< 3 Mose 11 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
2 “Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu.
“Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu.
3 Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.
Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.
4 “‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
“‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ;
5 Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.
6 Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.
7 Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo.
Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa.
8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.
Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.
9 “‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu.
“‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu;
10 Nanso nsumnam a aka no de, mukyi.
nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi.
11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew.
Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu.
12 Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew.
Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi.
13 “‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri,
“‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo,
14 ɔkompete, ɔsansa,
ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa,
15 kwaakwaadabi,
anene (wɔn ahodoɔ nyinaa),
16 sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma,
sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa),
17 patu, sare so patu, patukɛse,
ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ,
18 bakanoma, nantwinoma, opete,
bakanoma, nantwinoma, opete,
19 asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan.
asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan.
20 “‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe.
“‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe
21 Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we.
agye wɔn a wɔhuri;
22 Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we.
ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we.
23 Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew.
Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi.
24 “‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere.
“‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ
25 Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi.
na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi.
26 “‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi.
“‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi.
27 Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade.
Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ.
28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere.
Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ.
29 “‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso,
“‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura,
30 opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew.
efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ.
31 Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere
Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ
32 Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew.
na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio.
33 Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no.
Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no.
34 Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara.
Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara.
35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu.
Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo.
36 Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi.
Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi.
37 Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi,
Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi,
38 Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi.
nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.
39 “‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere.
“‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ.
40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere.
Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ.
41 “‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam.
“‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam.
42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi.
43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.
Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.
44 Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.
Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.
45 Mene Awurade a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.
Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.
46 “‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.
“‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.
47 Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’”
Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’”

< 3 Mose 11 >