< Luka 13 >

1 Saa bere no na nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn na ɔde wɔn mogya afra afɔrebɔ no.
ויבאו אנשים בעת ההיא ויגידו לו על דבר הגלילים אשר פילטוס ערב דמם עם זבחיהם׃
2 Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no?
ויען ישוע ויאמר אליהם החשבים אתם כי הגלילים האלה היו חטאים מכל אנשי הגליל על אשר באה כזאת עליהם׃
3 Dabi da, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekunkum mo saa ara.
לא כי אמר אני לכם אם לא תשובו תאבדו כלכם גם אתם׃
4 Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kunkum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no?
או שמנה העשר ההם אשר נפל עליהם המגדל בשלח וימיתם החשבים אתם כי היו אשמים מכל האנשים הישבים בירושלים׃
5 Dabi da, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.”
לא כי אמר אני לכם אם לא תשובו תאבדו כלכם גם אתם׃
6 Afei Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew so aba no bi nanso wannya bi.
וישא משלו ויאמר איש אחד היתה לו תאנה נטועה בכרמו ויבא לבקש בה פרי ולא מצא׃
7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’
ויאמר אל הכרם הנה זה שלש שנים אנכי בא לבקש פרי בתאנה הזאת ואינני מוצא גדע אותה למה זה תשחית את האדמה׃
8 “Turo no sohwɛfo no srɛɛ no se, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ
ויען ויאמר אליו אדני הניחה אתה עוד השנה הזאת עד כי אעדר ושמתי דמן סביבותיה׃
9 sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi ana, na sɛ antumi ansow a ɛno de metwa akyene.’”
אולי תעשה פרי ואם לא בשנה הבאה תגדענה׃
10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no,
ויהי הוא מלמד בשבת באחד מבתי הכנסיות׃
11 na ɔbea bi wɔ hɔ a honhommɔne mu ɔyare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa.
והנה אשה טעונת רוח חלי כשמנה עשרה שנה ותהי כפופה ולא יכלה לקום קומה זקופה׃
12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo den.”
ויהי בראות אתה ישוע ויקרא אליה ויאמר לה אשה החלצי מחליך׃
13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amono mu hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.
וישם את ידיו עליה וכרגע קמה ותתעודד ותשבח את האלהים׃
14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.”
ויכעס ראש הכנסת על אשר רפא ישוע בשבת ויען ויאמר אל העם ששת ימים הם אשר תעשה בהם מלאכה לכן באלה באו והרפאו ולא ביום השבת׃
15 Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda?
ויען האדון ויאמר אליו החנף איש איש מכם הלא יתיר בשבת את שורו או את חמרו מן האבוס ויוליכהו להשקתו׃
16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?”
וזאת אשר היא בת אברהם ואשר השטן אסרה זה שמנה עשרה שנה הלא תתר ממוסרותיה ביום השבת׃
17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.
ויהי כאמרו את הדברים האלה נכלמו כל מתקוממיו וישמח כל העם על כל הנפלאות הנעשות על ידו׃
18 Afei Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase?
ויאמר למה דומה מלכות האלהים ואל מה אמשילנה׃
19 Onyankopɔn ahenni no te sɛ onyaa aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuw mu na enyin yɛɛ dutan kɛse maa nnomaa kɔnwen wɔn mmerebuw wɔ so.”
דומה היא לגרגר של חרדל אשר לקחו איש וישימהו בגנו ויצמח ויהי לעץ גדול ועוף השמים יקנן בענפיו׃
20 Obisaa bio se, “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase?
ויאמר עוד אל מה אדמה את מלכות האלהים׃
21 Ɛte sɛ mmɔkaw bi a brodotofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”
דומה היא לשאר אשר לקחתו אשה ותטמנהו בשלש סאים קמח עד כי יחמץ כלו׃
22 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ.
ויעבר בערים ובכפרים עבור ולמד וישם את דרכו לבוא ירושלים׃
23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa ana?” Obuaa no se,
וישאלהו איש לאמר אדנינו המעט הם הנושעים׃
24 “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu, efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ sɛ wobewura mu, nanso wɔrentumi.
ויאמר אליהם התאמצו לבוא בפתח הצר כי אמר אני לכם רבים יבקשו לבוא ולא יוכלו׃
25 Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’
והיה מיום אשר יקום בעל הבית וסגר את הדלת ותחלו לעמד בחוץ ולדפק על הדלת לאמר אדנינו אדנינו פתח לנו וענה ואמר אליכם אינני יודע אתכם מאין אתם׃
26 “Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’
אז תחלו לאמר אכלנו ושתינו לפניך וברחבותינו למדת׃
27 “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’
ויאמר אני אמר לכם אינני יודע אתכם מאין אתם סורו ממני כל פעלי האון׃
28 “Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahenni no mu a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo, efisɛ wɔbɛtow mo agu sum kabii mu.
ושם תהיה היללה וחרק השנים כאשר תראו את אברהם ויצחק ויעקב ואת כל הנביאים במלכות האלהים ואתם מגרשים החוצה׃
29 Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi.
ויבאו ממזרח וממערב ומצפון ומדרום ויסבו במלכות האלהים׃
30 Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
והנה יש אחרונים אשר יהיו ראשונים וראשונים אשר יהיו אחרונים׃
31 Saa bere no ara mu na Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ Herode rehwehwɛ wo akum wo.”
ביום ההוא נגשו מן הפרושים ויאמרו אליו צא ולך מזה כי הורדוס מבקש להרגך׃
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, ‘mitu ahonhommɔne, na masa nyarewa nnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem.’
ויאמר אליהם לכו ואמרו אל השועל הזה הנני מגרש שדים ופעל רפואות היום ומחר ובשלישי אבא עד קצי׃
33 Nanso ɛsɛ sɛ menantew nnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyee, na otwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!
אבל הלוך אלך היום ומחר וממחרתו כי לא יתכן אשר יאבד נביא מחוץ לירושלים׃
34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase nanso moampene so.
ירושלים ירושלים ההרגת את הנביאים והסקלת את הנשלחים אליה כמה פעמים חפצתי לקבץ את בניך כאשר תקבץ התרנגלת את אפרוחיה תחת כנפיה ואתם לא אביתם׃
35 Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, ‘Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!’”
הנה ביתכם יעזב לכם שמם ואני אמר לכם כי ראה לא תראוני עד בוא העת אשר תאמרו ברוך הבא בשם יהוה׃

< Luka 13 >