< 3 Mose 1 >

1 Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se,
vocavit autem Mosen et locutus est ei Dominus de tabernaculo testimonii dicens
2 “Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.
loquere filiis Israhel et dices ad eos homo qui obtulerit ex vobis hostiam Domino de pecoribus id est de bubus et ovibus offerens victimas
3 “‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no.
si holocaustum fuerit eius oblatio ac de armento masculum inmaculatum offeret ad ostium tabernaculi testimonii ad placandum sibi Dominum
4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua.
ponetque manus super caput hostiae et acceptabilis erit atque in expiationem eius proficiens
5 Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa.
immolabitque vitulum coram Domino et offerent filii Aaron sacerdotes sanguinem eius fundentes super altaris circuitum quod est ante ostium tabernaculi
6 Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw.
detractaque pelle hostiae artus in frusta concident
7 Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya wɔ afɔremuka no so.
et subicient in altari ignem strue lignorum ante conposita
8 Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so.
et membra quae caesa sunt desuper ordinantes caput videlicet et cuncta quae adherent iecori
9 Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
intestinis et pedibus lotis aqua adolebitque ea sacerdos super altare in holocaustum et suavem odorem Domino
10 “‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.
quod si de pecoribus oblatio est de ovibus sive de capris holocaustum anniculum et absque macula offeret
11 Onipa a ɔde no bae no bekum no Awurade anim wɔ afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa.
immolabitque ad latus altaris quod respicit ad aquilonem coram Domino sanguinem vero illius fundent super altare filii Aaron per circuitum
12 Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so.
dividentque membra caput et omnia quae adherent iecori et inponent super ligna quibus subiciendus est ignis
13 Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew wɔ afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre sɔ Awurade ani.
intestina vero et pedes lavabunt aqua et oblata omnia adolebit sacerdos super altare in holocaustum et odorem suavissimum Domino
14 “‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma.
sin autem de avibus holocausti oblatio fuerit Domino de turturibus et pullis columbae
15 Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn.
offeret eam sacerdos ad altare et retorto ad collum capite ac rupto vulneris loco decurrere faciet sanguinem super crepidinem altaris
16 Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu wɔ afɔremuka no apuei fam.
vesiculam vero gutturis et plumas proiciet propter altare ad orientalem plagam in loco in quo cineres effundi solent
17 Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
confringetque ascellas eius et non secabit nec ferro dividet eam et adolebit super altare lignis igne subposito holocaustum est et oblatio suavissimi odoris Domino

< 3 Mose 1 >