< 3 Mose 18 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
سپس خداوند به موسی فرمود:
2 ‘Mene Awurade mo Nyankopɔn,
«این دستورها را به بنی‌اسرائیل بده: من یهوه خدای شما هستم.
3 enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn.
پس مانند بت‌پرستان رفتار نکنید یعنی مانند مصری‌هایی که در کشورشان زندگی می‌کردید و یا مانند کنعانی‌هایی که می‌خواهم شما را به سرزمینشان ببرم.
4 Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene Awurade mo Nyankopɔn.
شما باید از دستورهای من پیروی کنید و قوانین مرا نگاه دارید و آنها را بجا آورید، چون من یهوه، خدای شما هستم.
5 Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene Awurade.
پس دستورها و قوانین مرا نگاه دارید، زیرا از طریق اطاعت از احکام شریعت است که شخص از حیات برخوردار می‌شود. من یهوه هستم.
6 “‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
«هیچ‌کس از شما نباید با محارمِ خود همبستر شود. من یهوه هستم.
7 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.
با مادر خود همبستر نشو، زیرا با این کار به او و به پدرت بی‌احترامی می‌کنی.
8 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.
با هیچ‌کدام از زنان پدرت همبستر نشو، چون با این کار به پدرت بی‌احترامی می‌کنی.
9 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.
همچنین با خواهر تنی یا با خواهر ناتنی خود، چه دختر پدرت باشد چه دختر مادرت، چه در همان خانه به دنیا آمده باشد چه در جای دیگر، همبستر نشو.
10 “‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.
«با دختر پسرت یا دختر دخترت همبستر نشو، چون با این کار خود را رسوا می‌کنی.
11 “‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.
با دختر زن پدرت همبستر نشو، چون او خواهر ناتنی توست.
12 “‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.
با عمهٔ خود همبستر نشو، چون از بستگان نزدیک پدرت می‌باشد.
13 “‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.
با خالهٔ خود همبستر نشو، چون از بستگان نزدیک مادرت است.
14 “‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no.
با زن عموی خود همبستر نشو، چون او مثل عمهٔ توست.
15 “‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.
«با عروس خود همبستر نشو، چون زن پسر توست.
16 “‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.
با زن برادرت همبستر نشو، چون با این کار به برادرت بی‌احترامی می‌کنی.
17 “‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
با یک زن و دختر او یا نوه‌اش همبستر نشو، چون آنها بستگان نزدیک همدیگرند و این عمل قبیحی است.
18 “‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase.
مادامی که زنت زنده است نباید خواهر او را هم به زنی بگیری و با او همبستر شوی.
19 “‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.
«با زنی به هنگام عادت ماهانه‌اش همبستر نشو.
20 “‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.
با زنی که همسر مرد دیگری است همبستر نشو و خود را با او نجس نساز.
21 “‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
«هیچ‌کدام از فرزندان خود را به بت مولک هدیه نکن و آنها را بر مذبح آن نسوزان زیرا با این کار نام خداوند، خدای خود را بی‌حرمت خواهی کرد.
22 “‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
«هیچ مردی نباید با مرد دیگری نزدیکی کند، چون این عمل، بسیار قبیح است.
23 “‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.
هیچ مرد یا زنی نباید با هیچ حیوانی نزدیکی کند و با این کار خود را نجس سازد. این عمل، بسیار قبیح است.
24 “‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so.
«با این کارها خود را نجس نسازید، چون این اعمالی است که بت‌پرستها انجام می‌دهند و به خاطر این کارهاست که می‌خواهم آنان را از سرزمینی که شما داخل آن می‌شوید بیرون کنم.
25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so.
تمامی آن سرزمین با این نوع اعمال، نجس شده است. به همین دلیل است که مردمانی را که در آنجا ساکنند مجازات می‌کنم، و سرزمینشان آنها را قی می‌کند.
26 Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi.
شما باید از تمام قوانین و دستورهای من اطاعت کنید و هیچ‌کدام از این اعمال قبیح را انجام ندهید. این قوانین هم شامل شما می‌شود و هم شامل غریبانی که در میان شما ساکنند.
27 Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi.
«آری، تمامی این اعمال قبیح به‌وسیلۀ مردمان سرزمینی که می‌خواهم شما را به آنجا ببرم به عمل آمده و آن سرزمین را نجس کرده است.
28 Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no.
شما این اعمال را انجام ندهید و گرنه شما را نیز مثل اقوامی که اکنون در آنجا ساکنند از آن سرزمین بیرون خواهم راند.
29 “‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu.
هر کس مرتکب یکی از این اعمال قبیح گردد، از میان قوم منقطع خواهد شد.
30 Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’”
پس احکام مرا اطاعت کنید و هیچ‌یک از این عادات زشت را انجام ندهید. خود را با این اعمال قبیح نجس نکنید زیرا من یهوه، خدای شما هستم.»

< 3 Mose 18 >