< Luka 5 >

1 Da bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtare ho no, nnipakuw bɛkyeree ne so sɛ wɔrebetie Onyankopɔn asɛm.
And when the people were pressing on Him to hear the word of God, as He stood by the lake of Gennesareth, seeing two vessels at the edge of the lake,
2 Ohuu akorow abien a apopofo bi a wɔhohoro wɔn asau wɔ mu no agyaw wɔ ɔtare no ho.
(but the fishermen were gone out of them, and were washing their nets: )
3 Yesu kɔtenaa ɔkorow no baako a na ɛyɛ Simon de no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon se ompia nkɔ asu no mu kakra sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi afi hɔ akasa akyerɛ nnipa no.
He went into one of them, which was Simon's, and desired him to put off a little way from the shore: and He sat down and taught the multitudes from the ship.
4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon se, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na munkogu mo asau no na mubeyi nam bebree.”
And when He had done speaking, He said to Simon, Put out into the deep, and let down your nets for a draught.
5 Simon kae se, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm nti, yebegu yɛn asau no.”
And Simon answered and said unto Him, Master, we have been toiling all the night, and have caught nothing; however at thy word I will cast the net.
6 Woguu asau no na woyii nam bebree maa anka mpo asau no retetew.
And when they had done this, they inclosed a multitude of fishes; and their net was breaking.
7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfo a wɔwɔ ɔkorow baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Nam no yɛɛ akorow abien no nyinaa amaama a anka ɛreyɛ amem mpo.
And they beckoned to their partners that were in the other ship, to come and help them; and they came, and filled both the ships, so that they were even sinking: and when Simon Peter saw it,
8 Simon Petro huu nea aba no, obuu Yesu nkotodwe kae se, “Me wura, mesrɛ wo fi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛni a mensɛ sɛ wobɛn me.”
he fell at the knees of Jesus, saying, Lord, depart from me, for I am a sinful man;
9 Nam dodow a woyii no yɛɛ Petro ne ne ne dɔm no nwonwa.
for he was astonished, and all that were with him, at the draught of fishes which they had taken;
10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwonwa. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Nsuro efi nnɛ, wobɛyɛ nnipayifo.”
as were also James and John, the sons of Zebedee, who were partners with Simon. And Jesus said to Simon, Be not afraid, from henceforth thou shalt be a captor of men.
11 Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi.
And when they had brought their ships to land, they left all and followed Him.
12 Da bi a Yesu wɔ kurow bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotow nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”
And when He was in one of the cities of that country, behold a man full of leprosy: who seeing Jesus, fell prostrate to Him, and besought Him, saying, Lord, if thou wilt, thou canst cleanse me.
13 Ɛhɔ ara Yesu teɛɛ ne nsa de kaa no kae se, “Yiw, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amono mu hɔ ara, ne ho fii.
And Jesus stretched out his hand and touched him, saying, I will; be thou cleansed: and immediately the leprosy departed from him.
14 Yesu hyɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ akwatafo a wɔn ho afi no mmɔ sɛ adansedi no.”
And He charged him to tell no one: but go, said He, and shew thyself to the priest, and offer for thy cleansing according as Moses commanded, for a testimony unto them.
15 Yesu anwonwadwuma a ɔyɛe yi maa ne ho asɛm trɛw mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree betiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yare nso.
But the fame of Him spread more and more, and great multitudes came together to hear, and to be healed by Him of their infirmities.
16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ sare so kɔbɔ mpae.
But He frequently retired into solitary places, and prayed.
17 Bere bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo bi a wofi Galilea ne Yudea nkurow ahorow so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa bere no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma.
And one day, as He was teaching, there were pharisees and doctors of the law sitting by, who were come out of every town of Galilee, and Judea, and from Jerusalem; and the power of the Lord was present to heal the people:
18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafo bi.
and behold, some men bringing on a couch a man that was paralytic; and they endeavoured to bring him in, and lay him before Him:
19 Esiane sɛ na wontumi mfa nnipakuw no mu nkɔ Yesu nkyɛn nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no kotuu atifi tokuru, de obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim.
but when they could not find what way to bring him in because of the croud, they went up on the battlements of the house, and let him down from the roof with his couch, into the midst before Jesus,
20 Yesu huu gyidi a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
who seeing their faith said unto him, Man, thy sins are forgiven thee.
21 Farisifo no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hena na otumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?”
And the scribes and pharisees began to cavil, saying, Who is this that talketh blasphemies? Who can forgive sins but God?
22 Esiane sɛ Yesu huu nea wodwinnwen no nti, obuaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene sɛ asɛm a mekae yi yɛ abususɛm?”
but Jesus knowing their thoughts, answered and said unto them, What are ye disputing in your hearts?
23 Yesu bisaa wɔn se, “Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi se, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka se sɔre na nantew?
Which is easier, to say, Thy sins are forgiven thee, or to say, Rise up and walk?
24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so nti.” Mereka akyerɛ wo se, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ fie!”
but that ye may know, that the Son of man hath power even on earth to forgive sins, (He spake to the paralytic) I say unto thee, Arise, and take up thy couch, and go to thine house.
25 Amono mu hɔ ara, ɔsɔre yii ne kɛtɛ kɔɔ fie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
And immediately he rose up before them, took up the bed on which he lay, and went away to his house, glorifying God.
26 Wɔn a wogyina hɔ no ho dwiriw wɔn. Ehu kaa wɔn. Woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Nnɛ de, yɛahu anwonwade.”
And they were all amazed and glorified God, and were filled with awe, saying, we have seen wonderful things to-day.
27 Eyi akyi no, Yesu fii hɔ kohuu ɔtowgyeni Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ohuu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.”
After these things He went out and saw a publican named Levi, sitting at the custom-house, and said to him, Follow me:
28 Lewi sɔre gyaw ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi.
and he left all, rose up, and followed Him.
29 Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase.
And Levi made Him a great feast in his own house: and there was a great number of publicans, and others at table with them.
30 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wonwiinwii bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi?”
And their scribes and pharisees murmured at his disciples, saying, Why do ye eat and drink with publicans and sinners?
31 Yesu buaa wɔn se, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare.
And Jesus answered and said unto them, They that are in health have no need of a physician, but they that are sick: I am not come to call the righteous,
32 Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”
but sinners to repentance.
33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”
And they said unto Him, Why do the disciples of John frequently fast and pray, and likewise those of the pharisees; but thine eat and drink?
34 Yesu nso bisaa wɔn se, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforo ase no di mmuada, wɔ bere a ayeforokunu no wɔ wɔn nkyɛn ana?
And He said unto them, Can ye make those of the bride-chamber fast, while the bridegroom is with them?
35 Nanso da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn; saa bere no na wobedi mmuada.”
but the days will come, when the bridegroom shall be taken from them, then they will fast.
36 Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Obi mfa ntama foforo ntare ntama dedaw mu. Ɔyɛ saa a foforo no bɛma dedaw no asuane. Na ɛbɛma nsonoe ada foforo no ne dedaw no ntam.
Then He spake a parable to them, That no one putteth a piece of new cloth upon an old garment: otherwise, the new maketh a rent, and doth not match the old:
37 Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.
nor doth any one put new wine in to old vessels; otherwise, the new wine will burst the casks, and be spilled, and the vessels will be destroyed:
38 Eyi nti, nsa nkotoku foforo mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu.
but new wine must be put into new vessels, and then both are saved.
39 Obi nnom nsa dedaw nwie mmisa nsa foforo ase. Nea ɔnom no ka se, ‘dedaw no na eye.’”
And no one that has been drinking old wine, immediately desireth new; for he saith, the old is better.

< Luka 5 >