< 3 Mose 19 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
The Lord told Moses,
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Monyɛ kronkron, efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no, meyɛ kronkron.
“Tell all the Israelites: You must be holy because I am holy; I am the Lord your God.
3 “‘Ɛsɛ sɛ mode nidi ma mo nanom ne mo agyanom na mudi me homeda mmara no so, efisɛ meyɛ Awurade mo Nyankopɔn.
Show respect for your mother and father, and keep my Sabbaths. I am the Lord your God.
4 “‘Monnsom ohoni, anaa monnyɛ nnade anyame bi mma mo ho. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
Don't turn to idols for help or make for metal images of gods. I am the Lord your God.
5 “‘Sɛ mobɔ asomdwoe afɔre ma Awurade a momfa ɔkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.
When you sacrifice a peace offering to the Lord, make sure you do it correctly so God will accept you.
6 Da a mobɛbɔ saa afɔre no, munni no da no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ mudi no adekyee. Monhyew nea ebedi nnansa no.
It needs to be eaten the day you sacrifice it, or the next day. Whatever is left over on the third day must be burned.
7 Na nea mubedi no nnansa so no yɛ akyiwade ma me, enti mɛpo.
If you do eat some of it on the third day, the sacrifice becomes repulsive and won't be accepted.
8 Sɛ mudi no nnansa so a, mudi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wobetwa mo asu afi Awurade nkurɔfo mu.
Anyone who eats it eats it will bear responsibility for their guilt, for they have made unclean what is holy to the Lord. They must be expelled from their people.
9 “‘Sɛ mutwa mo nnɔbae a, munntwa nnɔbae a ɛwɔ mo mfuw nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ebegu fam no nso, monntase.
When you harvest the crops grown on your land, don't harvest right up to the edges of your field, or collect what has been missed.
10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ motew ne nyinaa. Na nea ɛbɛtew agu ase no nso, monntase. Munnyaw mma ahiafo ne akwantufo a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Nyankopɔn.
Don't take every last grape from your vineyard or pick up the ones that have fallen. Leave them for the poor people and foreigners. I am the Lord your God.
11 “‘Mommmɔ korɔn. “‘Munntwa atoro. “‘Na munnsisi obiara.
Don't steal. Don't lie. Don't deceive each other.
12 “‘Monnka ntamhunu mfa ngu mo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
Don't swear oaths in my name that are not true, otherwise you defame the character of your God. I am the Lord.
13 “‘Nwia wo yɔnko na munnsisi obi. “‘Na mo apaafo nso, muntua wɔn ka ntɛm. Na sɛ ɛka bi bɛtɔ mo ne wɔn ntam a, mommma ade nkye so.
Don't cheat others or rob them. Don't refuse to pay wages due to workers until the morning.
14 “‘Monnnome ɔsotifo na munntwintwan onifuraefo akwan mu. Munsuro mo Nyankopɔn; Mene Awurade.
Don't speak badly about deaf people. Don't put objects in the way of blind people to trip them up. Instead show respect to your God. I am the Lord.
15 “‘Ɛsɛ sɛ bere biara atemmufo bu atɛntrenee a wɔnhwɛ sɛ nea worebu no atɛn no yɛ ohiani anaa ɔdefo. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmu yɛ pɛpɛɛpɛ.
Don't be a corrupt judge. Don't show favoritism to the poor or to the rich. Judge others fairly.
16 “‘Munnni nseku. “‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.
Don't go around spreading false rumors about people. Don't keep quiet when the lives of others are at risk. I am the Lord.
17 “‘Ntan wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefo mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wudi ho fɔ saa ara.
Don't hold onto hateful feelings towards others. Talk honestly with your neighbors, so that you don't sin because of them.
18 “‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔw; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
Don't look for revenge or hold a grudge against anybody, but love your neighbor as yourself. I am the Lord.
19 “‘Munni me mmara so. “‘Mma wo nantwi mforo aboa foforo bi. “‘Nnua afifide a egu ahorow abien wɔ wʼafuw mu. “‘Nhyɛ atade a wɔde atam ahorow abien na anwen.
Do what I tell you! Don't make different kinds of livestock breed together. Don't sow your fields with two different kinds of seed. Don't wear clothes made of two different kinds of material.
20 “‘Sɛ obi ne afenaa bi a obi asi no asiwa da a, ɛsɛ sɛ wodi wɔn asɛm wɔ asennii nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ afenaa no nne ho.
If a man has sex with a servant girl promised to become another man's wife, but who hasn't yet been bought or set free, then compensation has to be paid. However, they are not to be killed, because she hadn't been set free.
21 Ɔbarima no na ɔde nʼafɔdi afɔrebɔde bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ odwennini.
But the man must bring a ram as his guilt offering to the Lord at the entrance of the Tent of Meeting.
22 Ɔsɔfo no de odwennini no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛe no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
The priest will set things right for him before the Lord using the ram of the guilt offering for the sin he has committed, and his sin will be forgiven.
23 “‘Sɛ mokɔ asase bi so kodua nnuaba ahorow pii a, nnɔbaetwa abiɛsa a edi kan no, munnni, efisɛ wobu no sɛ ɛho agu fi.
When you enter the land and plant any kind of fruit tree, treat the fruit at first as unclean. For three years you are forbidden to eat it.
24 Na ne mfe anan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.
The fourth year all the fruit must be dedicated to the Lord as a praise offering.
25 Na ne mfe anum so no, aba no yɛ mo dea. Eyi bɛma mo nnɔbae so ato. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
However, the fifth year you may eat the fruit and in this way you will have an even greater harvest. I am the Lord your God.
26 “‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya no nam. “‘Mommfa mo ho nkɔ asumansɛm anaa abayisɛm mu.
Don't eat meat with blood in it. Don't use fortune-telling or witchcraft.
27 “‘Ɛnsɛ sɛ mutwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so.
Don't cut your hair on the sides of your head or trim the sides of your beard,
28 “‘Munntwitwa mo honam mma awufo anaa monnyɛ agyiraehyɛde ahorow wɔ mo ho. Mene Awurade.
don't cut your bodies in some pagan ritual for the dead, and don't get yourselves tattoos. I am the Lord.
29 “‘Mma wo babea nkɔbɔ aguaman mfa ngu ne ho fi na asase no annan abɔnefo ne nguamanfo asase.
Don't bring shame on your daughter by making her a prostitute, otherwise the land will become morally and spiritually depraved.
30 “‘Munni me homeda mmara no so na munni me kronkronbea no ni, efisɛ mene Awurade.
Keep my Sabbaths and show respect for my sanctuary. I am the Lord.
31 “‘Monnkɔ asuman anaa ahonhom nkyɛn abisa mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Nyankopɔn.
Don't try and find help from mediums or spiritists—don't even go looking for them, otherwise they will corrupt you. I am the Lord your God.
32 “‘Momfa obu ne nidi mma mpanyimfo wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
Stand up and be respectful of older people. Show reverence for your God. I am the Lord.
33 “‘Sɛ ɔhɔho bɛtena mo mu a munnsisi no.
Don't mistreat foreigners who live in your country.
34 Mummu wɔn sɛnea mubu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Nyankopɔn.
Treat them in the same way as a fellow citizen, and love them as you love yourself, because you were once foreigners living in Egypt. I am the Lord your God.
35 “‘Mommfa atoro nsusuwde nsusuw, nkari anaa nkan mo biribiara.
Don't use dishonest weights and measures.
36 Momfa nokware nsania, nkaribo ne asusuwde a eye. Mene Awurade mo Nyankopɔn a mede mo fi Misraim bae no.
Make sure your scales and weights are accurate, that your measures of ephah and hin are correct. I am the Lord your God who led you out of Egypt.
37 “‘Munni me mmaransɛm ne mʼahyɛde no nyinaa so, na mene Awurade.’”
Keep all my rules and regulations, and make sure you follow them. I am the Lord.”

< 3 Mose 19 >