< Luka 14 >
1 Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ.
Καὶ ἐγένετο ἐν τῷ ἐλθεῖν αὐτὸν εἰς οἶκόν τινος τῶν ἀρχόντων τῶν Φαρισαίων σαββάτῳ φαγεῖν ἄρτον, καὶ αὐτοὶ ἦσαν παρατηρούμενοι αὐτόν.
2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon.
Καὶ ἰδού, ἄνθρωπός τις ἦν ὑδρωπικὸς ἔμπροσθεν αὐτοῦ.
3 Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda ana?”
Καὶ ἀποκριθεὶς ὁ Ἰησοῦς εἶπε πρὸς τοὺς νομικοὺς καὶ Φαρισαίους, λέγων, Εἰ ἔξεστι τῷ σαββάτῳ θεραπεύειν;
4 Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.
Οἱ δὲ ἡσύχασαν. Καὶ ἐπιλαβόμενος ἰάσατο αὐτόν, καὶ ἀπέλυσε.
5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”
Καὶ ἀποκριθεὶς πρὸς αὐτοὺς εἶπε, Τίνος ὑμῶν υἱὸς ἢ βοῦς εἰς φρέαρ ἐμπεσεῖται, καὶ οὐκ εὐθέως ἀνασπάσει αὐτὸν ἐν τῇ ἡμέρᾳ τοῦ σαββάτου;
6 Nanso wɔantumi ammua no.
Καὶ οὐκ ἴσχυσαν ἀνταποκριθῆναι αὐτῷ πρὸς ταῦτα.
7 Afei Yesu huu sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara pɛ sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se,
Ἔλεγε δὲ πρὸς τοὺς κεκλημένους παραβολήν, ἐπέχων πῶς τὰς πρωτοκλισίας ἐξελέγοντο, λέγων πρὸς αὐτούς,
8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo.
Ὅταν κληθῇς ὑπό τινος εἰς γάμους, μὴ κατακλιθῇς εἰς τὴν πρωτοκλισίαν· μήποτε ἐντιμότερός σου ᾖ κεκλημένος ὑπ᾽ αὐτοῦ,
9 Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi.
καὶ ἐλθὼν ὁ σὲ καὶ αὐτὸν καλέσας ἐρεῖ σοι, Δὸς τούτῳ τόπον· καὶ τότε ἄρξῃ μετ᾽ αἰσχύνης τὸν ἔσχατον τόπον κατέχειν.
10 Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’
Ἀλλ᾽ ὅταν κληθῇς, πορευθεὶς ἀνάπεσε εἰς τὸν ἔσχατον τόπον· ἵνα, ὅταν ἔλθῃ ὁ κεκληκώς σε, εἴπῃ σοι, Φίλε, προσανάβηθι ἀνώτερον· τότε ἔσται σοι δόξα ἐνώπιον τῶν συνανακειμένων σοι.
11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
Ὅτι πᾶς ὁ ὑψῶν ἑαυτὸν ταπεινωθήσεται, καὶ ὁ ταπεινῶν ἑαυτὸν ὑψωθήσεται.
12 Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ.
Ἔλεγε δὲ καὶ τῷ κεκληκότι αὐτόν, Ὅταν ποιῇς ἄριστον ἢ δεῖπνον, μὴ φώνει τοὺς φίλους σου, μηδὲ τοὺς ἀδελφούς σου, μηδὲ τοὺς συγγενεῖς σου, μηδὲ γείτονας πλουσίους· μήποτε καὶ αὐτοί σε ἀντικαλέσωσι, καὶ γένηταί σοι ἀνταπόδομα.
13 Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo.
Ἀλλ᾽ ὅταν ποιῇς δοχήν, κάλει πτωχούς, ἀναπήρους, χωλούς, τυφλούς·
14 Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”
καὶ μακάριος ἔσῃ, ὅτι οὐκ ἔχουσιν ἀνταποδοῦναί σοι· ἀνταποδοθήσεται γάρ σοι ἐν τῇ ἀναστάσει τῶν δικαίων.
15 Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
Ἀκούσας δέ τις τῶν συνανακειμένων ταῦτα εἶπεν αὐτῷ, Μακάριος, ὃς φάγεται ἄριστον ἐν τῇ βασιλείᾳ τοῦ Θεοῦ.
16 Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree.
Ὁ δὲ εἶπεν αὐτῷ, Ἄνθρωπός τις ἐποίησε δεῖπνον μέγα, καὶ ἐκάλεσε πολλούς·
17 Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.
καὶ ἀπέστειλε τὸν δοῦλον αὐτοῦ τῇ ὥρᾳ τοῦ δείπνου εἰπεῖν τοῖς κεκλημένοις, Ἔρχεσθε, ὅτι ἤδη ἕτοιμά ἐστι πάντα.
18 “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
Καὶ ἤρξαντο ἀπὸ μιᾶς παραιτεῖσθαι πάντες. Ὁ πρῶτος εἶπεν αὐτῷ, Ἀγρὸν ἠγόρασα, καὶ ἔχω ἀνάγκην ἐξελθεῖν καὶ ἰδεῖν αὐτόν· ἐρωτῶ σε, ἔχε με παρῃτημένον.
19 “Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
Καὶ ἕτερος εἶπε, Ζεύγη βοῶν ἠγόρασα πέντε, καὶ πορεύομαι δοκιμάσαι αὐτά· ἐρωτῶ σε, ἔχε με παρῃτημένον.
20 “Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’
Καὶ ἕτερος εἶπε, Γυναῖκα ἔγημα, καὶ διὰ τοῦτο οὐ δύναμαι ἐλθεῖν.
21 “Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’
Καὶ παραγενόμενος ὁ δοῦλος ἐκεῖνος ἀπήγγειλε τῷ κυρίῳ αὐτοῦ ταῦτα. Τότε ὀργισθεὶς ὁ οἰκοδεσπότης εἶπε τῷ δούλῳ αὐτοῦ, Ἔξελθε ταχέως εἰς τὰς πλατείας καὶ ῥύμας τῆς πόλεως, καὶ τοὺς πτωχοὺς καὶ ἀναπήρους καὶ χωλοὺς καὶ τυφλοὺς εἰσάγαγε ὧδε.
22 “Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.
Καὶ εἶπεν ὁ δοῦλος, Κύριε, γέγονεν ὡς ἐπέταξας, καὶ ἔτι τόπος ἐστί.
23 “Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra.
Καὶ εἶπεν ὁ κύριος πρὸς τὸν δοῦλον, Ἔξελθε εἰς τὰς ὁδοὺς καὶ φραγμούς, καὶ ἀνάγκασον εἰσελθεῖν, ἵνα γεμισθῇ ὁ οἶκός μου.
24 Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’”
Λέγω γὰρ ὑμῖν ὅτι οὐδεὶς τῶν ἀνδρῶν ἐκείνων τῶν κεκλημένων γεύσεταί μου τοῦ δείπνου. Πολλοὶ γάρ εἰσι κλητοί, ὀλίγοι δὲ ἐκλεκτοί.
25 Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se,
Συνεπορεύοντο δὲ αὐτῷ ὄχλοι πολλοί· καὶ στραφεὶς εἶπε πρὸς αὐτούς,
26 “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani.
Εἴ τις ἔρχεται πρός με, καὶ οὐ μισεῖ τὸν πατέρα αὐτοῦ, καὶ τὴν μητέρα, καὶ τὴν γυναῖκα, καὶ τὰ τέκνα, καὶ τοὺς ἀδελφούς, καὶ τὰς ἀδελφάς, ἔτι δὲ καὶ τὴν ἑαυτοῦ ψυχήν, οὐ δύναταί μου μαθητὴς εἶναι.
27 Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
Καὶ ὅστις οὐ βαστάζει τὸν σταυρὸν αὐτοῦ καὶ ἔρχεται ὀπίσω μου, οὐ δύναται εἶναί μου μαθητής.
28 “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie?
Τίς γὰρ ἐξ ὑμῶν, ὁ θέλων πύργον οἰκοδομῆσαι, οὐχὶ πρῶτον καθίσας ψηφίζει τὴν δαπάνην, εἰ ἔχει τὰ εἰς ἀπαρτισμόν;
29 Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no,
Ἵνα μήποτε, θέντος αὐτοῦ θεμέλιον καὶ μὴ ἰσχύοντος ἐκτελέσαι, πάντες οἱ θεωροῦντες ἄρξωνται ἐμπαίζειν αὐτῷ,
30 aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’
λέγοντες, ὅτι Οὗτος ὁ ἄνθρωπος ἤρξατο οἰκοδομεῖν, καὶ οὐκ ἴσχυσεν ἐκτελέσαι.
31 “Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?
Ἢ τίς βασιλεὺς πορευόμενος συμβαλεῖν ἑτέρῳ βασιλεῖ εἰς πόλεμον οὐχὶ καθίσας πρῶτον βουλεύεται εἰ δυνατός ἐστιν ἐν δέκα χιλιάσιν ἀπαντῆσαι τῷ μετὰ εἴκοσι χιλιάδων ἐρχομένῳ ἐπ᾽ αὐτόν;
32 Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.
Εἰ δὲ μήγε, ἔτι πόρρω αὐτοῦ ὄντος, πρεσβείαν ἀποστείλας ἐρωτᾷ τὰ πρὸς εἰρήνην.
33 Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
Οὕτως οὖν πᾶς ἐξ ὑμῶν ὃς οὐκ ἀποτάσσεται πᾶσι τοῖς ἑαυτοῦ ὑπάρχουσιν, οὐ δύναταί μου εἶναι μαθητής.
34 “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?
Καλὸν τὸ ἅλας· ἐὰν δὲ τὸ ἅλας μωρανθῇ, ἐν τίνι ἀρτυθήσεται;
35 So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu. “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”
Οὔτε εἰς γῆν οὔτε εἰς κοπρίαν εὔθετόν ἐστιν· ἔξω βάλλουσιν αὐτό. Ὁ ἔχων ὦτα ἀκούειν ἀκουέτω.