< 3 Mose 12 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
耶和華對摩西說:
2 ‘Sɛ ɔbea bi wo ɔbabarima a, ne ho ntew nnanson, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara.
「你曉諭以色列人說:若有婦人懷孕生男孩,她就不潔淨七天,像在月經污穢的日子不潔淨一樣。
3 Ne nnaawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wotwa abarimaa no twetia.
第八天,要給嬰孩行割禮。
4 Na nnafua aduasa abiɛsa a ɛda nʼanim a ɔde retew ne ho no, ɛnsɛ sɛ oso biribiara a ɛyɛ kronkron mu na onni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.
婦人在產血不潔之中,要家居三十三天。她潔淨的日子未滿,不可摸聖物,也不可進入聖所。
5 Sɛ ɔbea bi wo ɔbabea a, ne ho ntew nnaawɔtwe abien, te sɛ nea ɔkɔ afikyiri a ne ho ntew no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia asia ma ne ho twa.
她若生女孩,就不潔淨兩個七天,像污穢的時候一樣,要在產血不潔之中,家居六十六天。
6 “‘Sɛ saa ahotew nna yi twa mu a, ɛsɛ sɛ ɔde oguamma a wadi afe bɛbɔ ɔhyew afɔre na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔre. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiae Ntamadan no ano kɔma ɔsɔfo no.
「滿了潔淨的日子,無論是為男孩是為女孩,她要把一歲的羊羔為燔祭,一隻雛鴿或是一隻斑鳩為贖罪祭,帶到會幕門口交給祭司。
7 Na ɔsɔfo no de wɔn bɛma Awurade de ayɛ mpata ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho tew bio wɔ nʼawo mu mogyagugu ho. “‘Eyinom ne awo akyi ahyɛde.
祭司要獻在耶和華面前,為她贖罪,她的血源就潔淨了。這條例是為生育的婦人,無論是生男生女。
8 Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya oguamma no a, ɛno de, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien ba. Wɔde ɔbaako bɛbɔ ɔhyew afɔre na wɔde ɔbaako abɔ bɔne ho afɔre. Ɔsɔfo no bɛfa saa kwan yi so ayɛ mpata ama no, sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛtew bio.’”
她的力量若不夠獻一隻羊羔,她就要取兩隻斑鳩或是兩隻雛鴿,一隻為燔祭,一隻為贖罪祭。祭司要為她贖罪,她就潔淨了。」

< 3 Mose 12 >