< Luka 8 >
1 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo dumien no kyinkyinii Galilea nkurow ne nkuraa bi ase kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a,
Soon after this Jesus went around the towns and villages announcing the good news of God's kingdom. The twelve disciples went with him,
2 na nnipa a wodi nʼakyi no bi ne Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no
along with a number of women who had been healed from evil spirits and sickness: Mary called Magdalene from whom he had cast out seven demons;
3 ne Yohana a ɔyɛ Kusa, Herode fi sohwɛfo panyin yere, ne Susana. Saa mmea yi ne afoforo bi na wofi wɔn ahonya mu hwɛɛ Yesu ne nʼasuafo.
Joanna, the wife of Herod's manager Chuza; Susanna; and many more who provided support from their personal resources.
4 Da bi a nnipa bebree bi fi nkurow nkurow so baa ne nkyɛn no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn abebu mu se,
Once when a large crowd of people gathered, coming from many towns to see him, Jesus spoke to them, using a story as an illustration.
5 “Da bi, okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. Ogui no, aba no bi koguu ɔkwan mu maa nnipa tiatiaa so na nnomaa nso bɛsosɔwee.
“A farmer went out to sow his seed. As he scattered the seed, some fell on the road where people trampled on it and birds ate it up.
6 Ebi nso koguu ɔbotan so, enti efifii no, ankyɛ na ne nyinaa hyewee, efisɛ annya nsu.
Some fell on stony ground, and once the seeds had sprouted they withered for lack of moisture.
7 Aba no bi nso koguu nsɔe mu. Efifii no, nsɔe no kyekyeree no na ewui.
Some seeds fell among thorns and as they both grew the thorns choked the plants.
8 Ebi nso koguu asase pa mu, enyinii, sow aba mmɔho ɔha.” Na ɔkaa eyi no, ɔka kaa ho se, “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”
Some seeds fell on good earth and after they grew they produced a harvest one hundred times more than what had been sown.” After he told them this, he called out, “If you have ears, then listen!”
9 Na nʼasuafo no bisaa no saa bɛ no ase no,
But his disciples asked him, “What does this illustration mean?”
10 obuaa wɔn se, “Mo de, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho ahintasɛm ama mo, na afoforo de, wɔkasa kyerɛ wɔn mmebu mu, “‘sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ, nanso wɔrenhu na wɔbɛte, nanso wɔrente ase.’
Jesus replied, “You've been given insights into the mysteries of God's kingdom, but the rest are given illustrations, so that, ‘Even though they see, they don't really see; and even though they hear, they don't really understand.’
11 “Afei bɛ no nkyerɛase ni. Aba no ne Onyankopɔn asɛm.
This is the meaning of the illustration: The seed is God's word.
12 Aba a eguu ɔkwan mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no na ɔbonsam behwim fi wɔn koma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔrennye nni na wɔrennya nkwagye.
The seeds that fall on the road are those who hear the message, but then the devil comes and steals away the truth from their minds so they won't trust in God and be saved.
13 Aba a eguu ɔbotan so no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no na wɔde anigye so mu, nanso ɛntena wɔn mu. Na esiane wɔn gyidi a esua nti, ɛnkyɛ na asɛm no awu. Na sɛ sɔhwɛ ba wɔn so a, wɔpa abaw.
The seeds that fall on the stony ground are those who hear and welcome the message with joy but don't have any roots. They trust for a while but when difficult times come they give up.
14 Aba a eguu nsɔe mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, na wodi so, nanso asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ, ahonya ne wiase afɛfɛde nti, asɛm no ntumi nyɛ wɔn mu adwuma sɛnea ɛsɛ.
The seeds that fall among thorns are those who hear the message but it's choked out by life's distractions—worries, wealth, pleasure—so they don't produce anything.
15 Aba a eguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde koma pa tie asɛmpa no, na wodi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanse.
The seeds sown on good earth are those who are honest and do what is right. They hear the message of truth, hold on to it, and through their perseverance produce a good harvest.
16 “Obi nsɔ kanea na ɔmfa kɛntɛn mmutuw so, anaa ɔmfa nhyɛ mpa ase na mmom, ɔde si kaneadua so na ahyerɛn ama wɔn a wɔba mu no.
You don't light a lamp and then cover it with a bucket, or hide it under a bed. No, you put it on a stand, so that anyone who comes in can see the light.
17 Nea ahintaw no bɛda adi, na nea ɛwɔ kokoa mu no nso ada gua.
For there's nothing hidden that won't be revealed; there's nothing secret that won't become known and obvious.
18 Enti nea mutie no, muntie no yiye. Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no pii aka ho, na nea onni ahe bi no, nea osusuw sɛ ɛyɛ ne de no mpo, wobegye afi ne nsam.”
So pay attention how you ‘hear.’ To those who have received, more will be given; from those who don't receive, even what they think they have will be taken away!”
19 Da bi, Yesu na ne ne nuanom pɛɛ sɛ wɔne no kasa, nanso esiane nnipakuw a na wɔatwa ne ho ahyia no nti, wɔantumi ne no ankasa.
Then Jesus' mother and brothers arrived, but they couldn't get through the crowd to see him.
20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.
Jesus was told, “Your mother and your brothers are outside. They want to see you.”
21 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me na ne me nuanom ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”
“My mother and my brothers are those who hear God's word, and do what it says,” Jesus replied.
22 Da bi a Yesu ne nʼasuafo te ɔkorow mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momma yentwa nkɔ asuogya nohɔ.” Wosii mu a wɔrekɔ no,
One day Jesus said to his disciples, “Let's cross over to the other side of the lake.” So they got into a boat and set off.
23 Yesu dae. Saa bere no ara mu na ahum a ano yɛ den bi bɔ maa nsu bɛtaa ɔkorow no mu maa ɔkorow no yɛɛ sɛ ɛremem. Eyi maa asuafo no koma tuu yiye.
As they were sailing, Jesus fell asleep, and a storm came down on the lake. The boat began filling with water and they were in danger of sinking.
24 Asuafo no de hu ne nteɛteɛmu nyan no se, “Awurade, Awurade, yɛremem!” Amono mu hɔ ara, Yesu sɔre teɛteɛɛ ahum a ano yɛ den ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
They went over to Jesus and woke him up. “Master, master, we're going to drown!” they said. Jesus woke up and commanded the wind and the rough waves to stop. They stopped, and all was calm.
25 Afei obisaa wɔn se, “Adɛn na munni gyidi?” Wɔn nyinaa suroe, de ahodwiriw bisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Onipa bɛn ni a mframa a ano yɛ den ne asorɔkye mpo tie no yi?”
“Where is your trust?” he asked them. Terrified and amazed, they said to each other, “So who is this? He gives commands to the winds and the water, and they obey him!”
26 Yesu ne nʼasuafo no twaa po no beduu Gerasefo asase a ɛne Galilea di nhwɛanim no so.
They sailed across to the Gerasene region that lies opposite Galilee.
27 Yesu fii ɔkorow no mu sii fam pɛ na ɔbarima bi a ahonhommɔne ahyɛ no ma akyɛ a ɔda adagyaw na ɔnte fie, na mmom ɔte amusiei a aboda mu na ɔdeda no behyiaa no.
When Jesus stepped out of the boat onto the shore, a demon-possessed man from the town came to meet him. For a long time he hadn't worn any clothes or lived in a house. He lived in the tombs.
28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”
When he saw Jesus he screamed, fell down at Jesus' feet, and asked in a loud voice, “What do you want with me, Jesus, Son of the Most High God? Please don't torture me, I beg you!”
29 Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na Yesu ateɛteɛ ahonhommɔne no sɛ womfi ne mu. Saa ahonhommɔne yi taa ka no na sɛ wɔde hama kyekyere ne nsa ne nʼanan mpo a, otumi tetew mu ma ahonhommɔne no pam no kɔ wuram.
For Jesus had already commanded the evil spirit to leave the man. It had often seized him, and despite being tied down with chains and shackles, and placed under guard, he would break the chains apart and would be driven by the demon into the desert areas.
30 Yesu bisaa no se, “Wo din de dɛn?” Obuaa no se, “Dɔm.” Efisɛ na ahonhommɔne ahyɛ no ma.
“What is your name?” Jesus asked him. “Legion,” he replied, for many demons had entered him.
31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu. (Abyssos )
They begged Jesus not to order them to go into the Abyss. (Abyssos )
32 Saa bere no na mprako bi redidi wɔ bepɔw no nkyɛn mu baabi. Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn ho kwan na wonkowura mprako no mu. Na ɔmaa wɔn ho kwan.
There was a large herd of pigs feeding on the nearby hillside, and the demons begged him to be allowed to go into the pigs. Jesus gave them permission,
33 Enti ahonhommɔne no fii ɔbarima no mu kowuraa mprako no mu ma wɔbɔɔ kirididi, sian bepɔw no koguu ɔtare no mu wuwui.
so the demons left the man and entered the pigs. The herd rushed down the steep slope into the lake and drowned.
34 Wɔn a wɔhwɛ mprako no so no huu nea asi no, wɔde hu ne ahopopo tutuu mmirika kɔbɔɔ amanneɛ wɔ kurom maa asɛm no trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
When the pig-keepers saw what had happened they ran off and spread the news through the town and the countryside.
35 Nnipa a wɔtee asɛm no bɔɔ twi kɔhwɛɛ nea asi. Woduu nea Yesu wɔ no, wohuu ɔbarima no sɛ ne ho atɔ no a ofura ntama te Yesu nkyɛn. Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn.
The people went out to see what had happened. When they came to Jesus they found the man freed from the demons. He was sitting there at Jesus' feet, wearing clothes and in his right mind; and they became scared.
36 Na wɔn a wohuu ɔkwan a Yesu faa so saa ɔbarima no ɔyare no bɔɔ wɔn a wɔbaa hɔ no amanneɛ.
Those who had seen what happened explained how the demon-possessed man had been healed.
37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ.
Then all the people from the Gerasene region asked Jesus to leave because they were overwhelmed by fear. So he got into the boat and went back.
38 Ansa na Yesu rebefi hɔ no, ɔbarima a otuu ahonhommɔne fii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔne no bɛkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se,
The man who had been freed from the demons begged to go with him, but Jesus sent him away.
39 “Kɔ na kodi nea Onyankopɔn ayɛ ama wo no ho adanse kyerɛ wo manfo.” Ɔbarima no fii hɔ kodii anwonwade a Yesu ayɛ ama no no ho adanse kyerɛɛ kurom hɔfo nyinaa.
“Go back home, and tell people all that God has done for you,” Jesus told him. So he went away, telling the whole town all that Jesus had done for him.
40 Yesu duu asuogya hɔ no, nnipakuw no de anigye hyiaa no kwan, efisɛ na wɔatwɛn no abrɛ.
A crowd of people was there to welcome Jesus when he returned, all eagerly expecting him.
41 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo a na ɔyɛ Yudafo hyiadan mu panyin baa ne nkyɛn bebuu no nkotodwe, srɛɛ no sɛ, ɔne no nkɔ ne fi
One was a man called Jairus, a synagogue leader, who came and fell at Jesus' feet. He pleaded with Jesus to come to his home
42 na ne babea koro a wadi bɛyɛ mfe dumien reyɛ awu. Bere a Yesu rekɔ no na nnipakuw no kyere ne so.
because his only daughter was dying. She was about twelve years old. While Jesus was on his way there, people were crowding around him.
43 Ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien a obiara ntumi nsa no yare no,
In the crowd was a woman who had suffered with bleeding for twelve years. She had spent all she had on doctors, but none of them had been able to help her.
44 fii Yesu akyi soo nʼatade ano. Amono mu hɔ ara na mogya a etu no no twae.
She approached Jesus from behind and touched the hem of his cloak. Immediately the bleeding stopped.
45 Yesu bisae se, “Hena na osoo mʼatade ano no no?” Obiara buae se ɛnyɛ ɔno. Eyi maa Petro kae se, “Awurade, na sɛ nnipa no akyere wo so.”
“Who touched me?” Jesus asked. Everybody around denied doing so. “But Master,” said Peter, “there are people crowding around you, and they keep pushing up against you.”
46 Yesu buaa no se, “Dabi, obi aso mʼatade mu efisɛ mete nka sɛ tumi bi afi me mu.”
“Someone touched me,” Jesus replied. “I know because power went out from me.”
47 Ɔbea no huu sɛ ohintaw a ɛrenyɛ ye nti, ɔde hu ne ahopopo bebuu Yesu nkotodwe wɔ nnipa no nyinaa anim, kyerɛɛ no nea enti a osoo ne mu ne sɛnea ne ho atɔ no no.
When the woman realized she couldn't go unnoticed, she came forward, trembling, and fell down before him. Right in front of everybody she explained the reason why she had touched Jesus, and that she'd been cured immediately.
48 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”
Jesus said to her, “Daughter, your trust has healed you, go in peace.”
49 Yesu gu so rekasa no, obi fi Yairo fi bɛka kyerɛɛ Yairo se, “Wo babea no anya awu enti nhaw Kyerɛkyerɛfo no bio.”
While he was still speaking, someone came from the home of the synagogue leader to tell him, “Your daughter's dead. You don't need to bother the Teacher any longer.”
50 Yesu tee asɛm no osee Yairo se, “Nsuro, gye di, na wo babea no benyan anya nkwa.”
But when he heard this, Jesus told Jairus, “Don't be afraid. If you trust, she will be healed.”
51 Oduu fie hɔ no, wamma obiara anka ne ho ankɔ ɔdan a abofra no da mu no mu gye Petro, Yohane, Yakobo ne abofra no awofo nko ara.
When Jesus arrived at the house he didn't allow anyone else to go in except Peter, John, and James, and the girl's father and mother.
52 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa resu di awerɛhow. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsu, onwui na wada.”
All the people there were crying and mourning for her. “Don't cry,” Jesus told them. “She's not dead, she's just sleeping.”
53 Wɔserew no dii ne ho fɛw, efisɛ na wɔn de, wonim pefee sɛ wawu.
They laughed at him, because they knew that she was dead.
54 Yesu soo ne nsa ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɔre!”
But Jesus took her by the hand, and said in a loud voice, “My child, get up!”
55 Amono mu hɔ ara, ɔsɔree na Yesu kae se wɔmma no biribi nni.
She came back to life, and she got up at once. Jesus told them to give her something to eat.
56 Nʼawofo no ho dwiriw wɔn yiye nanso Yesu bɔɔ wɔn ano se, wɔnnka nea asi no nkyerɛ obiara.
Her parents were astonished at what had happened, but Jesus instructed them not to tell anyone about it.