< 3 Mose 10 >

1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhuamyɛfo ade mu. Wɔde aduhuam no petee ogya no so ma wɔnam saa kwan yi so buu Awurade mmara so, efisɛ wɔde ogya a ɛnyɛ nea Awurade ahyɛ baa nʼanim.
arreptisque Nadab et Abiu filii Aaron turibulis posuerunt ignem et incensum desuper offerentes coram Domino ignem alienum quod eis praeceptum non erat
2 Enti ogya dɛw fii Awurade nkyɛn bɛhyew wɔn.
egressusque ignis a Domino devoravit eos et mortui sunt coram Domino
3 Mose ka kyerɛɛ Aaron se, Awurade kae se, “‘Mɛda me ho kronkronyɛ adi akyerɛ wɔn a wɔba me nkyɛn; wɔbɛhyɛ me anuonyam wɔ nnipa nyinaa anim no, na nea ɔrekyerɛ nen.’” Na asɛm no tɔɔ Aaron mum.
dixitque Moses ad Aaron hoc est quod locutus est Dominus sanctificabor in his qui adpropinquant mihi et in conspectu omnis populi glorificabor quod audiens tacuit Aaron
4 Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔtwe nnipa a wɔahyew no nyinaa mfi Ahyiae Ntamadan no anim mfa wɔn nkɔ nsraban no akyi.”
vocatis autem Moses Misahel et Elsaphan filios Ozihel patrui Aaron ait ad eos ite et colligite fratres vestros de conspectu sanctuarii et asportate extra castra
5 Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntade mu sɛnea Mose aka akyerɛ wɔn no.
confestimque pergentes tulerunt eos sicut iacebant vestitos lineis tunicis et eiecerunt foras ut sibi fuerat imperatum
6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Munnsu. Mommma mo tinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwo. Munnsunsuane mo ntade mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bekum mo nso na nʼabufuw bɛba Israelfo nyinaa so. Nanso Israelfo a wɔaka no de, esiane ogya a Awurade de bae no nti, wotumi di Nadab ne Abihu wu no ho awerɛhow, tumi su wɔn nso.
locutus est Moses ad Aaron et ad Eleazar atque Ithamar filios eius capita vestra nolite nudare et vestimenta nolite scindere ne forte moriamini et super omnem coetum oriatur indignatio fratres vestri et omnis domus Israhel plangant incendium quod Dominus suscitavit
7 Na mummfi Ahyiae Ntamadan no ano, anyɛ saa a mubewuwu, efisɛ Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wodii asɛm a Mose kae no so.
vos autem non egredimini fores tabernaculi alioquin peribitis oleum quippe sanctae unctionis est super vos qui fecerunt omnia iuxta praeceptum Mosi
8 Afei, Awurade hyɛɛ Aaron se,
dixit quoque Dominus ad Aaron
9 “Sɛ wokɔ Ahyiae Ntamadan no mu a, nnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wubewu. Saa mmara yi bɛtena hɔ afebɔɔ ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa,
vinum et omne quod inebriare potest non bibetis tu et filii tui quando intratis tabernaculum testimonii ne moriamini quia praeceptum est sempiternum in generationes vestras
10 na ama moatumi ahu nsonoe a ɛda kronkron ne nea ɛyɛ teta, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew no tam,
et ut habeatis scientiam discernendi inter sanctum et profanum inter pollutum et mundum
11 na woatumi akyerɛkyerɛ Israelfo mmara a Awurade nam Mose so de ama mo no nyinaa.”
doceatisque filios Israhel omnia legitima mea quae locutus est Dominus ad eos per manum Mosi
12 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmabarima Eleasar ne Itamar se, “Momfa atoko afɔrebɔde nkae wɔ aduan afɔrebɔ a mmɔkaw nni mu a wɔde brɛɛ Awurade no na munni wɔ afɔremuka no ho, efisɛ ɛyɛ kronkron koraa.
locutusque est Moses ad Aaron et ad Eleazar atque Ithamar filios eius qui residui erant tollite sacrificium quod remansit de oblatione Domini et comedite illud absque fermento iuxta altare quia sanctum sanctorum est
13 Munni wɔ kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmabarima no dea, na ɛyɛ wo ne wo mmabarima no kyɛfa a efi aduan afɔrebɔ a wɔde brɛɛ Awurade no mu; efisɛ saa na wɔahyɛ sɛ menyɛ.
comedetis autem in loco sancto quod datum est tibi et filiis tuis de oblationibus Domini sicut praeceptum est mihi
14 Nanso ne yan ne ne srɛ a muhim no Awurade anim no, mutumi we no beae biara a amanne kwan so no ɛhɔ tew. Ɛyɛ wo, wo mmabarima ne wo mmabea kyɛfa wɔ Israelfo Asomdwoe afɔrebɔde no mu.
pectusculum quoque quod oblatum est et armum qui separatus est edetis in loco mundissimo tu et filii tui ac filiae tuae tecum tibi enim ac liberis tuis reposita sunt de hostiis salutaribus filiorum Israhel
15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka srade afɔrebɔde a wɔhyew de ma Awurade no ho. Eyi bɛyɛ wo ne wʼasefo kyɛfa daa, sɛnea Awurade ahyɛ no.”
eo quod armum et pectus et adipes qui cremantur in altari elevaverint coram Domino et pertineant ad te et ad filios tuos lege perpetua sicut praecepit Dominus
16 Bere a Mose bisaa nea ayɛ abirekyi a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔre no ho asɛm no, ohuu sɛ wɔahyew no. Ɛno nti, ne bo fuw Eleasar ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmabarima no, bisae se,
inter haec hircum qui oblatus fuerat pro peccato cum quaereret Moses exustum repperit iratusque contra Eleazar et Ithamar filios Aaron qui remanserant ait
17 “Adɛn nti na moanwe bɔne afɔrebɔde no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔde kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdi na ɛnyɛ mpata mma wɔn wɔ Awurade anim.
cur non comedistis hostiam pro peccato in loco sancto quae sancta sanctorum est et data vobis ut portetis iniquitatem multitudinis et rogetis pro ea in conspectu Domini
18 Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no nti, anka mubetumi awe wɔ hɔ ara sɛnea mehyɛe no.”
praesertim cum de sanguine illius non sit inlatum intra sancta et comedere eam debueritis in sanctuario sicut praeceptum est mihi
19 Aaron buaa Mose se, “Nnɛ wɔbɔɔ wɔn bɔne afɔre ne ɔhyew afɔre maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔre nam yi bi nnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ ana?”
respondit Aaron oblata est hodie victima pro peccato et holocaustum coram Domino mihi autem accidit quod vides quomodo potui comedere eam aut placere Domino in caerimoniis mente lugubri
20 Na Mose tee saa no, ne bo dwoe.
quod cum audisset Moses recepit satisfactionem

< 3 Mose 10 >