< Luka 1 >

1 Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
Inasmuch as many took it in hand to present a history concerning these things which have been fulfilled among us,
2 Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho.
as those being eyewitnesses and ministers of the Word have delivered unto us;
3 Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye.
it seemed good to me also, having followed carefully all things from the beginning, to write unto thee consecutively, O most noble Theophilus,
4 Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.
in order that thou mayest know the certainty of the words concerning which thou hast been instructed.
5 Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
There was in the days of Herod, the king of Judea, a certain priest, by name Zacharias, of the course of Ahijah, and his wife of the daughters of Aaron, and her name Elizabeth.
6 Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
And they were both righteous before God, walking in all the commandments and ordinances of the Lord, blameless.
7 Na wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.
And there was no child to them, as Elizabeth was barren, and both were advanced in their days.
8 Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
And it came to pass, while he was officiating in the order of his course before God,
9 wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so.
(according to the custom of the priesthood he was chosen by lot to offer incense), having gone into the temple of the Lord;
10 Saa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.
and all the multitude of the people were praying without at the hour of incense;
11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.
the angel of the Lord appeared unto him standing on the right hand of the altar of incense:
12 Sakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe.
and Zacharias was troubled seeing him, and fear fell on him.
13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
And the angel said to him; Fear not, Zacharias; because thy prayer has been heard, and thy wife Elizabeth shall bring forth a son to thee, and thou shalt call his name John.
14 Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
And there shall be joy and rejoicing, and many shall rejoice at his birth.
15 Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam.
For he shall be great before the Lord; and he shall not drink wine and strong drink; and he shall be filled with the Holy Ghost even from the womb of his mother.
16 Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.
And he will turn many of the sons of Israel to the Lord, their God.
17 Obenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
And he will go before Him in the spirit and Power of Elijah, to turn the hearts of the fathers to the children, and the disobedient unto the understanding of the righteous, to prepare a people made ready for the Lord.
18 Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
And Zacharias said to the angel: According to what shall I know this? for I am old and my wife advanced in her days.
19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
And the angel responding said to him; I am Gabriel standing in the presence of God, and am sent to speak to you and to preach to you these things.
20 Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”
And behold thou shalt be dumb and unable to speak, unto the day upon which these things may take place; because thou didst not believe my words, which shall be fulfilled in their time.
21 Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa.
And the people were waiting for Zacharias, and were wondering because he tarries in the temple.
22 Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.
And having come out he was unable to speak to them; and they recognized that he had seen a vision in the temple; and he was beckoning to them and remained dumb.
23 Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie.
And it came to pass when the days of his ministry were fulfilled, he went away to his own house.
24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum.
And after these days Elizabeth, his wife, conceived, and hid herself five months, saying,
25 Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”
That the Lord so hath done unto me, in the days in which He condescended to take away my reproach among men.
26 Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
And in the sixth month the angel Gabriel was sent from God to a city of Galilee, to which was the name
27 se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn.
Nazareth, to a virgin betrothed to a man, to whom was the name Joseph of the house of David; and the name of the virgin was Mary.
28 Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
And the angel having come to her said; Hail, thou blessed one; the Lord is with thee; blessed art thou among women.
29 Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?”
And she seeing was troubled over his word, and was reasoning what kind this salutation might be.
30 Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo.
And the angel said to her; Fear not, Mary; for thou didst find favor with God.
31 Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
And behold, thou shalt conceive and hear a son, and thou shalt call His name Jesus.
32 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no.
He shall be great and shall be called the Son of the Highest; and the Lord God shall give unto Him the throne of His father David:
33 Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.” (aiōn g165)
and He shall reign over the house of Jacob forever, and of His Kingdom there shall be no end. (aiōn g165)
34 Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?”
And Mary said to the angel; How shall this be, since I know not man?
35 Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
And the angel responding said to her; The Holy Ghost shall come upon thee, and the power of the Highest shall overshadow thee; therefore, indeed, that holy thing that is begotten shall be called the Son of God.
36 Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu.
And behold Elizabeth thy kinswoman, indeed, herself having conceived a son in her old age; and this is the sixth month, to her who is called barren.
37 Efisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”
Because no word shall be impossible with God.
38 Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.
And Mary said; Behold the handmaiden of the Lord; may it be done unto me according to thy word. And the angel went away from her.
39 Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu.
And Mary, rising, departed into the mountainous land, with haste, into a city of Judah.
40 Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no.
And she came into the house of Zacharias and saluted Elizabeth.
41 Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
And it came to pass when Elizabeth heard the salutation of Mary, the infant in her womb leaped; and Elizabeth was filled with the Holy Spirit; and she spoke with a loud voice and said;
42 Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse.
Blessed art thou among women, and blessed is the fruit of thy womb.
43 Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me?
And whence is this to me that the mother of my Lord may come unto me?
44 Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho.
For behold when the voice of your salutation came into my ears, the infant in my womb leaped with joy.
45 Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”
And blessed is she that believeth, because there shall be a perfection to those things having been spoken to her by the Lord.
46 Maria kae se, “Me kra kamfo Awurade.
And Mary said; My soul doth magnify the Lord,
47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;
and my spirit rejoices in God my Saviour,
48 efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.
because He looked upon the low state of his handmaiden.
49 Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;
For behold from now all generations call me blessed; because the Mighty One did great things unto me, and His name is holy;
50 nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.
and His mercy unto generation of generations to them that fear Him.
51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.
He wrought power by his own arm; he dispersed the proud in the thought of their heart.
52 Watu abirɛmpɔn ade so ama ahobrɛasefo so.
He cast down the mighty from thrones and exalted the humble.
53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafo kwan nsapan.
He filled the poor with good things, and sent away the rich empty.
54 Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
He delivered his son Israel, to remember mercy,
55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.” (aiōn g165)
as he spoke to our fathers, to Abraham and his seed forever. (aiōn g165)
56 Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.
And Mary remained with her about three months, and returned to her own house.
57 Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima.
And the time of her parturition was fulfilled unto Elizabeth and she brought forth a son.
58 Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.
And the neighbors and her relatives heard, that the Lord was magnifying His mercy with her, and they continued to rejoice with her.
59 Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria.
And it came to pass on the eighth day, they came to circumcise the little child; and they were calling him Zacharias, after the name of his father.
60 Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
And his mother responding said; No, but he shall be called John.
61 Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
And they said to her; That there is no one among thy kindred who is called by this name.
62 Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no.
And they were beckoning to his father, what he might wish to call him.
63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.
And having asked for a writing tablet, he wrote saying; His name is John.
64 Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ.
And all marveled. And his mouth immediately opened and his tongue loosed, and he continued to speak, praising God.
65 Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa.
And fear came upon all of those dwelling around; and all these words were spoken abroad in all the mountainous regions of Judea.
66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
And all those hearing placed them in their heart, saying; What then shall this little child be? And the hand of the Lord was with him.
67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,
And Zacharias his father was filled with the Holy Ghost, and prophesied saying;
68 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ waba abegye ne manfo.
Blessed be the Lord God of Israel, because He looked upon us and wrought redemption to His people, and raised up unto us a horn of salvation
69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,
in the house of David His son.
70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ (aiōn g165)
As he spoke through the mouth of His holy prophets from the beginning; (aiōn g165)
71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,
salvation from our enemies, and from the hand of all those who hate us,
72 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae nʼapam kronkron no,
to execute mercy with our fathers, and remember His holy covenant,
73 ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:
the oath which He swore to Abraham our father:
74 sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
to grant unto us, having been delivered out of the hand of our enemies, to serve Him without fear,
75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.
in holiness and righteousness before Him all the days of our life.
76 “Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,
And thou, little child, shall be called a prophet of the Highest; for thou shalt go before the face of the Lord to prepare His ways,
77 na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;
to give knowledge of salvation to His people in remission of their sins,
78 na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
through the bowels of mercy of our God, in which the dayspring from on high looked upon us,
79 na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so, na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”
to appear unto those sitting in darkness and in the shadow of death, to direct our feet in the way of peace.
80 Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.
And the little child continued to grow and waxed strong in spirit; and was in the deserts until the day of his showing unto Israel.

< Luka 1 >