< 3 Mose 16 >

1 Aaron mmabarima baanu a wowuwuu wɔ Awurade anim no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Now the LORD spoke to Moses after the death of two of Aaron’s sons when they approached the presence of the LORD.
2 “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamtam no akyi; beae a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beae hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a obewu, efisɛ mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beae so no mu.
And the LORD said to Moses: “Tell your brother Aaron not to enter freely into the Most Holy Place behind the veil in front of the mercy seat on the ark, or else he will die, because I appear in the cloud above the mercy seat.
3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ni: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyew afɔre.
This is how Aaron is to enter the Holy Place: with a young bull for a sin offering and a ram for a burnt offering.
4 Ɛsɛ sɛ oguare na ɔhyɛ atade hanahana ne ne nhyɛase na ɔbɔ nkyekyeremu ne abotiri.
He is to wear the sacred linen tunic, with linen undergarments. He must tie a linen sash around him and put on the linen turban. These are holy garments, and he must bathe himself with water before he wears them.
5 Afei, Israelfo bɛbrɛ no mmirekyi abien a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔre ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyew afɔre.
And he shall take from the congregation of Israel two male goats for a sin offering and one ram for a burnt offering.
6 “Ɛsɛ sɛ Aaron de nantwi ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔre a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpata ama ne ho ne ne fifo.
Aaron is to present the bull for his sin offering and make atonement for himself and his household.
7 Afei, ɔde mmirekyi abien no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
Then he shall take the two goats and present them before the LORD at the entrance to the Tent of Meeting.
8 Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmirekyi no so ntonto hu Awurade de, ne nea ɛsɛ sɛ wɔsan de no kɔ.
After Aaron casts lots for the two goats, one for the LORD and the other for the scapegoat,
9 Aaron de abirekyi a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔre no bɛbɔ bɔne ho afɔre.
he shall present the goat chosen by lot for the LORD and sacrifice it as a sin offering.
10 Wɔrenkum abirekyi baako a waka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpata ho dwumadi bi agu ne so na wɔde no akɔ sare so akogyaw no wɔ hɔ sɛ mpata guan.
But the goat chosen by lot as the scapegoat shall be presented alive before the LORD to make atonement by sending it into the wilderness as the scapegoat.
11 “Aaron de nantwinini ba no bɛbɔ bɔne ho afɔre ama ne ho ne ne fifo.
When Aaron presents the bull for his sin offering and makes atonement for himself and his household, he is to slaughter the bull for his own sin offering.
12 Ɛsɛ sɛ ɔfa ade a wɔhyew aduhuam wɔ mu a nnyansramma a wɔfaa wɔ Awurade afɔremuka no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhuam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamtam no akyi.
Then he must take a censer full of burning coals from the altar before the LORD, and two handfuls of finely ground fragrant incense, and take them inside the veil.
13 Ɛhɔ na ɔde aduhuam no begu ogya no so wɔ Awurade anim na ayɛ wusiw kumɔnn wɔ mpata beae apam ne adaka (a abo apon a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenwu.
He is to put the incense on the fire before the LORD, and the cloud of incense will cover the mercy seat above the Testimony, so that he will not die.
14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beae hɔ apuei fam na wapete no mpɛn ason wɔ anim.
And he is to take some of the bull’s blood and sprinkle it with his finger on the east side of the mercy seat; then he shall sprinkle some of it with his finger seven times before the mercy seat.
15 “Afei, ɛsɛ sɛ ofi adi na ɔde abirekyi no kɔbɔ ɔmanfo no bɔne ho afɔre na wɔde ne mogya no ba ntwamtam no akyi na wɔpete gu mpata hɔ ne anim sɛnea ɔde nantwinini ba no mogya no yɛe no ara pɛ.
Aaron shall then slaughter the goat for the sin offering for the people and bring its blood behind the veil, and with its blood he must do as he did with the bull’s blood: He is to sprinkle it against the mercy seat and in front of it.
16 Na ɛkyerɛ sɛ wayɛ mpata ama beae kronkron hɔ, efisɛ Israelfo bɔne ama efi aka beae hɔ ne Ahyiae Ntamadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no.
So he shall make atonement for the Most Holy Place because of the impurities and rebellious acts of the Israelites in regard to all their sins. He is to do the same for the Tent of Meeting which abides among them, because it is surrounded by their impurities.
17 Sɛ Aaron wura Ahyiae Ntamadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpata adwuma no a, ɛnsɛ sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpata no ma ne ho ne ne fifo ne Israelfo nyinaa wie.
No one may be in the Tent of Meeting from the time Aaron goes in to make atonement in the Most Holy Place until he leaves, after he has made atonement for himself, his household, and the whole assembly of Israel.
18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔremuka no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpata ama afɔremuka no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyi mogya no sra mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no ho.
Then he shall go out to the altar that is before the LORD and make atonement for it. He is to take some of the bull’s blood and some of the goat’s blood and put it on all the horns of the altar.
19 Na ɔde ne nsateaa baako bɛpete mogya no mpɛn ason agu afɔremuka no so de atew ho afi Israelfo bɔne no ho ayɛ no kronkron.
He is to sprinkle some of the blood on it with his finger seven times to cleanse it and consecrate it from the uncleanness of the Israelites.
20 “Sɛ owie mpata a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiae Ntamadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔremuka no ho a, ɔde abirekyi no bɛba anikann.
When Aaron has finished purifying the Most Holy Place, the Tent of Meeting, and the altar, he is to bring forward the live goat.
21 Na ɔde ne nsa abien agu aboa no apampam, na waka atirimɔden ne atuatew a Israelfo ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyi no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ sare so.
Then he is to lay both hands on the head of the live goat and confess over it all the iniquities and rebellious acts of the Israelites in regard to all their sins. He is to put them on the goat’s head and send it away into the wilderness by the hand of a man appointed for the task.
22 Enti abirekyi no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na nipa no agyaa no wɔ sare so hɔ.
The goat will carry on itself all their iniquities into a solitary place, and the man will release it into the wilderness.
23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ bio akɔworɔw nʼatade hanahana a ɔhyɛɛ wɔ ntwamtam no akyi no na wagyaw wɔ hɔ.
Then Aaron is to enter the Tent of Meeting, take off the linen garments he put on before entering the Most Holy Place, and leave them there.
24 Ɔbɛkɔ akoguare wɔ faako a wɔatew hɔ ho na wahyɛ ne ntade no bio na wafi adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyew afɔre asan abɔ ɔhyew afɔre ama nnipa no na wayɛ mpata ama ne ho ne wɔn.
He is to bathe himself with water in a holy place and put on his own clothes. Then he must go out and sacrifice his burnt offering and the people’s burnt offering to make atonement for himself and for the people.
25 Ɔbɛhyew srade de abɔ bɔne ho afɔre wɔ afɔremuka no so.
He is also to burn the fat of the sin offering on the altar.
26 “Akyiri no, ɔbarima a ɔde abirekyi no kɔɔ sare so kogyaa no no bɛhoro ne ntama na waguare na wasan aba beae hɔ bio.
The man who released the goat as the scapegoat must wash his clothes and bathe himself with water; afterward he may reenter the camp.
27 Na nantwi ba ne abirekyi a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpata no, wɔde wɔn bɛkɔ nsraban no akyi baabi akɔhyew a wɔn ho nwoma ne wɔn ayamde ka ho.
The bull for the sin offering and the goat for the sin offering, whose blood was brought into the Most Holy Place to make atonement, must be taken outside the camp; and their hides, flesh, and dung must be burned up.
28 Akyiri no, onipa a ɔrebɛhyew afɔrebɔde no bɛhoro ne ntama, aguare na wasan akɔ beae hɔ bio.
The one who burns them must wash his clothes and bathe himself with water, and afterward he may reenter the camp.
29 “Eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔsram a ɛto so ason no nnafua du so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa da no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛase mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔho a wɔne Israelfo te;
This is to be a permanent statute for you: On the tenth day of the seventh month, you shall humble yourselves and not do any work—whether the native or the foreigner who resides among you—
30 efisɛ da yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim.
because on this day atonement will be made for you to cleanse you, and you will be clean from all your sins before the LORD.
31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ mudi da no dinn wɔ ahobrɛase mu. Ɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa.
It is a Sabbath of complete rest for you, that you may humble yourselves; it is a permanent statute.
32 Saa ahyɛde yi, Ɔsɔfopanyin a wɔasra no no a obesi ne nena Aaron anan na obedi ho dwuma wɔ beae hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atade kronkron hanahana no
The priest who is anointed and ordained to succeed his father as high priest shall make atonement. He will put on the sacred linen garments
33 na ɔyɛ mpata wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ, wɔ afɔremuka no so de ma asɔfo no ne nnipa no.
and make atonement for the Most Holy Place, the Tent of Meeting, and the altar, and for the priests and all the people of the assembly.
34 “Eyi bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfo bɔne nti, moagyina so afe biara de ayɛ mpata ama Israelfo afi wɔn bɔne nyinaa mu.” Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no no nyinaa so.
This is to be a permanent statute for you, to make atonement once a year for the Israelites because of all their sins.” And all this was done as the LORD had commanded Moses.

< 3 Mose 16 >