< 3 Mose 4 >

1 Afei Awurade hyɛɛ mmara foforo maa Mose sɛ:
Afei Awurade hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ:
2 “Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so.
3 “‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade.
“‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade.
4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.
Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.
5 Ɔsɔfo no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.
Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.
7 Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
8 Afei ɔbɛtetew srade a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa,
Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa,
9 ne asaabo abien no ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku,
ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo,
10 na wahyew no wɔ ɔhyew afɔremuka no so te sɛ nantwinini anaa nantwibere a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no pɛ.
na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ.
11 Nanso nantwi ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nwoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamde, ne ne nsono no de,
Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ,
12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no.
wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no.
13 “‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ.
“‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ.
14 Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.
Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.
16 Na ɔsɔfo no de ne mogya aba Ahyiae Ntamadan no mu,
Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu,
17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade ne ntama a etwa ɔdan no mu no anim.
na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim.
18 Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ Awurade anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
19 Ɛsɛ sɛ woyi na wɔhyew srade a ɛwɔ aboa no mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so.
Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so.
20 Ɔbɛfa ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔre no so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma ɔsɔfo no abɛyɛ mpata ama ɔman no, na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no.
Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no.
21 Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde.
Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ.
22 “‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako
“‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom Awurade Onyankopɔn mmara no baako
23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔde.
na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ.
24 Ɔde ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ beae a wokum ɔhyew afɔre mmoa no de ama Awurade no. Eyi yɛ ne bɔne ho afɔrebɔde.
Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama Awurade no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ.
25 Afei, ɔsɔfo no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔde mogya no mu na ɔde asra afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkae agu afɔremuka no ase.
Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase.
26 Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.
Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.
27 “‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ.
“‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ.
28 Nanso onya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no.
Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no.
29 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wɔakum no.
Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no.
30 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfo no behwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase.
Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase.
31 Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
32 “‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho.
“‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho.
33 Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔde.
Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ.
34 Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase.
Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase.
35 Wɔbɛyɛ srade no sɛnea wɔyɛ asomdwoe oguamma srade no. Ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so te sɛ afɔre ahorow a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

< 3 Mose 4 >