< 3 Mose 7 >

1 “‘Amanne a ɛfa afɔdi afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ho no ni:
Likewise this is the law of the trespass offering: it is most holy.
2 Wobekum aboa a wɔde no rebɔ afɔdi afɔre no wɔ beae a wokum aboa a wɔde no bɔ ɔhyew afɔre no na wɔde ne mogya no apete afɔremuka no ho ahyia.
In the place where they kill the burnt offering shall they kill the trespass offering: and the blood of it shall he sprinkle around upon the altar.
3 Ɔsɔfo no de aboa no mu srade nyinaa, ne dua,
And he shall offer of it all its fat; the rump, and the fat that covereth the inwards,
4 nʼasaabo abien ne ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku no nyinaa begu nkyɛn de abɔ saa afɔre no.
And the two kidneys, and the fat that is on them, which is by the flanks, and the fat that is above the liver, with the kidneys, that shall he take away:
5 Ɔsɔfo no bɛhyew no afɔremuka no so sɛ aduan afɔrebɔ a wɔde rema Awurade. Ɛyɛ afɔdi afɔre.
And the priest shall burn them upon the altar for an offering made by fire to the LORD: it is a trespass offering.
6 Ɔbarima a ɔfra asɔfo abusua mu no mu tumi we nam no bi. Ɛsɛ sɛ wɔwe wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde a ɛho tew yiye.
Every male among the priests shall eat of it: it shall be eaten in the holy place: it is most holy.
7 “‘Amanne koro no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔre ne afɔdi afɔre no. Ɛyɛ ɔsɔfo a ɔyɛɛ mpata maa wɔn no de.
As the sin offering is, so is the trespass offering: there is one law for them: the priest that maketh atonement with it shall have it.
8 Ɔsɔfo a odii ɔhyew afɔrebɔ no ho dwuma no betumi afa aboa no ho nwoma no.
And the priest that offereth any man’s burnt offering, even the priest shall have to himself the skin of the burnt offering which he hath offered.
9 Sɛ asɔfo a wɔbɔ atoko ho afɔre ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atoko no nkae bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔde no, wɔto o, wɔkyew o, wɔnoa o, amanne koro no ara ase na ɛhyɛ.
And all the meat offering that is baked in the oven, and all that is dressed in the fryingpan, and in the pan, shall be the priest’s that offereth it.
10 Atoko afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmabarima nyinaa dea.
And every meat offering, mingled with oil, and dry, shall all the sons of Aaron have, one as much as another.
11 “‘Amanne a ɛfa asomdwoe afɔre sononko a wɔbɔ ma Awurade no ho no ni:
And this is the law of the sacrifice of peace offerings, which he shall offer to the LORD.
12 “‘Sɛ ɛyɛ asomdwoe afɔre a, wɔmfa brodo a mmɔkaw nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa brodo ntrantraa bi a wɔde ngo agu so ne asikresiam mfrafrae a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔde no ho.
If he shall offer it for a thanksgiving, then he shall offer with the sacrifice of thanksgiving unleavened cakes mingled with oil, and unleavened wafers anointed with oil, and cakes mingled with oil, of fine flour, fried.
13 Wɔmfa brodo a emu piw a wɔde mmɔkaw afra nka saa aseda asomdwoe afɔre yi ho.
Besides the cakes, he shall offer for his offering leavened bread with the sacrifice of thanksgiving of his peace offerings.
14 Wɔde saa afɔrebɔde yi bi begyina afɔremuka no anim na wɔahim wɔ afɔremuka no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdan afɔrebɔde no ama ɔsɔfo a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔre no mogya a ɔboa dwumadi no.
And of it he shall offer one out of the whole oblation for an heave offering to the LORD, and it shall be the priest’s that sprinkleth the blood of the peace offerings.
15 Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔre de ma no sɛ asomdwoe afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedade a, ɛsɛ sɛ wɔwe ne nam da no ara. Ɛnsɛ sɛ bi ka ma ade kye so.
And the flesh of the sacrifice of his peace offerings for thanksgiving shall be eaten the same day that it is offered; he shall not leave any of it until the morning.
16 “‘Na sɛ obi de afɔrebɔde bi ba a ɛnyɛ asomdwoe afɔre na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa efi ne koma mu na ɔde rebrɛ Awurade de a, nea ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ ade kye so a, wotumi we.
But if the sacrifice of his offering shall be a vow, or a voluntary offering, it shall be eaten the same day that he offereth his sacrifice: and on the next day also the remainder of it shall be eaten:
17 Afɔrebɔ nam biara a ebedi nnansa no de, wɔnhyew.
But the remainder of the flesh of the sacrifice on the third day shall be burnt with fire.
18 Sɛ obi we nea adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔde no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔde, na onipa a ɔde bae sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔre no rennya so mfaso biara. Ɔsɔfo a ɔbɛwe no nso bedi ho fɔ, efisɛ ɛyɛ akyiwade ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa nam no, ɛsɛ sɛ oyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.
And if any of the flesh of the sacrifice of his peace offerings shall be eaten at all on the third day, it shall not be accepted, neither shall it be imputed to him that offereth it: it shall be an abomination, and the soul that eateth of it shall bear his iniquity.
19 “‘Nam biara a ɛka biribi a wɔntew ho no, wɔnnwe; wɔnhyew. Nam biara a aka de, obiara a ne ho tew wɔ ho kwan sɛ ɔwe.
And the flesh that toucheth any unclean thing shall not be eaten; it shall be burnt with fire: and as for the flesh, all that shall be clean shall eat of it.
20 Ɔsɔfo biara a ne ho ntew na obedi asomdwoe afɔre no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.
But the soul that eateth of the flesh of the sacrifice of peace offerings, that pertain to the LORD, having his uncleanness upon him, even that soul shall be cut off from his people.
21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho ntew no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na oguu ho fi na obedii asomdwoe afɔrebɔde no bi no, wobetwa no asu, efisɛ wagu ade kronkron ho fi.’”
Moreover the soul that shall touch any unclean thing, as the uncleanness of man, or any unclean beast, or any abominable unclean thing, and eat of the flesh of the sacrifice of peace offerings, which pertain to the LORD, even that soul shall be cut off from his people.
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke to Moses, saying,
23 “Ka kyerɛ Israelfo no se wonnni srade, sɛ efi anantwi, nguan anaa mmirekyi mu.
Speak to the children of Israel, saying, Ye shall eat no manner of fat, of ox, or of sheep, or of goat.
24 Sɛ ɔyare bi bɔ aboa bi na owu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforo bi kum no a, wonnni ne srade na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforo.
And the fat of the beast that dieth of itself, and the fat of that which is torn with beasts, may be used for any other purpose: but ye shall by no means eat of it.
25 Obiara a obedi srade a efi afɔrebɔde a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.
For whoever eateth the fat of the beast, of which men offer an offering made by fire to the LORD, even the soul that eateth it shall be cut off from his people.
26 Munnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.
Moreover ye shall eat no manner of blood, whether of fowl or of beast, in any of your dwellings.
27 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.”
Whatever soul it may be that eateth any manner of blood, even that soul shall be cut off from his people.
28 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke to Moses, saying,
29 “Ka kyerɛ Israelfo se obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoe afɔre no, ɔno ara nkita mmra.
Speak to the children of Israel, saying, He that offereth the sacrifice of his peace offerings to the LORD shall bring his oblation to the LORD of the sacrifice of his peace offerings.
30 Ɔmfa afɔrebɔde a ɛyɛ srade ne ne yan a wobehim wɔ afɔremuka no anim de ama Awurade no mmra.
His own hands shall bring the offerings of the LORD made by fire, the fat with the breast, that shall he bring, that the breast may be waved for a wave offering before the LORD.
31 Afei, ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so na ne yan no de, Aaron ne ne mmabarima bɛfa.
And the priest shall burn the fat upon the altar: but the breast shall be Aaron’s and his sons’.
32 Ɛsɛ sɛ mode mo asomdwoe afɔrebɔde no srɛ nifa no ma ɔsɔfo no sɛ mo fam de.
And the right shoulder shall ye give to the priest for an heave offering of the sacrifices of your peace offerings.
33 Na Aaron mmabarima no mu nea ɔde mogya ne srade a efi afɔrebɔde no mu no bɛba afɔremuka no so no na ɔbɛfa srɛ nifa no.
He among the sons of Aaron, that offereth the blood of the peace offerings, and the fat, shall have the right shoulder for his part.
34 Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛde a efi Israelfo nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmabarima. Bere biara, wɔmfa saa afɔrebɔde no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmabarima.”
For the wave breast and the heave shoulder have I taken of the children of Israel from off the sacrifices of their peace offerings, and have given them to Aaron the priest and to his sons by a statute for ever from among the children of Israel.
35 Wɔn akatua ne no: Ɔhyew afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfo a ɛyɛ Aaron ne ne mmabarima no.
This is the portion of the anointing of Aaron, and of the anointing of his sons, out of the offerings of the LORD made by fire, in the day when he presented them to minister to the LORD in the priest’s office;
36 Efisɛ da a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfo mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa wɔ awo ntoatoaso ɛbɛba nyinaa mu.
Which the LORD commanded to be given to them by the children of Israel, in the day that he anointed them, by a statute for ever throughout their generations.
37 Eyinom ne amanne a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ, atoko afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, afɔdi afɔrebɔ, ahotew afɔrebɔ ne asomdwoe afɔrebɔ ho.
This is the law of the burnt offering, of the meat offering, and of the sin offering, and of the trespass offering, and of the consecrations, and of the sacrifice of the peace offerings;
38 Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔre ahorow no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai sare so hɔ.
Which the LORD commanded Moses in mount Sinai, in the day that he commanded the children of Israel to offer their oblations to the LORD, in the wilderness of Sinai.

< 3 Mose 7 >