< 3 Mose 5 >

1 “‘Obiara a ɔnka bɔne bi a onim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.
If anyone sins because he does not testify when he has witnessed something about which he is required to testify, whether he has seen it or heard about it, he will be responsible.
2 “‘Obiara a ɔde ne nsa ka ade bi a amanne kwan so no ɛho ntew, te sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, sɛ ɔyɛ wuram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea wɔ fam no, mpo sɛ onnim sɛ ne ho agu fi na akyiri no ogye nʼafɔdi to mu,
Or if anyone touches anything God has designated as unclean, whether it be the carcass of an unclean wild animal or the carcass of any livestock that has died, or creeping animal, even if the person did not intend to touch it, he is unclean and guilty.
3 anaa sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a efi onipa mu a ɛho ntew na ɔte ne ho ase sɛ odi ho fɔ,
Or if he touches the uncleanness of someone, whatever that uncleanness is, and if he is unaware of it, then he will be guilty when he learns about it.
4 anaa sɛ obi annwene ho na ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ biribi a eye anaa ennye na akyiri no ohu nʼafɔdi;
Or if anyone swears rashly with his lips to do evil, or to do good, whatever it is that a man swears rashly with an oath, even if he is unaware of it, when he learns about it, then he will be guilty, in any of these things.
5 sɛ obi ani ba ne ho so wɔ eyinom biara mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka ne bɔne a wayɛ.
When someone is guilty in any of these things, he must confess whatever sin he has committed.
6 Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere anaa abirekyibere bɔ afɔre ma Awurade wɔ ne bɔne ho asotwe ho. Ɔsɔfo na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔre ama no. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.
Then he must bring his guilt offering to Yahweh for the sin that he has committed, a female animal from the flock, either a lamb or a goat, for a sin offering, and the priest will make atonement for him concerning his sin.
7 “‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔde na ɔbaako ayɛ ne hyew afɔrebɔde.
If he cannot afford to buy a lamb, then he can bring as his guilt offering for his sin two doves or two young pigeons to Yahweh, one for a sin offering and the other for a burnt offering.
8 Ɔde bɛma ɔsɔfo no na ɔde anomaa a odi kan no abɔ bɔne afɔre no. Obekyim aboa no kɔn nanso ɔrentew ne ti mfi so,
He must bring them to the priest, who will offer one for the sin offering first—he will wring off its head from its neck but will not remove it completely from the body.
9 na wapete ne mogya no bi agu afɔremuka no ho. Mogya no nkae no, obehwie agu afɔremuka no ase. Eyi ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne.
Then he will sprinkle some of the blood of the sin offering on the side of the altar, and he will drain the rest of the blood out at the base of the altar. This is a sin offering.
10 Na ɔsɔfo no de anomaa a ɔto so abien no bɛbɔ ɔhyew afɔre sɛnea ɔbɔɔ afɔre a edi kan no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama nea wayɛ bɔne no, na ɛnam so ama wɔde ne bɔne akyɛ no.
Then he must offer the second bird as a burnt offering, as described in the instructions, and the priest will make atonement for him for the sin that he has committed, and the person will be forgiven.
11 “‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburoo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnomamma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔre a, ɔde asikresiam muhumuhu lita abien ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔde. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhuam nso gu so, efisɛ ɛyɛ bɔne afɔre.
But if he cannot afford to buy two doves or two young pigeons, then he must bring as his sacrifice for his sin a tenth of an ephah of fine flour for a sin offering. He must not put oil or any incense on it, for it is a sin offering.
12 Ɔde bɛma ɔsɔfo no. Na ɔsɔfo no asaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so ama Awurade sɛ afɔrebɔde biara. Eyi bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.
He must bring it to the priest, and the priest will take a handful of it as a representative offering and then burn it on the altar, on top of the offerings made by fire for Yahweh. This is a sin offering.
13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfo no te sɛ nnɔbae afɔrebɔde no ara pɛ.’”
The priest will make atonement for any sin that the person has committed, and that person will be forgiven. The leftovers from the offering will belong to the priest, as with the grain offering.'”
14 Awurade hyɛɛ mmara maa Mose se,
Then Yahweh spoke to Moses, saying,
15 “Sɛ obi anhyɛ da na ogu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpata wɔ nʼafɔdi no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔre.
“If anyone sins and acts unfaithfully in regard to the things that belong to Yahweh, but did so unintentionally, then he must bring his guilt offering to Yahweh. This offering must be a ram without blemish from the flock; its value must be appraised in silver shekels—the shekel of the sanctuary—as a guilt offering.
16 Ade kronkron a nipa no guu ho fi no nso, ɔde foforo besi anan na watua dekode no bo ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfo na ɔde Odwennini no abɔ bɔne afɔre no na wɔde ne bɔne akyɛ no.
He must satisfy Yahweh for what he had done wrong in connection with what is holy, and he must add one-fifth to it and give it to the priest. Then the priest will make atonement for him with the ram of the guilt offering, and that person will be forgiven.
17 “Sɛ obi anhyɛ da na obu Awurade mmara no bi so a, odi fɔ nti ɛsɛ sɛ otua afɔbude a Mose bɛhyɛ no.
If anyone sins and does anything that Yahweh has commanded not to be done, even if he was unaware of it, he is still guilty and must carry his own guilt.
18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a onni dɛm brɛ ɔsɔfo sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔde. Na ɔsɔfo no de ayɛ mpata ama no wɔ bɔne biara a ɔyɛe a wanhyɛ da no ho, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
He must bring a ram without blemish out of the flock, worth the current value, as a guilt offering to the priest. Then the priest will make atonement for him concerning the sin he has committed, of which he was unaware, and he will be forgiven.
19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔre no sɛ afɔdi afɔre, efisɛ odi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”
It is a guilt offering, and he is certainly guilty before Yahweh.”

< 3 Mose 5 >