< Luka 22 >

1 Afei, na Yudafo Apiti Afahyɛ a wɔsan frɛ no Twam Afahyɛ no abɛn.
Men de usyrede Brøds Højtid, som kaldes Paaske, nærmede sig.
2 Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu akum no, nanso esiane nnipa a na wɔwɔ hɔ no nti, na wosuro.
Og Ypperstepræsterne og de skriftkloge søgte, hvorledes de kunde slaa ham ihjel; thi de frygtede for Folket.
3 Satan kowuraa Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako no mu.
Men Satan gik ind i Judas, som kaldes Iskariot og var en af de tolv.
4 Yuda kɔɔ asɔfo mpanyin ne Asɔredan no mu awɛmfo mpanyimfo no nkyɛn ne wɔn kosusuw ɔkwan ko a ɔbɛfa so ayi Yesu ama wɔn no ho.
Og han gik hen og talte med Ypperstepræsterne og Høvedsmændene om, hvorledes han vilde forraade ham til dem.
5 Wɔn ani gyei, penee so sɛ wɔbɛma no sika.
Og de bleve glade og lovede at give ham Penge.
6 Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ama wɔakyere Yesu bere a nnipa dodow biara nni ne ho.
Og han tilsagde det; og han søgte Lejlighed til at forraade ham til dem uden Opløb.
7 Afei, da a wokum twam guan de di brodo a mmɔkaw nni mu no duu no,
Men de usyrede Brøds Dag kom, paa hvilken man skulde slagte Paaskelammet.
8 Yesu somaa Petro ne Yohane se, “Monkɔyɛ Twam Afahyɛ aduan a yebedi no.”
Og han udsendte Peter og Johannes og sagde: „Gaar hen og bereder os Paaskelammet, at vi kunne spise det.”
9 Wobisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduan no?”
Men de sagde til ham: „Hvor vil du, at vi skulle berede det?”
10 Obuaa wɔn se, “Sɛ mudu kurow no mu a, mubehu obi a wakɔ asu reba. Munni nʼakyi nkɔ ofi a ɔbɛkɔ mu no mu,
Men han sagde til dem: „Se, naar I ere komne ind i Staden, skal der møde eder en Mand, som bærer en Vandkrukke; følger ham til Huset, hvor han gaar ind,
11 na mummisa ofiwura no se, ‘Yɛn kyerɛkyerɛfo se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafo no sɛ wommedi Twam Afahyɛ aduan no?’
og I skulle sige til Husbonden i Huset: Mesteren siger: Hvor er det Herberge, hvor jeg kan spise Paaskelammet med mine Disciple?
12 Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛse bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto pon no.”
Og han skal vise eder en stor Sal opdækket; der skulle I berede det.”
13 Wɔkɔɔ kurow no mu no, wohuu sɛnea Yesu kae no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ twam aduan no wɔ hɔ.
Og de gik hen og fandt det saaledes, som han havde sagt dem; og de beredte Paaskelammet.
14 Bere no dui no, Yesu ne nʼasuafo no kɔtenatenaa didipon no ho.
Og da Timen kom, satte han sig til Bords, og Apostlene med ham.
15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam aduan yi, ansa na mahu amane no akyɛ.
Og han sagde til dem: „Jeg har hjerteligt længtes efter at spise dette Paaskelam med eder, førend jeg lider.
16 Mereka akyerɛ mo se, saa adidi yi akyi no, merenni Twam aduan yi bio kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba.”
Thi jeg siger eder, at jeg skal ingen Sinde mere spise det, førend det bliver fuldkommet i Guds Rige.”
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafo no kae se, “Munnye na obiara nnom bi.
Og han tog en Kalk, takkede og sagde: „Tager dette, og deler det imellem eder!
18 Mereka akyerɛ mo se, merennom bobesa yi bi bio kosi sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛba.”
Thi jeg siger eder, at fra nu af skal jeg ikke drikke af Vintræets Frugt, førend Guds Rige kommer.”
19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”
Og han tog Brød, takkede og brød det og gav dem det og sagde: „Dette er mit Legeme, det, som gives for eder; gører dette til min Ihukommelse!”
20 Saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa kae se, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforo a wɔnam so begye mo nkwa.
Ligesaa tog han ogsaa Kalken efter Aftensmaaltidet og sagde: „Denne Kalk er den nye Pagt i mit Blod, det, som udgydes for eder.
21 Nanso mo a mo ne me te adidii ha yi mu baako na obeyi me ama.
Men se, hans Haand, som forraader mig, er her paa Bordet hos mig.
22 Etwa sɛ miwu, sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso nea obeyi me ama no de, onnue.”
Thi Menneskesønnen gaar bort, som det er beskikket; dog ve det Menneske, ved hvem han bliver forraadt!”
23 Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea obeyi no ama no.
Og de begyndte at spørge hverandre indbyrdes om, hvem af dem det dog kunde være, som skulde gøre dette.
24 Asuafo no gyee wɔn ho akyinnye pɛɛ sɛ wohu wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no mu.
Men der opstod ogsaa en Trætte iblandt dem om, hvem af dem der maatte synes at være den største.
25 Yesu tee no, ɔkae se, “Amanaman mu atumfo hyɛ wɔn a wodi wɔn so no so ma wɔn nso bu wɔn ho sɛ Adehye.
Men han sagde til dem: „Folkenes Konger herske over dem, og de, som bruge Myndighed over dem, kaldes deres Velgørere.
26 Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo.
I derimod ikke saaledes; men den ældste iblandt eder blive som den yngste, og Føreren som den, der tjener.
27 Merebisa mo se, nnipa baanu yi mu hena na odi ne yɔnko so, nea ɔte didipon ho anaa nea ɔsom nea ɔte didipon no ho no? Nanso me de, mewɔ mo mu sɛ mo somfo.
Thi hvem er størst: den, som sidder til Bords? eller den, som tjener? Mon ikke den, som sidder til Bords? Men jeg er iblandt eder som den, der tjener.
28 Me ne mo na afa ɔhaw ne amane mu a, moda so ne me nam.
Men I ere de, som have holdt ud med mig i mine Fristelser.
29 Mʼagya de ahenni no ama me. Saa ara nso na mede rema mo.
Og ligesom min Fader har tildelt mig Kongedømme, tildeler jeg eder
30 Na mo ne me ato nsa adidi, na moatumi abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”
at skulle spise og drikke ved mit Bord i mit Rige og sidde paa Troner og dømme Israels tolv Stammer.”
31 Afei Awurade kae se, “Simon, Simon! Monhwɛ yiye na ɔbonsam pɛ sɛ ɔsɔ mo hwɛ.
Men Herren sagde: „Simon, Simon! se, Satan begærede eder for at sigte eder som Hvede.
32 Nanso wo Simon de, masrɛ ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so agye me adi. Sɛ wunu wo ho san ba me nkyɛn a hyɛ wo nuanom no gyidi mu den.”
Men jeg bad for dig, at din Tro ikke skal svigte; og naar du engang omvender dig, da styrk dine Brødre!”
33 Petro buaa no se, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bewu.”
Men han sagde til ham: „Herre! jeg er rede til at gaa med dig baade i Fængsel og i Døden.”
34 Yesu nso buaa no se, “Petro, mereka akyerɛ wo se, nnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
Men han sagde: „Peter! jeg siger dig: Hanen skal ikke gale i Dag, førend du tre Gange har nægtet, at du kender mig.”
35 Afei Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Bere a mesomaa mo a na munkura sika nkotoku anaa akwantu kotoku na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo ana?” Asuafo no buaa no se, “Dabi, biribiara ho anhia yɛn.”
Og han sagde til dem: „Da jeg udsendte eder uden Pung og Taske og Sko, manglede I da noget?” Og de sagde: „Intet.”
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, nea ɔwɔ sika no, ɔmfa; nea ɔwɔ akwantu kotoku no nso, ɔmfa. Nea onni afoa no ntɔn ne ntama mfa nkɔtɔ bi.
Men han sagde til dem: „Men nu, den, som har en Pung, tage den med, ligesaa ogsaa en Taske; og den, som ikke har noget Sværd, sælge sin Kappe og købe et!
37 Na bere adu sɛ nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfo mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
Thi jeg siger eder: Det, som er skrevet, bør opfyldes paa mig, dette: „Og han blev regnet iblandt Overtrædere;” thi ogsaa med mig har det en Ende.”
38 Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, yɛwɔ afoa abien wɔ ha.” Yesu buae se, “Eye, ɛno ara dɔɔso.”
Men de sagde: „Herre! se, her ere to Sværd.” Men han sagde til dem: „Det er nok.”
39 Yesu ne nʼasuafo no fii kurow no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so sɛnea ɔtaa yɛ no, na nʼasuafo no ka ne ho.
Og han gik ud og gik efter sin Sædvane til Oliebjerget; men ogsaa Disciplene fulgte ham.
40 Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Men da han kom til Stedet, sagde han til dem: „Beder om ikke at falde i Fristelse.”
41 Afei ɔtwee ne ho fii asuafo no ho kɔɔ nkyɛn baabi kɔkotow, bɔɔ mpae se,
Og han rev sig løs fra dem, saa meget som et Stenkast, og faldt paa Knæ, bad og sagde:
42 “Agya, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma saa amanehunu a ɛreba me so yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ”
„Fader, vilde du dog tage denne Kalk fra mig! dog ske ikke min Villie, men din!”
43 Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.
Men en Engel fra Himmelen viste sig for ham og styrkede ham.
44 Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.
Og da han var i Dødsangest, bad han heftigere; men hans Sved blev som Blodsdraaber, der faldt ned paa Jorden.
45 Mpaebɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafo no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhow ne ɔbrɛ nti, wɔadeda.
Og da han stod op fra Bønnen og kom til Disciplene, fandt han dem sovende af Bedrøvelse.
46 Ɔkae se, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.”
Og han sagde til dem: „Hvorfor sove I? Staar op og beder, for at I ikke skulle falde i Fristelse.”
47 Yesu gu so rekasa no, nnipadɔm bi a Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako di wɔn anim baa ne so. Yuda Iskariot twiw bɛn Yesu few nʼafono.
Medens han endnu talte, se, da kom der en Skare; og han, som hed Judas, en af de tolv, gik foran dem og nærmede sig til Jesus for at kysse ham.
48 Yesu bisaa no se, “Yuda, mfewano na wode reyi Onipa Ba no ama ana?”
Men Jesus sagde til ham: „Judas! forraader du Menneskesønnen med et Kys?”
49 Bere a asuafo a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛreba no, wobisaa no se, “Awurade, yentwitwa wɔn afoa ana?”
Men da de, som vare omkring ham, saa, hvad der vilde ske, sagde de: „Herre! skulle vi slaa til med Sværd?”
50 Asuafo no mu baako twaa Ɔsɔfopanyin no somfo no aso nifa.
Og en af dem slog Ypperstepræstens Tjener og afhuggede hans højre Øre.
51 Yesu ampɛ nea osuani no yɛe no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnyɛ eyi bi bio!” Ɔfaa ɔsomfo no aso no de taree hɔ bio.
Men Jesus tog til Orde og sagde: „Lad dem gøre ogsaa dette!” Og han rørte ved hans Øre og lægte ham.
52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi?
Men Jesus sagde til Ypperstepræsterne og Høvedsmændene for Helligdommen og de Ældste, som vare komne til ham: „I ere gaaede ud som imod en Røver med Sværd og Knipler.
53 Bere a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankyere me; eyi ne mo bere; nea sum di mu tumi.”
Da jeg var daglig hos eder i Helligdommen, udrakte I ikke Hænderne imod mig; men dette er eders Time og Mørkets Magt.”
54 Afei wɔkyeree Yesu de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin fi. Bere a wɔde no rekɔ no, Petro gyee ne ho kaa akyi.
Og de grebe ham og førte ham bort og bragte ham ind i Ypperstepræstens Hus; men Peter fulgte efter i Frastand.
55 Petro duu Ɔsɔfopanyin no fi hɔ no na asraafo no asɔ ogya wɔ adiwo hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi.
Og de tændte en Ild midt i Gaarden og satte sig sammen, og Peter sad midt iblandt dem.
56 Abaawa bi huu Petro sɛ ɔreto gya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kae se, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifo no mu baako.”
Men en Pige saa ham sidde i Lysskæret og stirrede paa ham og sagde: „Ogsaa denne var med ham.”
57 Petro san se, “Awuraa, minnim saa ɔbarima yi baabiara.”
Men han fornægtede ham og sagde: „Jeg kender ham ikke, Kvinde!”
58 Ankyɛ koraa na obi foforo nso huu no kae se, “Woyɛ nʼakyidifo no mu baako.” Petro buaa no se, “Dabi, menka wɔn ho.”
Og lidt derefter saa en anden ham og sagde: „Ogsaa du er en af dem.” Men Peter sagde: „Menneske! det er jeg ikke.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwerew akyi no, obi foforo nso san huu no ka sii so dua se, “Akyinnye biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafo no ho, efisɛ ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
Og omtrent en Time derefter forsikrede en anden det og sagde: „I Sandhed, ogsaa denne var med ham; han er jo ogsaa en Galilæer.”
60 Petro san ne mprɛnsa so se, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokware.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔnee.
Men Peter sagde: „Menneske! jeg forstaar ikke, hvad du siger.” Og straks, medens han endnu talte, galede Hanen.
61 Saa bere no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no,
Og Herren vendte sig og saa paa Peter; og Peter kom Herrens Ord i Hu, hvorledes han havde sagt til ham: „Førend Hanen galer i Dag, skal du fornægte mig tre Gange.”
62 Petro de awerɛhow fii adi kosui.
Og han gik udenfor og græd bitterligt.
63 Mmarima a na wɔrewɛn Yesu no dii ne ho fɛw, kyekyeree nʼani, bobɔɔ no,
Og de Mænd, som holdt Jesus, spottede ham og sloge ham;
64 san bisaa no se, “Odiyifo, hena na ɔbɔɔ wo? Kyerɛ yɛn.”
og de kastede et Klæde over ham og spurgte ham og sagde: „Profetér! hvem var det, som slog dig?”
65 Wɔkɔɔ so yeyaw no kaa abususɛm ahorow guu ne so.
Og mange andre Ting sagde de spottende til ham.
66 Ade kyee no, Yudafo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no hyia ma wɔde Yesu baa wɔn anim
Og da det blev Dag, samlede Folkets Ældste sig og Ypperstepræsterne og de skriftkloge, og de førte ham hen for deres Raad
67 bisaa no se, “Sɛ wone Kristo no a ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa wɔn se, “Sɛ meka se mene Kristo no a, morennye nni,
og sagde: „Er du Kristus, da sig os det!” Men han sagde til dem: „Siger jeg eder det, tro I det ikke.
68 na sɛ mibisa mo nso a, moremmua me.
Og om jeg spørger, svare I mig ikke, ej heller løslade I mig.
69 Na efi saa bere yi mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte Onyame Tumfo no nifa so.”
Men fra nu af skal Menneskesønnen sidde ved Guds Krafts højre Haand.”
70 Ɔkaa saa no wɔn nyinaa bisaa no bio se, “Ɛno de, na wone Onyankopɔn Ba no ana?” Obuaa wɔn se, “Nea moreka no yɛ nokware.”
Men de sagde alle: „Er du da Guds Søn?” Og han sagde til dem: „I sige det; jeg er det.”
71 Eyi ma wɔkae se, “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Yɛate afi ɔno ankasa anom.”
Men de sagde: „Hvad have vi længere Vidnesbyrd nødig? vi have jo selv hørt det af hans Mund!”

< Luka 22 >