< 3 Mose 2 >

1 “‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra
anima cum obtulerit oblationem sacrificii Domino simila erit eius oblatio fundetque super eam oleum et ponet tus
2 nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
ac deferet ad filios Aaron sacerdotes quorum unus tollet pugillum plenum similae et olei ac totum tus et ponet memoriale super altare in odorem suavissimum Domino
3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.
quod autem reliquum fuerit de sacrificio erit Aaron et filiorum eius sanctum sanctorum de oblationibus Domini
4 “‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye.
cum autem obtuleris sacrificium coctum in clibano de simila panes scilicet absque fermento conspersos oleo et lagana azyma oleo lita
5 Sɛ afɔrebɔde no yɛ aduan a wɔato wɔ dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no.
si oblatio tua fuerit de sartagine similae conspersae oleo et absque fermento
6 Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atoko afɔre ara pɛ.
divides eam minutatim et fundes supra oleum
7 Sɛ monoa mo afɔre no wɔ kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no.
sin autem de craticula sacrificium aeque simila oleo conspergetur
8 Sɛ moyɛ aduan bi, sɛ motoe, sɛ mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de kɔ afɔremuka no anim de kɔma Awurade.
quam offeres Domino tradens manibus sacerdotis
9 Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ sɛ asɔfo no hyew, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa.
qui cum obtulerit eam tollet memoriale de sacrificio et adolebit super altare in odorem suavitatis Domino
10 Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.
quicquid autem reliquum est erit Aaron et filiorum eius sanctum sanctorum de oblationibus Domini
11 “‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu.
omnis oblatio quae offertur Domino absque fermento fiet nec quicquam fermenti ac mellis adolebitur in sacrificio Domini
12 Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛsɔ Awurade ani.
primitias tantum eorum offeretis et munera super altare vero non ponentur in odorem suavitatis
13 Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho.
quicquid obtuleris sacrificii sale condies nec auferes sal foederis Dei tui de sacrificio tuo in omni oblatione offeres sal
14 “‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade.
sin autem obtuleris munus primarum frugum tuarum Domino de spicis adhuc virentibus torres eas igni et confringes in morem farris et sic offeres primitias tuas Domino
15 Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre.
fundens supra oleum et tus inponens quia oblatio Domini est
16 Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.
de qua adolebit sacerdos in memoriam muneris partem farris fracti et olei ac totum tus

< 3 Mose 2 >