< Luka 19 >
1 Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no,
Then Jesus entered Jericho and was passing through.
2 ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso.
And there was a man named Zacchaeus, a chief tax collector, who was very wealthy.
3 Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no.
He was trying to see who Jesus was, but could not see over the crowd because he was small in stature.
4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
So he ran on ahead and climbed a sycamore tree to see Him, since Jesus was about to pass that way.
5 Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.”
When Jesus came to that place, He looked up and said, “Zacchaeus, hurry down, for I must stay at your house today.”
6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.
So Zacchaeus hurried down and welcomed Him joyfully.
7 Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.”
And all who saw this began to grumble, saying, “He has gone to be the guest of a sinful man!”
8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”
But Zacchaeus stood up and said to the Lord, “Look, Lord, half of my possessions I give to the poor, and if I have cheated anyone, I will repay it fourfold.”
9 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.
Jesus said to him, “Today salvation has come to this house, because this man too is a son of Abraham.
10 Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”
For the Son of Man came to seek and to save the lost.”
11 Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn.
While the people were listening to this, Jesus proceeded to tell them a parable, because He was near Jerusalem and they thought the kingdom of God would appear imminently.
12 Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene.
So He said, “A man of noble birth went to a distant country to lay claim to his kingship and then return.
13 Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara minadu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’
Beforehand, he called ten of his servants and gave them ten minas. ‘Conduct business with this until I return,’ he said.
14 “Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.
But his subjects hated him and sent a delegation after him to say, ‘We do not want this man to rule over us.’
15 “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.
When he returned from procuring his kingship, he summoned the servants to whom he had given the money, to find out what each one had earned.
16 “Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’
The first servant came forward and said, ‘Master, your mina has produced ten more minas.’
17 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
His master replied, ‘Well done, good servant! Because you have been faithful in a very small matter, you shall have authority over ten cities.’
18 “Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’
The second servant came and said, ‘Master, your mina has made five minas.’
19 “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
And to this one he said, ‘You shall have authority over five cities.’
20 “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni.
Then another servant came and said, ‘Master, here is your mina, which I have laid away in a piece of cloth.
21 Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’
For I was afraid of you, because you are a harsh man. You withdraw what you did not deposit and reap what you did not sow.’
22 “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa.
His master replied, ‘You wicked servant, I will judge you by your own words. So you knew that I am a harsh man, withdrawing what I did not deposit and reaping what I did not sow?
23 Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’
Why then did you not deposit my money in the bank, and upon my return I could have collected it with interest?’
24 “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’
Then he told those standing by, ‘Take the mina from him and give it to the one who has ten minas.’
25 “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’
‘Master,’ they said, ‘he already has ten!’
26 “Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam.
He replied, ‘I tell you that everyone who has will be given more; but the one who does not have, even what he has will be taken away from him.
27 Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’”
And these enemies of mine who were unwilling for me to rule over them, bring them here and slay them in front of me.’”
28 Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem.
After Jesus had said this, He went on ahead, going up to Jerusalem.
29 Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se,
As He approached Bethphage and Bethany at the Mount of Olives, He sent out two of His disciples,
30 “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me.
saying, “Go into the village ahead of you, and as you enter it, you will find a colt tied there, on which no one has ever sat. Untie it and bring it here.
31 Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’”
If anyone asks, ‘Why are you untying it?’ tell him, ‘The Lord needs it.’”
32 Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no.
So those who were sent went out and found it just as Jesus had told them.
33 Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?”
As they were untying the colt, its owners asked, “Why are you untying the colt?”
34 Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.”
“The Lord needs it,” they answered.
35 Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so.
Then they led the colt to Jesus, threw their cloaks over it, and put Jesus on it.
36 Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so.
As He rode along, the people spread their cloaks on the road.
37 Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se,
And as He approached the descent from the Mount of Olives, the whole multitude of disciples began to praise God joyfully in a loud voice for all the miracles they had seen:
38 “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!”
“Blessed is the King who comes in the name of the Lord!” “Peace in heaven and glory in the highest!”
39 Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!”
But some of the Pharisees in the crowd said to Him, “Teacher, rebuke Your disciples!”
40 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”
“I tell you,” He answered, “if they remain silent, the very stones will cry out.”
41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se,
As Jesus approached Jerusalem and saw the city, He wept over it
42 “Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da!
and said, “If only you had known on this day what would bring you peace! But now it is hidden from your eyes.
43 Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ,
For the days will come upon you when your enemies will barricade you and surround you and hem you in on every side.
44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”
They will level you to the ground—you and the children within your walls. They will not leave one stone on another, because you did not recognize the time of your visitation from God.”
45 Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se,
Then Jesus entered the temple courts and began to drive out those who were selling there.
46 “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’”
He declared to them, “It is written: ‘My house will be a house of prayer.’ But you have made it ‘a den of robbers.’”
47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no.
Jesus was teaching at the temple every day, but the chief priests, scribes, and leaders of the people were intent on killing Him.
48 Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.
Yet they could not find a way to do so, because all the people hung on His words.