< 3 Mose 15 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
locutusque est Dominus ad Mosen et Aaron dicens
2 “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfo: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsen nsu no, saa nsu no yɛ fi.
loquimini filiis Israhel et dicite eis vir qui patitur fluxum seminis inmundus erit
3 Sɛ ɛkɔ so sen o, egyae o, agu ne ho fi. Fi a nsu a egu no no de bɛba ni:
et tunc iudicabitur huic vitio subiacere cum per momenta singula adheserit carni illius atque concreverit foedus humor
4 “‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi.
omne stratum in quo dormierit inmundum erit et ubicumque sederit
5 Obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
si quis hominum tetigerit lectum eius lavabit vestimenta sua et ipse lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
6 Obiara a ɔbɛtena akongua a ɔbarima no atena so so ho gu fi kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
si sederit ubi ille sederat et ipse lavabit vestimenta sua et lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
7 “‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.
qui tetigerit carnem eius lavabit vestimenta sua et ipse lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
8 “‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasu agu ne so no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ onii no horo ne ntama na oguare.
si salivam huiuscemodi homo iecerit super eum qui mundus est lavabit vestem suam et lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
9 “‘Ɔpɔnkɔ agua biara a ɔbɛtena so no ho agu fi.
sagma super quo sederit inmundum erit
10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho ntew kosi anwummere, enti ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare.
et quicquid sub eo fuerit qui fluxum seminis patitur pollutum erit usque ad vesperum qui portaverit horum aliquid lavabit vestem suam et ipse lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
11 “‘Sɛ onipa a ne ho ntew no koso obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no horo ne ntama, guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
omnis quem tetigerit qui talis est non lotis ante manibus lavabit vestimenta sua et lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
12 “‘Sɛ saa onipa no so asanka biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asen de a, ɛsɛ sɛ wɔde nsu hohoro ho.
vas fictile quod tetigerit confringetur vas autem ligneum lavabitur aqua
13 “‘Sɛ nʼahosen no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson fi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔhoro ne ntama na okoguare wɔ asubɔnten mu.
si sanatus fuerit qui huiuscemodi sustinet passionem numerabit septem dies post emundationem sui et lotis vestibus ac toto corpore in aquis viventibus erit mundus
14 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔde ama ɔsɔfo no.
die autem octavo sumet duos turtures aut duos pullos columbae et veniet in conspectu Domini ad ostium tabernaculi testimonii dabitque eos sacerdoti
15 Ɔsɔfo no de wɔn bɛbɔ afɔre a baako yɛ bɔne ho afɔre na baako no nso yɛ ɔhyew afɔre; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no bɛyɛ mpata wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, esiane nʼahosen no nti.
qui faciet unum pro peccato et alterum in holocaustum rogabitque pro eo coram Domino ut emundetur a fluxu seminis sui
16 “‘Sɛ ɔbarima biara ho nsu gu a, ɛsɛ sɛ oguare ne ho nyinaa, efisɛ ne ho nso ntew kosi anwummere.
vir de quo egreditur semen coitus lavabit aqua omne corpus suum et inmundus erit usque ad vesperum
17 Ntama anaa mpasotam biara a ho nsu no bi begu mu no, ɛsɛ sɛ wɔhoro, efisɛ ɛho ntew kosi anwummere.
vestem et pellem quam habuerit lavabit aqua et inmunda erit usque ad vesperum
18 Sɛ ɔbarima fa ɔbea a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbea no ne ɔbarima no nyinaa guare, efisɛ wɔn ho ntew kosi anwummere.
mulier cum qua coierit lavabitur aqua et inmunda erit usque ad vesperum
19 “‘Sɛ ɔbea kɔ afikyiri a, ne ho ntew nnanson mu. Saa bere no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho ntew kosi anwummere.
mulier quae redeunte mense patitur fluxum sanguinis septem diebus separabitur
20 “‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa bere no mu no nso ho agu fi.
omnis qui tetigerit eam inmundus erit usque ad vesperum
21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛhoro ne ntama, aguare, efisɛ onipa no ho agu fi kosi anwummere.
et in quo dormierit vel sederit diebus separationis suae polluetur
22 Sɛ obi so biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na oguare, efisɛ ne ho agu fi kosi anwummere.
qui tetigerit lectum eius lavabit vestimenta sua et ipse lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
23 Sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakongua, obiara a ne ho bɛka no ho begu fi akosi anwummere.
omne vas super quo illa sederit quisquis adtigerit lavabit vestimenta sua et lotus aqua pollutus erit usque ad vesperum
24 “‘Sɛ ɔbarima ne no da saa bere yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.
si coierit cum ea vir tempore sanguinis menstrualis inmundus erit septem diebus et omne stratum in quo dormierit polluetur
25 “‘Sɛ bere du sɛ ofi nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba bere a ɛnsɛ mu wɔ ɔsram no mu a, mmara koro no ara na wɔde ka ho asɛm,
mulier quae patitur multis diebus fluxum sanguinis non in tempore menstruali vel quae post menstruum sanguinem fluere non cessat quamdiu huic subiacet passioni inmunda erit quasi sit in tempore menstruo
26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa bere no ho agu fi te sɛ nea nʼafikyikɔ bere mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ.
omne stratum in quo dormierit et vas in quo sederit pollutum erit
27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama, san guare, efisɛ ne ho ntew kosi anwummere.
quicumque tetigerit eam lavabit vestimenta sua et ipse lotus aqua inmundus erit usque ad vesperum
28 “‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na onni efi mu bio.
si steterit sanguis et fluere cessarit numerabit septem dies purificationis suae
29 Da a ɛto so awotwe no, ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnomamma abien bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
et octavo die offeret pro se sacerdoti duos turtures vel duos pullos columbae ad ostium tabernaculi testimonii
30 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de baako bɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako bɔ ɔhyew afɔre na ayɛ mpata ama ɔbea no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ mu no ho.
qui unum faciet pro peccato et alterum in holocaustum rogabitque pro ea coram Domino et pro fluxu inmunditiae eius
31 “‘Saa ɔkwan yi so na sɛ Israelfo no bi ho gu fi a, mobɛfa de atew wɔn ho; anyɛ saa a, esiane sɛ wɔagu mʼAhyiae Ntamadan a esi wɔn mu no ho fi nti, wobewuwu.’”
docebitis ergo filios Israhel ut caveant inmunditiam et non moriantur in sordibus suis cum polluerint tabernaculum meum quod est inter eos
32 Eyinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sen
ista est lex eius qui patitur fluxum seminis et qui polluitur coitu
33 ne ɔbea a wakɔ afikyiri ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafo wɔ bere a ne ho ntew no mu no.
et quae menstruis temporibus separatur vel quae iugi fluit sanguine et hominis qui dormierit cum ea

< 3 Mose 15 >