< Malaki 1 >

1 Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifo Malaki so de maa Israel.
The burden of the word of the LORD to Israel by Malachi.
2 “Madɔ mo,” sɛnea Awurade se ni. “Nanso mubisa se, ‘Wodɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’” Na Awurade bua se, “Esau nyɛ Yakob nua ana? Nanso madɔ Yakob,
I have loved you, says the LORD. Yet you say, Wherein have you loved us? Was not Esau Jacob’s brother? says the LORD: yet I loved Jacob,
3 na matan Esau, mayɛ nʼasase mmepɔwmmepɔw no kesee, na nʼagyapade nso magyaw ama nweatam so nnompo.”
And I hated Esau, and laid his mountains and his heritage waste for the dragons of the wilderness.
4 Ebia Edom bɛka se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔadwerɛw yɛn de, nanso yɛbɛsan asi mmubui no.” Nanso sɛɛ na Asafo Awurade nso se: “Wobesi nanso mebubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn Amumɔyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuw bɛtena wɔn so daa.
Whereas Edom said, We are impoverished, but we will return and build the desolate places; thus says the LORD of hosts, They shall build, but I will throw down; and they shall call them, The border of wickedness, and, The people against whom the LORD has indignation for ever.
5 Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’
And your eyes shall see, and you shall say, The LORD will be magnified from the border of Israel.
6 “Ɔbabarima de obu ma nʼagya, na ɔsomfo de nidi ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obu a ɛfata me no wɔ he?” Eyi na Asafo Awurade bisa. “Mo asɔfo, mo na mosɛe me din. “Na mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn na yɛnam so asɛe wo din?’
A son honors his father, and a servant his master: if then I be a father, where is my honor? and if I be a master, where is my fear? says the LORD of hosts to you, O priests, that despise my name. And you say, Wherein have we despised your name?
7 “Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so. “Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’ “Sɛ mokae se, Awurade pon ho yɛ aniwu nti.
You offer polluted bread on my altar; and you say, Wherein have we polluted you? In that you say, The table of the LORD is contemptible.
8 Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo Awurade se ni.
And if you offer the blind for sacrifice, is it not evil? and if you offer the lame and sick, is it not evil? offer it now to your governor; will he be pleased with you, or accept your person? says the LORD of hosts.
9 “Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo Awurade na ɔrebisa.
And now, I pray you, beseech God that he will be gracious to us: this has been by your means: will he regard your persons? says the LORD of hosts.
10 “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
Who is there even among you that would shut the doors for nothing? neither do you kindle fire on my altar for nothing. I have no pleasure in you, says the LORD of hosts, neither will I accept an offering at your hand.
11 “Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
For from the rising of the sun even to the going down of the same my name shall be great among the Gentiles; and in every place incense shall be offered to my name, and a pure offering: for my name shall be great among the heathen, says the LORD of hosts.
12 “Nanso mode kasa fi ka se Awurade pon ho ntew. Na mubu so aduan nso animtiaa.
But you have profaned it, in that you say, The table of the LORD is polluted; and the fruit thereof, even his meat, is contemptible.
13 Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa.
You said also, Behold, what a weariness is it! and you have snuffed at it, says the LORD of hosts; and you brought that which was torn, and the lame, and the sick; thus you brought an offering: should I accept this of your hand? says the LORD.
14 “Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
But cursed be the deceiver, which has in his flock a male, and vows, and sacrifices to the LORD a corrupt thing: for I am a great King, says the LORD of hosts, and my name is dreadful among the heathen.

< Malaki 1 >