your purification present the offerings that Moses appointed as evidence for them."
45 Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.
But the man, when he went out, began to tell every one and to publish the matter abroad, so that it was no longer possible for Jesus to go openly into any town; but He had to remain outside in unfrequented places, where people came to Him from all parts.

< Marko 1 >