< 3 Mose 24 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And Jehovah spoke to Moses, saying,
2 “Ka kyerɛ Israelfo na wɔmmrɛ wo ngo kronkron na fa sɔ kanea sɛnea ɛrennum da.
Command the children of Israel that they bring unto thee pure beaten olive oil for the light, to light the lamp continually.
3 Wɔ kaneadua a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a esi ntwamtam a etwa kronkron mu kronkron no akyi no. Efi anwummere kosi anɔpa biara, Aaron bɛhwɛ akanea a ɛwɔ Awurade anim no so. Eyi bɛyɛ ayɛde a ɛbɛtena hɔ daa wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
Outside the veil of the testimony, in the tent of meeting, shall Aaron dress it from evening to morning before Jehovah continually: [it is] an everlasting statute throughout your generations.
4 Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ akanea a esisi sikakɔkɔɔ kaneadua so wɔ Awurade anim no so bere biara.
Upon the pure candlestick shall he arrange the lamps before Jehovah continually.
5 “Momfa asikresiam muhumuhu nto brodo amuamu dumien a mua biara mode esiam lita anan ne fa na ɛbɛto.
And thou shalt take fine wheaten flour, and bake twelve cakes thereof; each cake shall be of two tenths.
6 Monhyehyɛ no ntaataaso abien, a asia wɔ ntaataaso baako biara mu wɔ sikakɔkɔɔ kann pon no so wɔ Awurade anim.
And thou shalt set them in two rows, six in a row, upon the pure table before Jehovah.
7 Mode aduhuam pa begu kyerɛpɛn biara ho de asi brodo no anan mu ayɛ afɔrebɔde a wɔhyew wɔ ogya so ma Awurade.
And thou shalt put pure frankincense upon each row; and it shall be a bread of remembrance, an offering by fire to Jehovah.
8 Ɛsɛ sɛ wɔde saa brodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a enni awiei ama Israelfo.
Every sabbath day he shall arrange it before Jehovah continually, on the part of the children of Israel: [it is] an everlasting covenant.
9 Brodo yi yɛ Aaron ne ne mmabarima de, na ɛsɛ sɛ wodi wɔ kronkronbea hɔ, efisɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔde a wɔhyew ma Awurade no mu.”
And it shall be Aaron's and his sons'; and they shall eat it in a holy place; for it is most holy unto him of Jehovah's offerings by fire: [it is] an everlasting statute.
10 Da bi, aberante bi a ne na yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfo no baako nyaa ntɔkwaw wɔ wɔn atenae.
And the son of an Israelitish woman — but withal the son of an Egyptian, — went out among the children of Israel; and this son of the Israelitess and a man of Israel strove together in the camp;
11 Ntɔkwaw no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wommu no atɛn. Na ne na din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ofi Dan abusua mu no babea.
and the Israelitish woman's son blasphemed the Name, and cursed; and they brought him to Moses. And his mother's name was Shelomith, the daughter of Dibri, of the tribe of Dan.
12 Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.
And they confined him, that they might decide at the mouth of Jehovah.
13 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And Jehovah spoke to Moses, saying,
14 “Fa obusuyɛni no fi atenae ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsiw no abo nkum no.
Lead the reviler outside the camp; and all that heard [him] shall lay their hands upon his head, and the whole assembly shall stone him.
15 Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Obiara a ɔbɛdome Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ onya ho asotwe:
And thou shalt speak unto the children of Israel, saying, Every one when he revileth his God shall bear his sin.
16 obiara a ogu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no. Ɛsɛ sɛ dɔm no nyinaa siw no abo. Ɔhɔho anaa Israelni biara a obegu Awurade din ho fi no, ɛsɛ sɛ wokum no.
And he that blasphemeth the name of Jehovah shall certainly be put to death; all the assembly shall certainly stone him; as well the stranger as he that is home-born, when he blasphemeth the Name, shall be put to death.
17 “‘Obiara a okum ne yɔnko nipa no, ɛsɛ sɛ wokum no.
And if any one smiteth any man mortally, he shall certainly be put to death.
18 Obiara a okum aboa bi a ɛnyɛ ne dea no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu.
And he that smiteth a beast mortally shall make it good, life for life.
19 Sɛ obi pira ne yɔnko a, ɔyɔnko no nso bepira no bi saa ara.
And if a man cause a blemish in his neighbour, as he hath done, so shall it be done to him;
20 Dompe mu bu nsi dompe mu bu anan mu; ani nsi ani anan mu; ɛse nsi ɛse anan mu. Sɛnea obi pira ɔfoforo, no saa ara na wompira ɔno nso.
breach for breach, eye for eye, tooth for tooth: as he hath caused a blemish in a man, so shall it be done to him.
21 Obiara a obekum aboa bi no, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ anan mu; nanso sɛ obi kum onipa a, ɛsɛ sɛ wokum no bi.
He that smiteth a beast [mortally] shall make it good; and he that smiteth a man [mortally] shall be put to death.
22 Mmara koro no ara wɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuroni. Mene Awurade, mo Nyankopɔn.’”
Ye shall have one law: as the stranger, so the home-born; for I am Jehovah your God.
23 Enti Mose kasa kyerɛɛ Israelfo no, na woyii obusuyɛni no fii atenae hɔ kosiw no abo. Israelfo no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
And Moses spoke to the children of Israel; and they led the reviler outside the camp and stoned him with stones. And the children of Israel did as Jehovah had commanded Moses.