< 3 Mose 27 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
locutusque est Dominus ad Mosen dicens
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ otua sika mmom a,
loquere filiis Israhel et dices ad eos homo qui votum fecerit et spoponderit Deo animam suam sub aestimatione dabit pretium
3 obetua dwetɛ gram ahannum ne aduoson ama ɔbarima a wadi mfe aduonu kosi mfe aduosia,
si fuerit masculus a vicesimo usque ad sexagesimum annum dabit quinquaginta siclos argenti ad mensuram sanctuarii
4 sɛ ɔyɛ ɔbea a wadi mfe aduonu kosi aduosia a, wobetua dwetɛ gram ahaasa ne aduanan,
si mulier triginta
5 abarimaa a wadi mfe anum kosi aduonu no nso wobetua dwetɛ gram ahannu ne aduasa. Sɛ ɔyɛ ɔbea a, wobetua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
a quinto autem anno usque ad vicesimum masculus dabit viginti siclos femina decem
6 Abarimaa a wadi ɔsram kosi mfe anum no wobetua dwetɛ gram 60; na ɔbabea nso wɔatua dwetɛ gram 35.
ab uno mense usque ad annum quintum pro masculo dabuntur quinque sicli pro femina tres
7 Ɔbarima a wadi boro mfe aduosia no wobetua dwetɛ gram ɔha aduoson; na ɔbea nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
sexagenarius et ultra masculus dabit quindecim siclos femina decem
8 Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfo anim, na ɔsɔfo no akyerɛ no sika a obetumi atua.
si pauper fuerit et aestimationem reddere non valebit stabit coram sacerdote et quantum ille aestimaverit et viderit eum posse reddere tantum dabit
9 “‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔde a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron.
animal autem quod immolari potest Domino si quis voverit sanctum erit
10 Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde nea eye sesa nea enye anaa sɛ ɔde nea enye sesa nea eye. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesae yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa abien no nyinaa ho tew.
et mutari non poterit id est nec melius malo nec peius bono quod si mutaverit et ipsum quod mutatum est et illud pro quo mutatum est consecratum erit Domino
11 Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho ntew na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔde ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfo,
animal inmundum quod immolari Domino non potest si quis voverit adducetur ante sacerdotem
12 na wahwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ onni mu, na wakyerɛ sika dodow a ɛsɛ sɛ otua de si aboa no anan.
qui diiudicans utrum bonum an malum sit statuet pretium
13 Sɛ aboa no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔre nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsan gye nʼade a, obetua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka bo a ɔsɔfo no betwa ama no sɛ ontua no ho.
quod si dare voluerit is qui offert addet supra aestimationis quintam partem
14 “‘Sɛ obi de ne fi ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan gye a, ɔsɔfo no bɛsese ahu sɛ eye anaasɛ enye. Bo biara a ɔsɔfo no bɛkyerɛ no na ɛsɛ sɛ wotua.
homo si voverit domum suam et sanctificaverit Domino considerabit eam sacerdos utrum bona an mala sit et iuxta pretium quod ab eo fuerit constitutum venundabitur
15 Sɛ nea ɔde ofi no mae no pɛ sɛ ɔsan gye a ɛsɛ sɛ otua ne bo no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho na ama ofi no asan abɛyɛ ne de.
sin autem ille qui voverat voluerit redimere eam dabit quintam partem aestimationis supra et habebit domum
16 “‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔre ma Awurade a, wobegyina aba kɛntɛnma dodow a ebehia sɛ wobedua wɔ so no so atwa asase no bo; aba kɛntɛnma biara bo yɛ dwetɛ gram ahannum ne aduoson.
quod si agrum possessionis suae voverit et consecraverit Domino iuxta mensuram sementis aestimabitur pretium si triginta modiis hordei seritur terra quinquaginta siclis veniet argenti
17 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuw kyɛ a, ne bo no rensesa.
si statim ab anno incipientis iobelei voverit agrum quanto valere potest tanto aestimabitur
18 Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfo no begyina mfe a aka ansa na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a edi so no so asese ne bo no, na wobetumi atew so.
sin autem post aliquantum temporis supputabit sacerdos pecuniam iuxta annorum qui reliqui sunt numerum usque ad iobeleum et detrahetur ex pretio
19 Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ogye nʼasase a, ɔsɔfo no bo a ɔbɛbɔ no, obetua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio.
quod si voluerit redimere agrum ille qui voverat addet quintam partem aestimatae pecuniae et possidebit eum
20 Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ogye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforo a, ɛno de, wɔrentumi nnye bio.
sin autem noluerit redimere sed alteri cuilibet fuerit venundatus ultra eum qui voverat redimere non poterit
21 Sɛ wɔdan asase no ma wɔ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde bɛto hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfo no agyapade.
quia cum iobelei venerit dies sanctificatus erit Domino et possessio consecrata ad ius pertinet sacerdotum
22 “‘Sɛ obi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a,
si ager emptus et non de possessione maiorum sanctificatus fuerit Domino
23 ɔsɔfo no begyina mfe a aka ama wɔadi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne bo. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ka no da no ara, na ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Awurade.
supputabit sacerdos iuxta annorum numerum usque ad iobeleum pretium et dabit ille qui voverat eum Domino
24 Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, asase no bɛsan akɔ nea ɔtɔnee no anaasɛ nea na ɔyɛ asase no wura no nkyɛn.
in iobeleo autem revertetur ad priorem dominum qui vendiderat eum et habuerat in sortem possessionis suae
25 Wɔbɛsese ho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbona a wogye wɔ hyiadan mu no ho, a ɛyɛ gram dubaako.
omnis aestimatio siclo sanctuarii ponderabitur siclus viginti obolos habet
26 “‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, efisɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwi anaa oguan no, yɛ Awurade de dedaw.
primogenita quae ad Dominum pertinent nemo sanctificare poterit et vovere sive bos sive ovis fuerit Domini sunt
27 Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho ntew no bi a, onipa no betumi atua ne bo no, na ɔde ɛbo no ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio de a, wɔbɛtɔn aboa no sɛnea ne bo te.
quod si inmundum est animal redimet qui obtulit iuxta aestimationem tuam et addet quintam partem pretii si redimere noluerit vendetur alteri quantocumque a te fuerit aestimatum
28 “‘Ade biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsan gye, efisɛ biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.
omne quod Domino consecratur sive homo fuerit sive animal sive ager non veniet nec redimi poterit quicquid semel fuerit consecratum sanctum sanctorum erit Domino
29 “‘Onipa biara a Awurade ayi no ama ɔsɛe no, wɔmmfa biribi ntua ne ti ka. Ɛsɛ sɛ wokum no.
et omnis consecratio quae offertur ab homine non redimetur sed morte morietur
30 “‘Asase no so nnɔbae nkyɛmu du mu baako, sɛ ɛyɛ aburow anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.
omnes decimae terrae sive de frugibus sive de pomis arborum Domini sunt et illi sanctificantur
31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsan tɔ saa aduaba anaa aburow no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne bo nkyɛmu anum mu baako ka ho.
si quis autem voluerit redimere decimas suas addet quintam partem earum
32 Anantwi ne nguan no ntotoso du du nyinaa, aboa biara a ɔto so du a ɔfa oguanhwɛfo nsam no yɛ kronkron ma Awurade.
omnium decimarum boves et oves et caprae quae sub pastoris virga transeunt quicquid decimum venerit sanctificabitur Domino
33 Aboa a ɔto so du a wɔde bɛma Awurade no, wɔnnhwɛ sɛ oye anaa onye, na wɔmmfa biribiara nsi nʼanan mu, efisɛ sɛ wɔde biribiara si anan mu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’”
non eligetur nec bonum nec malum nec altero commutabitur si quis mutaverit et quod mutatum est et pro quo mutatum est sanctificabitur Domino et non redimetur
34 Eyinom ne ahyɛde a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no.
haec sunt praecepta quae mandavit Dominus Mosi ad filios Israhel in monte Sinai

< 3 Mose 27 >