< 3 Mose 3 >

1 “‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a, otumi de nantwinini anaa nantwibere bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea ne ho nni dɛm biara.
人もし酬恩祭の犠牲を献るに當りて牛をとりて之を献るならば牝牡にかかはらずその全き者をヱホバの前に供ふべし
2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano. Na Aaron mmabarima asɔfo no apete aboa no mogya agu afɔremuka no ho.
すなはちその禮物の首に手を按き集會の幕屋の門にこれを宰るべし而してアロンの子等なる祭司等その血を壇の周圍に灌ぐべし
3 Ɛsɛ sɛ mufi asomdwoe afɔre mu de nʼayamde ne srade a ɛwɔ ho nyinaa bɛbɔ aduan afɔre ma Awurade,
彼はまたその酬恩祭の犠牲の中よりして火祭をヱホバに献べし即ち臓腑を裹むところの脂と臓腑の上の一切の脂
4 a nʼasaabo abien no ne ne sisi ne nea ne mmerɛbo sa so a mubeyi aka asaabo no ho no.
および二箇の腎とその上の脂の腰の兩傍にある者ならびに肝の上の網膜の腎の上に達る者を取べし
5 Na ɛsɛ sɛ Aaron mma hyew wɔ afɔremuka no so, wɔ ɔhyew afɔre a ɛda dua a ɛrehyew no so; ɛyɛ aduan afɔre, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
而してアロンの子等壇の上において火の上なる薪の上の燔祭の上にこれを焚べし是すなはち火祭にしてヱホバに馨しき香たるなり
6 “‘Sɛ abirekyi anaa oguan na mode bɛbɔ asomdwoe afɔre ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ dɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbere.
もしまたヱホバに酬恩祭の犠牲を献るにあたりて羊をその禮物となすならば牝牡にかかはらず其全き者を供ふべし
7 Sɛ mode oguan ba sɛ mo akyɛde a,
若また羔羊をその禮物となすならば之をヱホバの前に牽來り
8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na munkum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Afei, Aaron mmabarima no bɛpete mogya no agu afɔremuka no ho nyinaa.
その禮物の首に手を按きこれを集會の幕屋の前に宰るべし而してアロンの子等その血を壇の四圍にそそぐべし
9 Saa asomdwoe afɔrebɔde yi fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyew afɔrebɔde a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho srade, srade a ɛwɔ nʼayamde ho no nyinaa,
彼その酬恩祭の犠牲の中よりして火祭をヱホバに献べし即ちその脂をとりその尾を脊骨より全く斷きりまた臓腑を裹ところの脂と臓腑の上の一切の脂
10 ne asaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn ne sisia ne ne merɛbo a wobeyi a nʼasaabo ka ho no.
および兩箇の腎とその上の脂の腰の兩傍にある者ならびに肝の上の網膜の腎の上に達る者をとるべし
11 Ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so sɛ aduan a ɛyɛ ɔhyew afɔre ama Awurade.
祭司はこれを壇の上に焚べし是は火祭にしてヱホバにたてまつる食物なり
12 “‘Sɛ wode abirekyi brɛ Awurade sɛ wʼafɔrebɔde a,
もし山羊を禮物となすならばこれをヱホバの前に牽來り
13 fa wo nsa gu aboa no apampam na kum no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Aaron mmabarima de aboa no mogya bɛpete afɔremuka no ho nyinaa.
其の首に手を按きこれを集會の幕屋の前に宰るべし而してアロンの子等その血を壇の四圍に灌ぐべし
14 Ɛsɛ sɛ wɔhyew saa afɔrebɔde yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔde fa no yɛ aboa no yam srade,
彼またその中よりして禮物をとりヱホバに火祭をささぐべしすなはち臓腑を裹むところの脂と臓腑の上のすべての脂
15 nʼasaabo abien ne ɛho srade a ɛbɛn nʼasen mu ne ne mmerɛbo a wobeyi aka ne asaabo no ho no.
および兩箇の腎とその上の脂と腰の兩傍にある者ならびに肝の上の網膜の腎の上に達る者をとるべし
16 Ɔsɔfo no bɛhyew wɔ afɔremuka no so sɛ ɔhyew afɔre. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyew afɔre no. Kae sɛ srade no nyinaa yɛ Awurade dea.
祭司はこれを壇の上に焚べし是は火祭として奉つる食物にして馨しき香たるなり脂はみなヱホバに歸すべし
17 “‘Eyi ne mmara a munni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Munnni srade anaa mogya.’”
汝等は脂と血を食ふべからず是は汝らがその一切の住處において代々永く守るべき例なり

< 3 Mose 3 >