< 3 Mose 8 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Yahweh spoke to Moses, saying,
2 “Afei fa Aaron ne ne mmabarima bra Ahyiae Ntamadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntade, ɔsra ngo, nantwi ba a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre, adwennini abien ne brodo a mmɔkaw nni mu nkɛntɛn abien
“Take Aaron and his sons with him, the garments and the anointing oil, the bull for the sin offering, the two rams, and the basket of unleavened bread.
3 na frɛ Israelfo no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”
Assemble all the assembly at the entrance to the tent of meeting.”
4 Mose yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ no no, na wohyiaa wɔ Ahyiae Ntamadan kwan no ano.
So Moses did as Yahweh commanded him, and the assembly came together at the entrance to the tent of meeting.
5 Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Ade a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.”
Then Moses said to the assembly, “This is what Yahweh has commanded to be done.”
6 Afei, Mose de Aaron ne ne mmabarima no baa anim, na ɔde nsu hohoroo wɔn ho.
Moses brought Aaron and his sons and washed them with water.
7 Ɔde Aaron atade sononko bi a ne mmeamu ka ho ne batakari a asɔfotade a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔso hyɛɛ no.
He put on Aaron the tunic and tied the sash around his waist, clothed him with the robe and put the ephod on him, and then he tied the ephod around him with the finely-woven waistband and bound it to him.
8 Afei, Mose de adɛbo fam Aaron bo de Urim ne Tumim a ase ne hann ne pɛyɛ no hyɛɛ mu.
He placed the breastpiece on him, and in the breastpiece he put the Urim and the Thummim.
9 Ɔbɔɔ Aaron abotiri kɛse bi a ɛwɔ sika abɔanim sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
He set the turban on his head, and on the turban, in front, he set the golden plate, the holy crown, as Yahweh had commanded him.
10 Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiae Ntamadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tew ne nyinaa ho.
Moses took the anointing oil, anointed the tabernacle and everything in it and set them apart to Yahweh.
11 Ɔpetee afɔremuka no so mpɛn ason. Afei, ɔpetee nkuku a ɛwɔ afɔremuka no so no ne hweaseammɔ ne ne ntaamu ho de tew ho.
He sprinkled the oil on the altar seven times, and anointed the altar and all its utensils, and the washbasin and its base, to set them apart to Yahweh.
12 Afei, ohwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tew ne ho sɛ omfiti nʼadwuma ase.
He poured some of the anointing oil on Aaron's head and anointed him to set him apart.
13 Nea edi hɔ ne sɛ, Mose de batakari hyehyɛɛ Aaron mmabarima a nkyekyeremu ne kyɛw ka ho, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
Moses brought Aaron's sons and clothed them with tunics. He tied sashes around their waists and wrapped linen cloth around their heads, as Yahweh had commanded him.
14 Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam.
Moses brought the bull for the sin offering, and Aaron and his sons laid their hands on the head of the bull that they had brought for the sin offering.
15 Mose kum no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔremuka mmɛn nan no ho ne afɔremuka no ankasa ho de tew ho, na ohwiee mogya no nkae no guu afɔremuka no ase de tew ho sɛ mpata.
He killed it, and he took the blood and put it on the horns of the altar with his finger, purified the altar, poured out the blood at the base of the altar, and set it apart for God in order to make atonement for it.
16 Ɔfaa nʼayamde ho srade ne ne mmerɛbo ho srade ne nʼasaabo abien no ne ɛho srade hyew ne nyinaa wɔ afɔremuka no so.
He took all the fat that was on the inner parts, the covering of the liver, and the two kidneys and their fat, and Moses burned it all on the altar.
17 Nanso ɔhyew nantwinini ba no ne ne nwoma ne ne nsono wɔ nsraban no akyi sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
But the bull, its hide, its meat, and its dung he burned outside the camp, as Yahweh had commanded him.
18 Afei, ɔde odwennini no maa Awurade sɛ ɔhyew afɔre. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu aboa no apampam.
Moses presented the ram for the burnt offering, and Aaron and his sons laid their hands on the head of the ram.
19 Na Mose kum no de ne mogya no bi petee afɔremuka no ho nyinaa.
He killed it and sprinkled its blood against every side of the altar.
20 Otwitwaa odwennini no nam na ɔhyew asinasin no a ne ti ne ne srade ka ho.
He cut the ram into pieces and burned the head and the pieces and the fat.
21 Na ɔde nsu hohoroo nʼayamde ne nʼanan no ho hyew no wɔ afɔremuka no so maa ne nyinaa hyew dwerɛbee. Na ɛyɛ ɔhyew afɔre, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ maa Awurade, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
He washed the inner parts and the legs with water, and he burned the whole ram on the altar. It was a burnt offering and produced a sweet aroma, an offering made by fire to Yahweh as Yahweh had commanded Moses.
22 Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ asɔfohyɛ dwennini no bae. Aaron ne ne mmabarima de wɔn nsa guu nʼapampam.
Then Moses presented the other ram, the ram of consecration, and Aaron and his sons laid their hands on the head of the ram.
23 Mose kum no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.
Aaron killed it, and Moses took some of its blood and put it on the tip of Aaron's right ear, on the thumb of his right hand, and on the big toe of his right foot.
24 Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmabarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn anan nifa kokurobeti. Ɔde mogya no nkae petee afɔremuka no ho nyinaa.
He brought Aaron's sons, and he put some of the blood on the tip of their right ear, on the thumb of their right hand, and on the big toe of their right foot. Then Moses sprinkled its blood against every side of the altar.
25 Afei, ɔfaa srade no, ne dua, ne ne mu srade, ne bɔnwoma kotoku, nʼasaabo abien no ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no.
He took the fat, the fat tail, all the fat that was on the inner parts, the covering of the liver, the two kidneys and their fat, and the right thigh.
26 Na ɔde saa brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu no baako nso ne brodo ntrantraa no baako a wɔde ngo agu so ne brodo ntrantraa baako a wɔfaa ne nyinaa fii kɛntɛn a wɔde besii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu eyinom nyinaa so.
Out of the basket of bread without yeast that was before Yahweh, he took one loaf without yeast, and one loaf of oiled bread, and one wafer, and placed them on the fat and on the right thigh.
27 Wɔde eyinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima nsa na wonhim no wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ.
He put it all in the hands of Aaron and in the hands of his sons and waved them before Yahweh as a wave offering.
28 Mose gyee ne nyinaa fii wɔn nsam hyew no wɔ afɔremuka no so wɔ ɔhyew afɔre no so sɛ asɔfohyɛ afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
Then Moses took them from off their hands and burned them on the altar for the burnt offering. They were a consecration offering and produced a sweet aroma. It was an offering made by fire to Yahweh.
29 Afei Mose nso faa ne yan no a na ɛyɛ ne kyɛfa wɔ asɔfohyɛ dwennini nam no mu no hinhim wɔ Awurade anim sɛ ohim afɔrebɔ, sɛnea Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
Moses took the breast and waved it as a wave offering to Yahweh. It was Moses' share of the ram for the priests' ordination, as Yahweh had commanded him.
30 Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔremuka no so no bi de petee Aaron ne ne mmabarima ntade mu de tew Aaron ne ne mmabarima ne wɔn ntade ho maa Awurade dwumadi.
Moses took some of the anointing oil and the blood that was on the altar; he sprinkled these on Aaron, on his clothes, on his sons, and on his sons' clothes with him. In this way he set apart Aaron and his clothes, and his sons and their clothes to Yahweh.
31 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima no se, “Monnoa nam no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na momfa nni brodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔde wɔ mu no sɛnea meka kyerɛɛ mo no.
So Moses said to Aaron and to his sons, “Boil the meat at the entrance to the tent of meeting, and there eat it and the bread that is in the basket of consecration, as I commanded, saying, 'Aaron and his sons will eat it.'
32 Nam ne brodo biara a ɛbɛka no, monhyew.
Whatever remains of the meat and of the bread you must burn.
33 Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadi no.
You must not go out from the entrance of the tent of meeting for seven days, until the days of your ordination are fulfilled. For Yahweh will consecrate you for seven days.
34 Mose kaa bio se nea ɔyɛɛ no da no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn.
What has been done this day— Yahweh has commanded to be done to make atonement for you.
35 Ɔsan hyɛɛ Aaron ne ne mmabarima no sɛ wɔntena Ahyiae Ntamadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛ mufi hɔ a, mubewuwu. Eyi ne asɛm a Awurade aka.’”
You will stay day and night for seven days at the entrance to the tent of meeting, and keep the command of Yahweh, so you will not die, because this is what I have been commanded.”
36 Enti Aaron ne ne mmabarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.
So Aaron and his sons did all the things which Yahweh had commanded them through Moses.

< 3 Mose 8 >