< 3 Mose 6 >

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
locutus est Dominus ad Mosen dicens
2 “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔbɛdaadaa ne yɔnko wɔ biribi a wɔde ahyɛ ne nsa anaa ade a wɔawia na wɔde abegyaw no no ho, anaasɛ osisi ne yɔnko,
anima quae peccaverit et contempto Domino negaverit depositum proximo suo quod fidei eius creditum fuerat vel vi aliquid extorserit aut calumniam fecerit
3 anaa otu ahu na ɔka ntam san wɔ ho se dekode no nni ne nkyɛn a,
sive rem perditam invenerit et infitians insuper peierarit et quodlibet aliud ex pluribus fecerit in quibus peccare solent homines
4 sɛ obi yɛ bɔne na odi ho fɔ a, ɔbɛsan de ne akorɔnne no anaa ne tintimgye ade anaa nea wɔde maa no siei anaa agyapade a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa ade a ayera no aba,
convicta delicti reddet
5 biribiara a waka ho ntamhunu no nso, ɔbɛsan de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ɛyɛ ne de no wɔ da a ɔrebɔ afɔdi ho afɔre no.
omnia quae per fraudem voluit obtinere integra et quintam insuper partem domino cui damnum intulerat
6 Nʼafɔdi ho afɔrebɔde no sɛ ɔde odwennini a onni dɛm na ɔsom bo kɔma ɔsɔfo.
pro peccato autem suo offeret arietem inmaculatum de grege et dabit eum sacerdoti iuxta aestimationem mensuramque delicti
7 Na ɔsɔfo no de no bɛyɛ mpata ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”
qui rogabit pro eo coram Domino et dimittetur illi pro singulis quae faciendo peccaverit
8 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
locutus est Dominus ad Mosen dicens
9 “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyew afɔre ho yi ma Aaron ne ne mmabarima. ‘Wobegyaw ɔhyew afɔrebɔde no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa, na ɛsɛ sɛ afɔremuka gya no kɔ so dɛw.
praecipe Aaron et filiis eius haec est lex holocausti cremabitur in altari tota nocte usque mane ignis ex eodem altari erit
10 Ade kye a, ɔsɔfo no bɛhyɛ nʼasɔfotade hyerɛnhyerɛn wɔ ase na wahyɛ atadetam koro no ara bi nguguso na wakɔpra ɔhyew afɔre nsõ no de agu afɔremuka no nkyɛn.
vestietur sacerdos tunica et feminalibus lineis tolletque cineres quos vorans ignis exusit et ponens iuxta altare
11 Afei, ɔbɛsesa ne ntade no na wasoa nsõ no afi beae hɔ de akogu beae foforo a wɔatew hɔ no.
spoliabitur prioribus vestimentis indutusque aliis efferet eos extra castra et in loco mundissimo usque ad favillam consumi faciet
12 Saa bere yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔremuka no so no dɛw. Ɛnsɛ sɛ edum. Anɔpa biara ɔsɔfo no de ogya foforo bɛhyɛ mu na ɔde da biara ɔhyew afɔre agu so, na wahyew srade a wɔde bɔ da biara asomdwoe afɔre no.
ignis autem in altari semper ardebit quem nutriet sacerdos subiciens ligna mane per singulos dies et inposito holocausto desuper adolebit adipes pacificorum
13 Ɛsɛ sɛ bere biara ogya no kɔ so dɛw wɔ afɔremuka no so; ɛnsɛ sɛ edum.
ignis est iste perpetuus qui numquam deficiet in altari
14 “‘Atoko afɔre ho mmara nso ni: Aaron mmabarima begyina afɔremuka no anim na wɔde atoko afɔrebɔ no ama Awurade.
haec est lex sacrificii et libamentorum quae offerent filii Aaron coram Domino et coram altari
15 Ɔsɔfo no bɛsaw asikresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsa ma na ɔde ngo ne aduhuam afra ahyew no wɔ afɔremuka no so sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani.
tollet sacerdos pugillum similae quae conspersa est oleo et totum tus quod super similam positum est adolebitque illud in altari in monumentum odoris suavissimi Domino
16 Ɔsaw ne nsa ma wie a, nea ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmabarima de a wobedi. Wobedi wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ a wɔremfa mmɔkaw mfra.
reliquam autem partem similae comedet Aaron cum filiis suis absque fermento et comedet in loco sancto atrii tabernaculi
17 Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔkaw mmfra mu. Mede saa ɔhyew afɔre a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfo no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdi ho afɔrebɔ, nti ɛyɛ kronkron.
ideo autem non fermentabitur quia pars eius in Domini offertur incensum sanctum sanctorum erit sicut pro peccato atque delicto
18 Aaron asefo mmarima ne asɔfo na wonni mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so. Nanso asɔfo no nko ara na wonni afɔrebɔde a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no. Biribiara a ɛbɛka wɔn no bɛyɛ kronkron.’”
mares tantum stirpis Aaron comedent illud legitimum ac sempiternum est in generationibus vestris de sacrificiis Domini omnis qui tetigerit illa sanctificabitur
19 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
et locutus est Dominus ad Mosen dicens
20 “Da a wɔbɛsra Aaron ne ne mmabarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam lita abien ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummere.
haec est oblatio Aaron et filiorum eius quam offerre debent Domino in die unctionis suae decimam partem oephi offerent similae in sacrificio sempiterno medium eius mane et medium vespere
21 Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dade apampaa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yiye na wɔde ba sɛ ehua a ɛsɔ Awurade nʼani.
quae in sartagine oleo conspersa frigetur offeret autem eam calidam in odorem suavissimum Domino
22 Ɔsɔfo a ofi Aaron mmabarima mu a wɔrehyɛ no sɔfo ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛnea wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhyew ne nyinaa no.
sacerdos qui patri iure successerit et tota cremabitur in altari
23 Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔsɔfo biara atoko afɔre a ɔbɛbɔ no nyinaa; ɛnsɛ sɛ wodi.”
omne enim sacrificium sacerdotum igne consumetur nec quisquam comedet ex eo
24 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
locutus est Dominus ad Mosen dicens
25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara ni: ‘Saa afɔrebɔde yi ho yɛ kronkron yiye enti ɛsɛ sɛ wokum no Awurade anim wɔ beae a wokum ɔhyew afɔrebɔde no.
loquere Aaron et filiis eius ista est lex hostiae pro peccato in loco ubi offertur holocaustum immolabitur coram Domino sanctum sanctorum est
26 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔde no wɔ Ahyiae Ntamadan no adiwo hɔ.
sacerdos qui offert comedet eam in loco sancto in atrio tabernaculi
27 Wɔn a wɔatew wɔn ho a wɔyɛ asɔfo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntade mu a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ntade no wɔ beae a wɔatew ho hɔ.
quicquid tetigerit carnes eius sanctificabitur si de sanguine illius vestis fuerit aspersa lavabitur in loco sancto
28 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuku a wɔnoaa nam no wɔ mu no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wotwiw mu, na wɔde nsu hohoro mu nyinaa yiye.
vas autem fictile in quo cocta est confringetur quod si vas aeneum fuerit defricabitur et lavabitur aqua
29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu no bedi afɔrebɔde no bi—wɔn nko ara—efisɛ ɛyɛ kronkron yiye.
omnis masculus de genere sacerdotali vescetur carnibus eius quia sanctum sanctorum est
30 Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔde no mogya no bi kɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de kɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfo biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hyew aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.
hostia enim quae caeditur pro peccato cuius sanguis infertur in tabernaculum testimonii ad expiandum in sanctuario non comedetur sed conburetur igni

< 3 Mose 6 >