< Luka 23 >
1 Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim.
The whole company of them rose up and brought Jesus before Pilate.
2 Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
They began to accuse him, saying, “We found this man perverting our nation, forbidding to give tribute to Caesar, and saying that he himself is Christ, a king.”
3 Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”
Pilate asked him, saying, “Are you the King of the Jews?” Jesus answered him and said, “You say so.”
4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”
Pilate said to the chief priests and the multitudes, “I find no fault in this man.”
5 Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”
But they were insisting, saying, “He stirs up the people, teaching throughout all Judea, beginning from Galilee even to this place.”
6 Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?”
So when Pilate heard this, he asked whether the man was a Galilean.
7 Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
When he discovered that he was under Herod's authority, he sent Jesus to Herod, who himself also was at Jerusalem in those days.
8 Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ.
When Herod saw Jesus, he was very glad, because he had wanted to see him for a long time. He had heard about him and he hoped to see some miracle done by him.
9 Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano.
Herod questioned Jesus in many words, but Jesus answered him nothing.
10 Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so.
The chief priests and the scribes stood, violently accusing him.
11 Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato.
Herod with his soldiers insulted Jesus and they mocked him. Then they dressed him in elegant clothes and sent him back to Pilate.
12 Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
For Herod and Pilate had become friends with each other that very day, for before this they had been enemies with each other.
13 Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no,
Pilate then called together the chief priests and the rulers and the crowd of people,
14 ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ.
and said to them, “You brought to me this man like a man who is leading the people to act badly, and see, I, having questioned him before you, find no fault in this man concerning those things of which you accuse him.
15 Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ.
No, nor does Herod, for he sent him back to us, and see, nothing worthy of death has been done by him.
16 Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
I will therefore punish him, and release him.”
17 Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.”
But they cried out all together, saying, “Away with this man, and release to us Barabbas!”
19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.
Barabbas was a man who had been put into prison for a certain rebellion in the city and for murder.
20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no.
Pilate addressed them again, desiring to release Jesus.
21 Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
But they shouted, saying, “Crucify him, crucify him.”
22 Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
He said to them a third time, “Why, what evil has this man done? I have found nothing deserving the death penalty in him. Therefore after punishing him, I will release him.”
23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu.
But they were insistent with loud voices, demanding for him to be crucified. Their voices convinced Pilate.
24 Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn.
So Pilate decided to grant their demand.
25 Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.
He released the one they asked for who had been put in prison for rioting and murder. But he delivered up Jesus to their will.
26 Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi.
As they led him away, they seized one Simon of Cyrene, coming from the country, and they laid the cross on him to carry, following Jesus.
27 Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.
A great crowd of the people, and of women who grieved and mourned for him, were following him.
28 Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma.
But turning to them, Jesus said, “Daughters of Jerusalem, do not weep for me, but weep for yourselves and for your children.
29 Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’
For see, the days are coming in which they will say, 'Blessed are the barren and the wombs that did not bear, and the breasts that did not nurse.'
30 Saa bere no “‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!”’
Then they will begin to say to the mountains, 'Fall on us,' and to the hills, 'Cover us.'
31 Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”
For if they do these things while the tree is green, what will happen when it is dry?”
32 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn.
Other men, two criminals, were led away with him to be put to death.
33 Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.
When they came to the place that is called “The Skull,” there they crucified him, and the criminals—one on his right and one on his left.
34 Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.
Jesus said, “Father, forgive them, for they do not know what they are doing.” Then they cast lots, dividing up his garments.
35 Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
The people stood watching while the rulers also were mocking him, saying, “He saved others. Let him save himself, if he is the Christ of God, the chosen one.”
36 Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no
The soldiers also ridiculed him, approaching him, offering him vinegar,
37 kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”
and saying, “If you are the King of the Jews, save yourself.”
38 Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se, “YUDAFO HENE NO NI.”
There was also a sign over him, “This is the King of the Jews.”
39 Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
One of the criminals who was hanging there insulted him by saying, “Are you not the Christ? Save yourself and us.”
40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu.
But the other rebuked him, saying, “Do you not fear God, since you are under the same sentence?
41 Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
We indeed are here justly, for we are receiving what we deserve for our deeds. But this man did nothing wrong.”
42 Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”
Then he said, “Jesus, remember me when you come into your kingdom.”
43 Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”
Jesus said to him, “Truly I say to you, today you will be with me in paradise.”
44 Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa.
It was now about the sixth hour, and darkness came over the whole land until the ninth hour
45 Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien.
as the sun's light failed. Then the curtain of the temple was split in two.
46 Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
Crying with a loud voice, Jesus said, “Father, into your hands I commit my spirit.” Having said this, he died.
47 Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.”
When the centurion saw what was done, he glorified God, saying, “Surely this was a righteous man.”
48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
When all the multitudes who came together to witness this sight saw the things that were done, they returned beating their breasts.
49 Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.
But all those who knew him, and the women who followed him from Galilee, stood at a distance, watching these things.
50 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no.
Behold, there was a man named Joseph, who was a member of the Council. He was a good and righteous man.
51 Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so.
This man had not agreed with the decision of the Council and their action. He was from the Judean town of Arimathea; and he was looking for the kingdom of God.
52 Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
This man, approaching Pilate, asked for the body of Jesus.
53 Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu.
He took it down, wrapped it in fine linen, and placed it in a tomb that was cut in stone, where no one had ever been laid.
54 Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.
It was the Day of the Preparation, and the Sabbath was about to begin.
55 Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae.
The women who had come with Jesus out of Galilee followed and saw the tomb and how his body was laid.
56 Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no, nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.
They returned, and prepared spices and ointments. Then on the Sabbath they rested according to the commandment.