< Luka 12 >
1 Nnipa mpempem kyeree so a wonnya baabi ntu wɔn anan nsi mpo no, Yesu dii kan kasa kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho.
Toen er intussen een menigte van vele duizenden was saamgestroomd, zodat men elkander haast onder de voet liep, begon Hij tot zijn leerlingen te zeggen: Vooreerst, wacht u voor het zuurdeeg der farizeën, dat is, voor huichelarij.
2 Biribiara a wɔyɛ no kokoa mu no bɛda adi na nea ahintaw no nso bepue.
Want niets is bedekt, dat niet ontdekt, niets verborgen, dat niet bekend zal worden.
3 Enti nea moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na nea moaka no asomsɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuru.
Alles dus wat gij spreekt in de duisternis, zal in het licht worden gehoord; en wat gij in kelders in het oor hebt gefluisterd, zal van de daken worden verkondigd.
4 “Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo se, munnsuro wɔn a wokum nipadua na ɛno akyi wontumi nyɛ hwee bio no.
Ik zeg u, mijn vrienden: Weest niet bevreesd voor hen, die wel het lichaam doden, maar daarna niets meer kunnen doen.
5 Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no. (Geenna )
Ik zal u tonen, wien gij moet vrezen: Vreest Hem, die, als Hij gedood heeft, de macht nog bezit, om in de hel te werpen. Ja, Ik zeg u: Vreest Hem! (Geenna )
6 Wɔntɔn nkasanoma anum nnye sika kakraa bi? Nanso Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da.
Worden niet vijf mussen voor twee penningen verkocht? En geen enkele daarvan wordt vergeten door God.
7 Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii.
Welnu, zelfs al de haren van uw hoofd zijn geteld. Vreest dus niet; gij zijt meer waard dan een zwerm mussen.
8 “Na mereka akyerɛ mo se, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfo no anim.
Ik zeg u: Wie Mij belijdt voor de mensen, hem zal ook de Mensenzoon voor Gods engelen belijden.
9 Na nea ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfo anim.
Maar wie Mij verloochent voor de mensen, zal voor Gods engelen worden verloochend.
10 Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso nea ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no de, wɔremfa nkyɛ no da.
Wie iets tegen den Mensenzoon zegt, het zal hem worden vergeven: maar wie lastert tegen den Heiligen Geest, het zal hem niet worden vergeven.
11 “Sɛ wɔde mo ba mpanyin anim wɔ hyiadan mu a, munnnwinnwen nsɛm a mobɛka anaasɛ nea mode beyi mo ho ano no ho,
En wanneer men u in de synagogen en voor vorsten en machthebbers brengt, weest dan niet bezorgd, hoe of wat gij zult antwoorden of zeggen;
12 efisɛ saa bere no ara mu na Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”
want de Heilige Geest zal u leren in dat uur, wat gij moet zeggen.
13 Obi fi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapade a yɛn agya de agyaw yɛn no.”
Eens zei iemand uit de menigte tot Hem: Meester, zeg aan mijn broer, dat hij met mij de erfenis deelt.
14 Yesu buaa no se, “Damfo, hena na ɔyɛɛ me mo so otemmufo ne ɔsɛnnifo?”
Maar Hij zeide hem: Man, wie heeft Mij tot rechter of verdeler over u aangesteld?
15 Ɔtoaa so se, “Monhwɛ mo ho yiye wɔ adifudepɛ ho efisɛ onipa nkwa nnyina nʼahonya dodow a ɔwɔ so.”
Toen sprak Hij tot hen: Past op, en wacht u voor allerlei hebzucht; want ook al heeft iemand overvloed, zijn leven is door zijn bezit niet verzekerd.
16 Afei obuu wɔn bɛ yi se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbae pii.
En Hij zei hun deze gelijkenis: De akker van een rijk man had overvloedige oogst gedragen.
17 Esiane sɛ na ne nnɔbae no nkɔ pata a wabɔ no so nti ɛyɛɛ no dadwen ma obisaa ne ho se, ‘Minnya baabi a mede me nnɔbae bebrebe yi begu menyɛ no dɛn?’
Toen overlegde hij bij zichzelf, en sprak: Wat zal ik doen? Want ik kan mijn vruchten niet bergen.
18 “Afei ɔkae se, ‘Minim nea mɛyɛ. Mebubu me pata yi nyinaa na mabɔ no akɛse de nea mewɔ nyinaa asie hɔ.
En hij zeide: Dit zal ik doen. Ik zal mijn schuren afbreken en grotere bouwen, en daar al mijn graan en goed verzamelen.
19 Na maka akyerɛ me kra se, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom, efisɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfe bebree!”’
Dan zal ik tot mijn ziel zeggen: Ziel, ge hebt veel goederen liggen, voor vele jaren; neem uw gemak, eet, drink, maak goede sier.
20 “Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi ara wobegye wo kra afi wo nsam, na hena na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode begyaw no?’
Maar God sprak tot hem: Dwaas, deze nacht eist men uw ziel van u op; en wat ge verworven hebt, naar wien zal het heengaan?
21 “Ɛno nti saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapade ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefo Onyankopɔn anim ne no.”
Zó gaat het hem, die schatten voor zichzelf belegt, maar die niet rijk is voor God.
22 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mubefura ho.
En Hij sprak tot zijn leerlingen: Daarom zeg Ik u: Weest niet bezorgd voor uw leven, wat gij zult eten, noch voor het lichaam, waarmee gij u zult kleden.
23 Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.
Want het leven is meer dan het voedsel, en het lichaam is meer dan de kleding.
24 Monhwɛ kwaakwaadabi, wonnua aba na wontwa. Saa ara nso na wonni pata a wɔde wɔn nnɔbae sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan di. Monsom bo nsen wɔn ana?
Ziet de raven; ze zaaien noch oogsten, hebben geen kelder of schuur; en toch, God onderhoudt ze. Hoeveel meer zijt gij waard dan de vogels.
25 Mo mu hena na ɔdwene a adwennwene no betumi ato ne nkwa nna so simmasin?
En wie van u kan door zijn tobben een el toevoegen aan zijn levensweg?
26 Na sɛ muntumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na mudwinnwen nneɛma akɛse ho?
Als gij dus het minste zelfs niet kunt, wat tobt gij dan over de rest?
27 “Monhwɛ sɛnea sukooko nyin. Wɔnyɛ adwuma, na wɔnnwen ntama mfura. Nanso Salomo ahonya ne nʼanuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnu wuram nhwiren yi.
Denkt aan de lelies, hoe ze groeien: ze werken niet en spinnen niet. En toch zeg Ik u, dat zelfs Sálomon in al zijn heerlijkheid niet gekleed was als een van deze.
28 Mo a mo gyidi hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wuram nhwiren a efifi nnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn nti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ.
Als God nu het kruid op het veld, dat vandaag nog bestaat, en morgen in de oven wordt geworpen, zó aankleedt, hoeveel te meer dan u, kleingelovigen!
29 Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho.
Vraagt ook gij dus niet, wat gij zult eten of drinken, en maakt u niet angstig.
30 Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim sɛ eyinom nyinaa ho hia mo.
Hiernaar vragen de heidenvolken wel; maar uw Vader weet, dat gij dit allemaal nodig hebt.
31 Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.
Zoekt slechts zijn rijk, en dit alles zal u worden geschonken als toegift.
32 “Kuw ketewa, munnsuro efisɛ ɛyɛ mo Agya no pɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.
Wees niet bezorgd, kleine kudde; want het heeft uw Vader behaagd, u het koninkrijk te geven.
33 Montontɔn mo ahode na monkyɛ ahiafo ade. Eyi bɛma mo agyapade a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapade wɔ ɔsoro, nea owifo ntumi nkowia na mfɔte ntumi nkɔwe.
Verkoopt uw bezittingen, en geeft er aalmoezen van. Maakt u beurzen die niet slijten, een onuitputtelijke schat in de hemel, waar geen dief kan bij komen, en waar geen mot hem wegvreet.
34 Na nea wʼagyapade wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”
Want waar uw schat is, daar is ook uw hart.
35 “Munnyina pintinn na momma mo akanea nhyerɛn,
Houdt uw lenden omgord, en brandend uw lampen.
36 na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforohyia ase na sɛ ɔba na ɔbɔ pon mu pɛ a, wobebue no ntɛm no.
Weest als mensen, die wachten op hun heer, wanneer hij van de bruiloft komt, om als hij komt en klopt, terstond hem open te doen.
37 Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani begye. Ɔbɛto wɔn pon na ɔno ankasa asom wɔn.
Gelukkig de knechten, die de heer bij zijn komst wakker zal vinden. Voorwaar, Ik zeg u: Hij zal zich omgorden, hen aan tafel doen aanzitten, en hen de rij langs bedienen.
38 Sɛ ɔba ɔdasu mu anaa ahemadakye mpo a asomfo a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani begye.
En wanneer hij hen zó aantreft, zelfs als hij in de tweede nachtwaak of in de derde komt, gelukkig zijn ze!
39 Ɛsɛ sɛ muhu sɛ, sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifo no annya ne ho kwan ammɛbɔ no korɔn.
Gij weet het: als de huisvader wist, op welk uur de dief zou komen, dan zou hij wakker blijven, en niet laten inbreken in zijn huis.
40 Enti munsiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.”
Weest ook gij bereid; want de Mensenzoon komt op een onverwacht uur.
41 Petro bisaa Yesu se, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”
Petrus zei Hem: Heer, zegt Gij deze gelijkenis voor ons, of voor allen?
42 Yesu buaa no se, “Merekasa akyerɛ ɔsomfo nokwafo nyansafo biara a ne wura de ne fi sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduan wɔ ne bere mu.
De Heer sprak: Wie is toch de trouwe en voorzichtige hofmeester, dien de heer over zijn ondergeschikten zal stellen, om hun op tijd de maat koren te geven?
43 Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
Gelukkig de dienaar, dien de heer bij zijn komst daarmee bezig vindt.
44 Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!
Voorwaar, Ik zeg u: Hij zal hem stellen over al zijn bezit.
45 Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfo yi nso ka se, ‘Me wura nnya mmae’ na ɛno nti, ɔhwe asomfo a wɔaka no, na odidi, nom nsa bow a,
Maar als die dienaar bij zichzelf gaat denken: "Mijn heer komt nog lang niet"; als hij de knechten en dienstmeisjes begint te slaan, en gaat eten en drinken, en zich aan dronkenschap overgeeft.
46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso dennen na wabu no sɛ obi a onnye Onyankopɔn nni.
dan zal de heer van dien dienaar komen op een dag, waarop hij het niet verwacht, en op een uur, dat hij niet kent. En hij zal hem streng bestraffen, en hem het lot der trouwelozen doen delen.
47 “Ɔsomfo a onim nea ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛde no wɔbɛbɔ no mmaa pii.
De dienaar toch, die de wil van zijn meester kent, maar die zich niet volgens zijn wil heeft voorbereid of gehandeld, hij zal veel slaag krijgen;
48 Na ɔsomfo a onnim nea ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ nea ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wobebisa pii afi ne nkyɛn; na nea wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, obebu bebree ho akontaa.”
zo hij hem echter niet kent, en dingen doet, die slaag verdienen, zal hij slechts weinig slaag krijgen. Wien veel is gegeven, hem zal veel worden gevraagd; en wien veel is toevertrouwd. van hem zal des te meer worden geëist.
49 “Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dedaw a, na nea merehwehwɛ ara ne no.
Ik ben gekomen, om vuur op de aarde te brengen; en hoe wens Ik, dat het reeds brandt.
50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ, gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.
En Ik moet een doop ondergaan; en hoe smacht Ik er naar, dat hij voltrokken wordt.
51 Mususuw sɛ mebae sɛ mede asomdwoe reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoe na mede bae na mmom mpaapaemu.
Denkt gij, dat Ik vrede ben komen brengen op aarde? Neen, zeg Ik u; wel verdeeldheid.
52 Efi nnɛ, mpaapaemu bɛba afi mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me.
Want van nu af zullen er vijf in één huis verdeeld zijn; drie tegen twee, en twee tegen drie.
53 Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabea ne ne na renyɛ adwene, ase ne asebea adwene renhyia.”
De vader zal verdeeld zijn tegen den zoon, en de zoon tegen den vader; moeder tegen dochter, en dochter tegen moeder; schoonmoeder tegen haar schoondochter, en schoondochter tegen haar schoonmoeder.
54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuw no nso se, “Sɛ muhu sɛ osu amuna wɔ atɔe a, ntɛm ara, moka se, ‘Osu bɛtɔ’! Na osu tɔ ampa.
Nog sprak Hij tot het volk: Wanneer gij een wolk uit het westen ziet opkomen, zegt gij terstond: Er komt regen; en zo is het.
55 Saa ara nso na sɛ muhu sɛ mframa bɔ fi anafo reba a, moka se, ‘Ahuhuru bɛba!’ Na ɛba mu ampa.
En wanneer de zuidenwind waait, zegt gij: Het zal heet worden; en het gebeurt.
56 Mo nyaatwomfo! Mutumi kyerɛ wim nsakrae ase, nanso nneɛma a nnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne nea ɛbɔ mo kɔkɔ no de, munhu.
Huichelaars, het uitzicht van aarde en hemel weet gij te beoordelen, maar hoe komt het dan, dat gij deze tijd niet weet te beoordelen?
57 “Adɛn nti na munim nea eye na monyɛ?
En waarom oordeelt gij zelf niet wat recht is?
58 Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kohu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asennii amma otemmufo amfa wo anto afiase.
Wanneer ge met uw tegenstander naar de overheid gaat, doe dan onderweg uw best, om van hem af te komen: anders sleept hij u misschien voor den rechter, en levert de rechter u aan den gerechtsdienaar over, en werpt de gerechtsdienaar u in de gevangenis.
59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”
Ik zeg u: Ge zult daar niet uit komen, vóórdat ge de laatste penning hebt afbetaald.