< Malaki 3 >

1 Hwɛ! Mɛsoma me bɔfo a obesiesie kwan ama me. Afei mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho bɔfo a mopɛ no no bɛba, sɛnea Asafo Awurade se ni.
Behold, I will send my messenger, And he shall prepare the way before me; And the Lord, whom ye seek, shall suddenly come to his temple; And the messenger of the covenant, whom ye desire, Behold, he shall come, saith Jehovah of hosts.
2 Na hena na obetumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hena na obetumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya a wɔde nan dade anaa ntamahorofo samina.
But who shall abide the day of his coming? And who shall stand when he appeareth? For he shall be like the fire of the refiner, And like the soap of the fuller.
3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛtew Lewifo no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade benya mmarima a wɔde ayɛyɛde bɛba wɔ kronkronyɛ mu,
And he shall sit as a refiner and purifier of silver, And he shall purify the sons of Levi, And shall refine them as gold and silver, That, being holy to Jehovah, they may bring an offering in righteousness.
4 na afɔrebɔde a efi Yuda ne Yerusalem bɛyɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea na ɛte wɔ nna ne mfe a atwa mu no.
Then shall the offering of Judah and Jerusalem be pleasing to Jehovah, As in the days of old, And as in former years.
5 “Enti metwiw abɛn mo, abebu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanse atia ntafowayifo, aguamammɔ ne atorofo, wɔn a wosisi adwumayɛfo wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafo ne ayisaa so na wobu ntɛnkyew tia ahɔho na wonsuro me,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
And I will come near to you to judgment; And I will be a swift witness Against sorcerers, and against adulterers, and against false swearers, And against those who defraud the hireling of his hire, And oppress the widow and the fatherless, And turn aside the stranger from his right, And fear not me, saith Jehovah of hosts.
6 “Meyɛ Awurade a mennsakra. Ɛno nti na mo Yakob asefo, wɔnsɛee mo no.
For I am Jehovah; I change not; Therefore, ye sons of Jacob, are ye not consumed.
7 Efi mo nenanom bere so moatwe mo ho afi me mmara ho, moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Nanso mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn so na yɛmfa nsan mmra?’
From the days of your fathers have ye turned aside from my statutes, And have not kept them; Return to me, and I will return to you, Saith Jehovah of hosts. But ye say, “Wherein shall we return?”
8 “Onipa betumi abɔ Onyankopɔn korɔn ana? Nanso, mobɔ me korɔn! Na mubebisa se, ‘ɔkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔn?’ “Wɔ ntotoso du du ne afɔrebɔde mu.
Shall a man rob God, That ye have robbed me? But ye say, “Wherein have we robbed thee?” In tithes and offerings.
9 Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, efisɛ, morebɔ me korɔn.
Ye are cursed with a curse, For ye have robbed me, even this whole nation.
10 Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduan mmra me fi. Monsɔ me nhwɛ wɔ saa ɔkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a, morennya baabi nkora ne nyinaa mpo,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
Bring ye all the tithes into the storehouse, That there be food in my house; And try me now in this, Saith Jehovah of hosts, Whether I will not open to you the windows of heaven, And pour out upon you a blessing, until there is none left.
11 “Meremma mmoa mmɛsɛe mo nnɔbae na borɔdɔma aba rentew ngu wɔ bere a ɛmmeree ɛ,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
And I will rebuke for you the devourer, And he shall not destroy the fruits of your ground, Nor shall your vine be barren in the field, Saith Jehovah of hosts.
12 “Na aman no nyinaa bɛka se wɔahyira mo, efisɛ mo asase so bɛyɛ anigye,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
And all nations shall call you blessed; For ye shall be a delightful land, Saith Jehovah of hosts.
13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mubisa se, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛnea Asafo Awurade se ni.
Your words have been bold against me, saith Jehovah; Yet ye say, “What have we spoken against thee?”
14 “Moaka se, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛgu, na yedii nʼahyɛde so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no, mfaso bɛn na yenyae?
Ye have said, “It is a vain thing to serve God”; And, “What profit is it that we have kept his ordinances, And that we have walked mournfully before Jehovah of hosts?
15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no nea wɔahyira no. Nokware ni, nnebɔneyɛfo di yiye, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asi no, wɔfa wɔn ho di.’”
Therefore we call the proud happy; Yea, they that do wickedness are built up; Yea, they tempt God, and are delivered.”
16 Na wɔn a wosuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasae, na Awurade tiei, na ogyee wɔn so. Wɔn a wosuro Awurade na wodi ne din ni no, wɔkyerɛw wɔn din wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ nʼanim de yɛɛ nkae ade.
Then they that feared Jehovah spake to one another, And Jehovah gave ear and heard; And a book of remembrance was written before him, For them that feared Jehovah, And that thought upon his name.
17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛnea, Asafo Awurade se ni. Da a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahode a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛnea agya nya ayamhyehye de ɔba a ɔyɛ osetie ho kyɛ no no.
And they shall be to me, saith Jehovah of hosts, In the day which I appoint, as my own possession; And I will spare them, As a father spareth his own son that serveth him.
18 Na mubehu nsonoe a ɛda atreneefo ne amumɔyɛfo ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no ntam.
Then shall ye return and see What is the difference between the righteous and the wicked, Between him who serveth God And him who serveth him not.

< Malaki 3 >