< 3 Mose 21 >
1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron mma asɔfo no se, ‘wonnso funu mu mfa ngu wɔn ho fi.
RAB Musa'ya şöyle dedi: “Harun soyundan gelen kâhinlere de ki, ‘Kâhinlerden hiçbiri yakın akrabası olan annesi, babası, oğlu, kızı ve kardeşi dışında, halkından birinin ölüsüyle kendini kirletmesin.
2 Sɛ wobeso funu mu a, na ɛyɛ wɔn fini, sɛ ebia, ɛna, agya, ɔbabarima, ɔbabea, onuabarima
3 anaa onuabea a ɔyɛ ɔbabun a onni kunu na ɔte ase no na ɔdan ɔsɔfo no.
Yanında kalan evlenmemiş kızkardeşi için kendini kirletebilir.
4 Ɛnsɛ sɛ ɔware ne busuani bi na ɔfa so gu ne ho fi.
Halkı arasında bir büyük olarak kendini kirletmemeli, adına leke getirmemeli.
5 “‘Asɔfo no nni ho kwan sɛ wɔbɔ tikwaw, yi wɔn abogyesɛ anaasɛ wɔsesa wɔn ho.
“‘Kâhinler yas tutarken başlarını tıraş etmeyecek, sakallarının uçlarını kesmeyecek, bedenlerini yaralamayacaklar.
6 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronkron ma wɔn Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ wogu ne din ho fi. Sɛ ɛba saa a, wɔremfata sɛ wɔde ogya bɛbɔ aduan afɔre ama Awurade wɔn Nyankopɔn.
Tanrıları için kutsal olacaklar, Tanrıları'nın adını lekelemeyecekler. Çünkü onlar Tanrıları RAB'be yakılan sunu ve yiyecek sunusu sunuyorlar. Kutsal olmaları gerekir.
7 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo ware oguamanfo anaa ɔbea bi a ofi ɔman foforo so. Onni ho kwan sɛ ɔware ɔbea bi a wagyae aware, efisɛ ɔsɔfo yɛ onipa kronkron ma Onyankopɔn.
Kâhinler fahişelerle, kirletilmiş kadınlarla, boşanmış kadınlarla evlenmeyecek. Çünkü kâhin Tanrı için kutsal olmalıdır.
8 Wɔayi ɔsɔfo no asi hɔ sɛ ɔmmɔ mo Nyankopɔn afɔre; ɔyɛ kronkron na me Awurade a metew mo ho ma moyɛ kronkron no nso meyɛ kronkron.
Onu kutsal sayın. Çünkü yiyecek sunusunu Tanrınız'a o sunuyor. Sizin için kutsaldır. Çünkü ben kutsalım, sizi kutsal kılan RAB benim.
9 “‘Ɔsɔfo babea biara a ɔbɛbɔ aguaman no gu nʼagya ne ɔno ankasa ho fi, enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.
Bir kâhinin kızı fahişelik yaparak kendini kirletirse, hem kendini hem de babasını rezil etmiş olur. Yakılmalıdır.
10 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfopanyin a wɔde ngo sononko bi asra no ahyɛ no atade sononko no gyaa ne tinwi a onni no ni anaasɛ ebetwa ne ntama mu.
“‘Öbür kâhinler arasından başına mesh yağı dökülen ve özel giysiler giymek üzere atanan başkâhin, saçlarını dağıtmayacak, giysilerini yırtmayacak.
11 Onni ho kwan sɛ ɔkɔ beae a funu da hɔ; nʼagya anaa ne na funu koraa, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ho na ɔde agu ne ho fi
Hiçbir ölüye yaklaşmayacak. Ölen annesi, babası bile olsa kendini kirletmeyecek.
12 anaa nso sɛ ogu so reyɛ nʼasɔfodwuma wɔ kronkronbea hɔ a, ɛnsɛ sɛ ofi adi. Ɛnsɛ sɛ ɔfa me kronkronbea no sɛ ofi bi kɛkɛ, efisɛ ne Nyankopɔn ngo a wɔde tew ne ho no da so wɔ ne so. Mene Awurade.
Tapınak hizmetinden ayrılmayacak, Tanrısı'nın Tapınağı'nı kirletmeyecek. Çünkü Tanrı'nın buyurduğu mesh yağıyla Tanrısı'na adanmıştır. RAB benim.
13 “‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbabun.
Başkâhinin evleneceği kadın bakire olmalıdır.
14 Ɛnsɛ se ɔware okunafo anaa ɔbea bi a wagyae aware anaa oguamanfo. Ɛsɛ sɛ ɔbea a ɔbɛware no no yɛ ɔbabun a ofi ne man mu,
Dul, boşanmış, kirletilmiş ya da fahişe bir kadınla evlenmeyecek. Yalnız kendi halkından bakire bir kızla evlenebilir.
15 sɛnea ɛbɛyɛ a ongu ne mma ho fi wɔ ne nkurɔfo mu. Mene Awurade a metew ne ho no.’”
Böylece halkının arasında çocuklarına leke sürmemiş olur. Onu kutsal kılan RAB benim.’”
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
RAB Musa'ya şöyle dedi:
17 “Ka kyerɛ Aaron se, efi awo ntoatoaso a ɛbɛba no so rekɔ no, wʼaseni biara a wadi dɛm no nni ho kwan sɛ ɔbɔ Onyankopɔn afɔre.
“Harun'a de ki, ‘Soyundan gelecek kuşaklar boyunca kusurlu olan hiç kimse yiyecek sunusu sunmak üzere Tanrısı'na yaklaşmasın.
18 Obi a wadi dɛm mmɛn me: onifuraefo anaa apakye anaa nea ɔwɔ honam akwaa mu sintɔ;
Kusurlu olan, sunağa yaklaşamaz: Kör, topal, yüzü arızalı, organlarından biri aşırı büyümüş,
19 obi a ɔyɛ abasin anaa nansin,
kolu veya ayağı kırık,
20 anaa nea ɔyɛ afu anaa akwatia anaa nea nʼani nye anaa nea kuru atutu no anaa nea ɔyɛ twow.
kambur, cüce, gözü özürlü, uyuz, yarası kabuk bağlamış ya da hadım.
21 Ɔsɔfo Aaron aseni biara a wadi dɛm mma mmɛbɔ ɔhyew afɔre mma Awurade. Wadi dɛm, ɛno nti ɛnsɛ sɛ otwiw bɛn sɛ ɔde ne Nyankopɔn aduan rebrɛ no.
Kâhin Harun'un soyundan bu kusurlara sahip hiç kimse RAB için yakılan sunuyu sunmak üzere sunağa yaklaşmayacak. Çünkü kusurludur. Tanrısı'na yiyecek sunusu sunmak üzere sunağa yaklaşamaz.
22 Nanso sɛ wɔbɔ afɔre no wie a, ɔsɔfo no tumi ma no Onyankopɔn afɔre no aduan no bi di a ɛmfa ho sɛ ɛyɛ afɔre kronkron.
Böyle bir adam Tanrısı'na sunulan kutsal ve en kutsal yiyecekleri yiyebilir.
23 Nanso ne dɛm no nti, onni ho kwan sɛ ɔkɔ ntwamtam no akyi anaa ɔbɛn afɔremuka no. Eyi begu me kronkronbea hɔ ho fi na ɛyɛ Awurade na watew hɔ ho.”
Ancak perdeye ve sunağa yaklaşmayacaktır. Çünkü kusurludur. Tapınağımı kirletmesin. Onları kutsal kılan RAB benim.’”
24 Enti Mose hyɛɛ mmara yi maa Aaron ne ne mmabarima ne Israelfo nyinaa.
Musa Harun'la oğullarına ve bütün İsrail halkına bunları anlattı.