< Luka 7 >

1 Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum.
Now when he had ended all his sayings in the audience of the people, he entered into Capernaum.
2 Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu.
And a certain centurion’s servant, who was dear unto him, was sick, and ready to die.
3 Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no.
And when he heard of Jesus, he sent unto him the elders of the Jews, beseeching him that he would come and heal his servant.
4 Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa.
And when they came to Jesus, they besought him instantly, saying, That he was worthy for whom he should do this:
5 Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.”
For he loveth our nation, and he hath built us a synagogue.
6 Yesu ne wɔn sii mu. Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi.
Then Jesus went with them. And when he was now not far from the house, the centurion sent friends to him, saying unto him, Lord, trouble not thyself: for I am not worthy that thou shouldest enter under my roof:
7 Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den.
Wherefore neither thought I myself worthy to come unto thee: but say in a word, and my servant shall be healed.
8 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”
For I also am a man set under authority, having under me soldiers, and I say unto one, Go, and he goeth; and to another, Come, and he cometh; and to my servant, Do this, and he doeth [it].
9 Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.”
When Jesus heard these things, he marvelled at him, and turned him about, and said unto the people that followed him, I say unto you, I have not found so great faith, no, not in Israel.
10 Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.
And they that were sent, returning to the house, found the servant whole that had been sick.
11 Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu.
And it came to pass the day after, that he went into a city called Nain; and many of his disciples went with him, and much people.
12 Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.
Now when he came nigh to the gate of the city, behold, there was a dead man carried out, the only son of his mother, and she was a widow: and much people of the city was with her.
13 Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!”
And when the Lord saw her, he had compassion on her, and said unto her, Weep not.
14 Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!”
And he came and touched the bier: and they that bare [him] stood still. And he said, Young man, I say unto thee, Arise.
15 Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.
And he that was dead sat up, and began to speak. And he delivered him to his mother.
16 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.”
And there came a fear on all: and they glorified God, saying, That a great prophet is risen up among us; and, That God hath visited his people.
17 Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.
And this rumour of him went forth throughout all Judæa, and throughout all the region round about.
18 Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ.
And the disciples of John shewed him of all these things.
19 Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
And John calling [unto him] two of his disciples sent [them] to Jesus, saying, Art thou he that should come? or look we for another?
20 Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
When the men were come unto him, they said, John Baptist hath sent us unto thee, saying, Art thou he that should come? or look we for another?
21 Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade.
And in that same hour he cured many of [their] infirmities and plagues, and of evil spirits; and unto many [that were] blind he gave sight.
22 Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo.
Then Jesus answering said unto them, Go your way, and tell John what things ye have seen and heard; how that the blind see, the lame walk, the lepers are cleansed, the deaf hear, the dead are raised, to the poor the gospel is preached.
23 Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”
And blessed is [he], whosoever shall not be offended in me.
24 Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana?
And when the messengers of John were departed, he began to speak unto the people concerning John, What went ye out into the wilderness for to see? A reed shaken with the wind?
25 Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.
But what went ye out for to see? A man clothed in soft raiment? Behold, they which are gorgeously apparelled, and live delicately, are in kings’ courts.
26 Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.
But what went ye out for to see? A prophet? Yea, I say unto you, and much more than a prophet.
27 Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’
This is [he], of whom it is written, Behold, I send my messenger before thy face, which shall prepare thy way before thee.
28 Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”
For I say unto you, Among those that are born of women there is not a greater prophet than John the Baptist: but he that is least in the kingdom of God is greater than he.
29 Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.
And all the people that heard [him], and the publicans, justified God, being baptized with the baptism of John.
30 Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.
But the Pharisees and lawyers rejected the counsel of God against themselves, being not baptized of him.
31 Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto?
And the Lord said, Whereunto then shall I liken the men of this generation? and to what are they like?
32 Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se, “‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo, nanso moansaw; yetwaa agyaadwo, nanso moansu.’
They are like unto children sitting in the marketplace, and calling one to another, and saying, We have piped unto you, and ye have not danced; we have mourned to you, and ye have not wept.
33 Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
For John the Baptist came neither eating bread nor drinking wine; and ye say, He hath a devil.
34 Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’
The Son of man is come eating and drinking; and ye say, Behold a gluttonous man, and a winebibber, a friend of publicans and sinners!
35 Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”
But wisdom is justified of all her children.
36 Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe.
And one of the Pharisees desired him that he would eat with him. And he went into the Pharisee’s house, and sat down to meat.
37 Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ.
And, behold, a woman in the city, which was a sinner, when she knew that [Jesus] sat at meat in the Pharisee’s house, brought an alabaster box of ointment,
38 Ɔkotow Yesu nan ase sui, maa ne nusu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinwi pepaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho.
And stood at his feet behind [him] weeping, and began to wash his feet with tears, and did wipe [them] with the hairs of her head, and kissed his feet, and anointed [them] with the ointment.
39 Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.”
Now when the Pharisee which had bidden him saw [it], he spake within himself, saying, This man, if he were a prophet, would have known who and what manner of woman [this is] that toucheth him: for she is a sinner.
40 Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.”
And Jesus answering said unto him, Simon, I have somewhat to say unto thee. And he saith, Master, say on.
41 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.
There was a certain creditor which had two debtors: the one owed five hundred pence, and the other fifty.
42 Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ ɔdefo no asɛm yiye?”
And when they had nothing to pay, he frankly forgave them both. Tell me therefore, which of them will love him most?
43 Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.” Yesu kae se, “Woabua no yiye.”
Simon answered and said, I suppose that [he], to whom he forgave most. And he said unto him, Thou hast rightly judged.
44 Afei Yesu dan nʼani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro mʼanan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro mʼanan ase, asan de ne tinwi apepa.
And he turned to the woman, and said unto Simon, Seest thou this woman? I entered into thine house, thou gavest me no water for my feet: but she hath washed my feet with tears, and wiped [them] with the hairs of her head.
45 Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so.
Thou gavest me no kiss: but this woman since the time I came in hath not ceased to kiss my feet.
46 Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase.
My head with oil thou didst not anoint: but this woman hath anointed my feet with ointment.
47 Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”
Wherefore I say unto thee, Her sins, which are many, are forgiven; for she loved much: but to whom little is forgiven, [the same] loveth little.
48 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
And he said unto her, Thy sins are forgiven.
49 Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?”
And they that sat at meat with him began to say within themselves, Who is this that forgiveth sins also?
50 Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”
And he said to the woman, Thy faith hath saved thee; go in peace.

< Luka 7 >