< 3 Mose 17 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Et locutus est Dominus ad Moysen, dicens:
2 “Hyɛ saa mmara a efi Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfo no nyinaa.
Loquere Aaron et filiis eius, et cunctis filiis Israel, dicens ad eos: Iste est sermo quem mandavit Dominus, dicens:
3 Israelni biara a ɔde nantwi, oguamma anaa abirekyi bɛbɔ afɔre wɔ nsraban mu anaa akyi no,
Homo quilibet de domo Israel, si occiderit bovem aut ovem, sive capram in castris vel extra castra,
4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiae Ntamadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔde wɔ Awurade Ahyiae Ntamadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ne manfo mu.
et non obtulerit ad ostium tabernaculi oblationem Domino, sanguinis reus erit: quasi si sanguinem fuderit, sic peribit de medio populi sui.
5 Saa mmara yi bɛbra Israelfo no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wuram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔde no abrɛ ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano sɛnea ɔsɔfo no betumi de ama Awurade sɛ asomdwoe afɔrebɔde.
Ideo sacerdoti offerre debent filii Israel hostias suas, quas occident in agro, ut sanctificentur Domino ante ostium tabernaculi testimonii, et immolent eas hostias pacificas Domino.
6 Sɛ wɔfa saa kwan no so a, ɔsɔfo no betumi apete mogya agu Awurade afɔremuka no so wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano na wɔahyew srade no sɛ ohuam ama Awurade ani asɔ.
Fundetque sacerdos sanguinem super altare Domini ad ostium tabernaculi testimonii, et adolebit adipem in odorem suavitatis Domino:
7 Na ama ɔmanfo agyae afɔre a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wuram no. Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo fi awo ntoatoaso so akosi awo ntoatoaso so.
et nequaquam ultra immolabunt hostias suas dæmonibus, cum quibus fornicati sunt. Legitimum sempiternum erit illis et posteris eorum.
8 “Miti mu sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔne mo te no de ɔhyew afɔrebɔde no anaa afɔrebɔ no ba,
Et ad ipsos dices: Homo de domo Israel, et de advenis, qui peregrinantur apud vos, qui obtulerit holocaustum sive victimam,
9 na sɛ wamfa amma Ahyiae Ntamadan no kwan ano amfa amma Awurade a, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔmanfo no mu.
et ad ostium tabernaculi testimonii non adduxerit eam, ut offeratur Domino, interibit de populo suo.
10 “‘Na mɛdan mʼani atia obiara a obedi mogya wɔ ɔkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔho a ɔte mo mu.
Homo quilibet de domo Israel, et de advenis qui pereginantur inter eos, si comederit sanguinem, obfirmabo faciem meam contra animam illius, et disperdam eam de populo suo,
11 Efisɛ ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔremuka no so sɛ mpatade mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu nti na wɔde yɛ mpatade ma onipa kra.
quia anima carnis in sanguine est: et ego dedi illum vobis, ut super altare in eo expietis pro animabus vestris, et sanguis pro animæ piaculo sit.
12 Ɛno nti, mereka akyerɛ Israelfo se, “Wɔn anaa ahɔho a wɔte wɔn mu no nni mogya.”
Idcirco dixi filiis Israel: Omnis anima ex vobis non comedet sanguinem, nec ex advenis, qui peregrinantur apud vos.
13 “‘Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɛ na obekum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔn ne mogya na ɔmfa mfutuma nkata so,
Homo quicumque de filiis Israel, et de advenis, qui peregrinantur apud vos, si venatione, atque aucupio ceperit feram vel avem, quibus vesci licitum est, fundat sanguinem eius, et operiat illum terra.
14 efisɛ aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno nti na meka kyerɛɛ Israelfo se wonnni mogya no, efisɛ nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a odi mogya no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu.
Anima enim omnis carnis in sanguine est: unde dixi filiis Israel: Sanguinem universæ carnis non comedetis, quia anima carnis in sanguine est: et quicumque comederit illum, interibit.
15 “‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awu anaasɛ akekaboa bi na okum no no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere; ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka se ne ho atew.
Anima, quæ comederit morticinum, vel captum a bestia, tam de indigenis, quam de advenis, lavabit vestimenta sua et semetipsum aqua, et contaminatus erit usque ad vesperum: et hoc ordine mundus fiet.
16 Na sɛ wanhoro ne ntama anguare a, wɔne no bedi no sɛnea mmara no se.’”
Quod si non laverit vestimenta sua et corpus, portabit iniquitatem suam.

< 3 Mose 17 >