< 3 Mose 9 >
1 Ahodwira no akyi da a ɛto so awotwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmabarima ne Israel mpanyimfo nyinaa.
And when the eighth day was come, Moses called Aaron and his sons, and the ancients of Israel, and said to Aaron:
2 Ɔka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔkyere nantwinini ba mfi anantwi no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔre, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyew afɔre. Ɔka kyerɛɛ no se ɔmmɔ saa afɔre yi nyinaa wɔ Awurade anim.
Take of the herd a calf for sin, and a ram for a holocaust, both without blemish, and offer them before the Lord.
3 Afei Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Israelfo na wonyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔre mma wɔn ho, na wɔmfa nantwi a wadi afe ne oguamma a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyew afɔre no,
And to the children of Israel thou shalt say: Take ye a he goat for sin, and a calf, and a lamb, both of a year old, and without blemish for a holocaust,
4 na wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoe afɔre na wɔmfa asikresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre mma Awurade, efisɛ nnɛ, Awurade beyi ne ho adi akyerɛ mo.”
Also a bullock and a ram for peace offerings: and immolate them before the Lord, offering for the sacrifice of every one of them flour tempered with oil; for today the Lord will appear to you.
5 Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea Mose hyɛe no. Nnipa no nyinaa begyinagyinaa Awurade anim.
They brought therefore all things that Moses had commanded before the door of the tabernacle: where when all the multitude stood,
6 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Eyi na Awurade ahyɛ mo sɛ monnyɛ na Awurade anuonyam ada ne ho adi akyerɛ mo.”
Moses said: This is the word, which the Lord hath commanded: do it, and his glory will appear to you.
7 Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔnkɔ afɔremuka no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no mfa nyɛ mpata mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛnea Awurade hyɛe no.
And he said to Aaron: Approach to the altar, and offer sacrifice for thy sin: offer the holocaust, and pray for thyself and for the people: and when thou hast slain the people’s victim, pray for them, as the Lord hath commanded.
8 Enti Aaron foro kɔɔ afɔremuka no so. Okum nantwi ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔre.
And forthwith Aaron, approaching to the altar, immolated the calf for his sin:
9 Ne mmabarima no de mogya no brɛɛ no na ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu sraa mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no na ohwiee nkae no guu afɔremuka no ase.
And his sons brought him the blood of it: and he dipped his finger therein, and touched the horns of the altar, and poured the rest at the foot thereof.
10 Afei, ɔhyew srade, asaabo, bɔnwoma, bɔnwoma nkotoku a efi bɔne afɔrebɔde no mu sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
And the fat, and the little kidneys, and the caul of the liver, which are for sin, he burnt upon the altar, as the Lord had commanded Moses:
11 Na nam no de, ɔhyew ne ne nwoma wɔ nsraban no akyi.
But the flesh and skins thereof he burnt with fire without the camp.
12 Nea edi hɔ ne sɛ, okum ɔhyew afɔre aboa no maa ne mmabarima sɔw mogya no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa,
He immolated also the victim of holocaust: and his sons brought him the blood thereof, which he poured round about on the altar.
13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasin a ne ti ka ho. Ɔhyew aboa no akwaa biara wɔ afɔremuka no so.
And the victim being cut into pieces, they brought to him the head and all the members, all which he burnt with fire upon the altar,
14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamde ne ne nan ho hyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre.
Having first washed the entrails and the feet with water.
15 Afei, ɔbɔɔ afɔre maa ɔmanfo. Okum abirekyi nanso ɔfaa ɔkwan koro a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔre maa ne ho no so bɔɔ afɔre maa ne ho.
Then offering for the sin of the people, he slew the he goat: and expiating the altar,
16 Saa ɔkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyew afɔre de maa Awurade sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no.
He offered the holocaust:
17 Afei, ɔbɔɔ atoko afɔre no, ɔfaa ne nsa mma na ɔhyew wɔ afɔremuka no so de kaa anɔpa ɔhyew afɔrebɔ no ho.
Adding in the sacrifice the libations, which are offered withal, and burning them upon the altar, besides the ceremonies of the morning holocaust.
18 Okum nantwi ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoe afɔrebɔde no. Aaron mmabarima no de mogya no brɛɛ no ma ɔde petee afɔremuka no ho nyinaa.
He immolated also the bullock and the ram, the peace offerings of the people: and his sons brought him the blood, which he poured upon the altar round about.
19 Oyii nantwi no ne odwennini no srade. Oyii wɔn dua mu srade ne wɔn ayamde srade, ne wɔn asaabo ne wɔn bɔnwoma kotoku no.
The fat also of the bullock, and the rump of the ram, and the two little kidneys, with their fat, and the caul of the liver,
20 Wɔde srade no guu mmoa no yan so na Aaron hyew wɔ afɔremuka no so.
They put upon the breasts. And after the fat was burnt upon the altar,
21 Na ohim yan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔre no yɛ ne dea, sɛnea Mose hyɛe no.
Aaron separated their breasts, and the right shoulders, elevating them before the Lord, as Moses had commanded.
22 Afei, Aaron trɛw ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, na osian fii afɔremuka no ho sii fam.
And stretching forth his hands to the people, he blessed them. And so the victims for sin, and the holocausts, and the peace offerings being finished, he came down.
23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ na wɔsan baa bio no, wohyiraa nnipa no na Awurade anuonyam baa nnipa no nyinaa so.
And Moses and Aaron went into the tabernacle of the testimony, and afterwards came forth and blessed the people. And the glory of the Lord appeared to all the multitude:
24 Na ogya fi Awurade nkyɛn bɛhyew ɔhyew afɔrebɔde no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Na nnipa no huu eyi no, wɔn nyinaa teɛteɛɛ mu butubutuw fam wɔ Awurade anim.
And behold a fire, coming forth from the Lord, devoured the holocaust, and the fat that was upon the altar: which when the multitude saw, they praised the Lord, falling on their faces.