< Kwadwom 4 >
1 Hwɛ sɛnea sikakɔkɔɔ ayera ne hyerɛn no ni Sikakɔkɔɔ ankasa na ho abiri saa! Wɔatoto aboɔdemmo kronkron apete wɔ abɔnten biara so.
How is the gold become dim! how is the most fine gold changed! The hallowed stones are cast forth at the head of every street.
2 Hwɛ sɛnea Sion mmabarima a wodi mu na anka wɔsom bo sɛ sikakɔkɔɔ no ayɛ, mprempren wɔfa wɔn sɛ dɔte nkuku, ɔnwemfo nsa ano adwuma!
The noble sons of Zion, comparable to fine gold, How are they esteemed as earthen pitchers, the work of the hands of the potter!
3 Mpo adompo yi wɔn nufu ma wɔn mma num, nanso me nkurɔfo ayɛ atirimɔdenfo sɛ sohori a ɔwɔ sare so.
The very jackals reach forth the breast; they suckle their young; But the daughter of my people is become cruel, like the ostriches of the desert.
4 Osukɔm nti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmofra no srɛ aduan, nanso obiara mfa mma wɔn.
The tongue of the sucking child cleaveth to the roof of his mouth for thirst; Young children ask for bread, and no man breaketh it for them.
5 Wɔn a na anka wodi nnuan pa no ohia buruburoo aka wɔn wɔ mmɔnten so. Wɔn a wɔde sirikyi tetew wɔn no mprempren wɔdeda nso a wɔaboa ano so.
Those that fed on dainties are desolate in the streets; Those that have been brought up in scarlet embrace the dunghill.
6 Me nkurɔfo asotwe so sen Sodom a wotuu wɔn mpofirim no, a wɔannya ɔboafo biara de.
The punishment of the daughter of my people is greater than the punishment of Sodom, Which was overthrown in a moment, though no hands came against her.
7 Na wɔn ahenemma ho twa sen sukyerɛmma, na wɔnan sen nufusu, na wɔn nipadua no bere, na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ hoabo.
Her princes were purer than snow, whiter than milk; More ruddy than coral was their body; Their visage was of sapphire.
8 Nanso mprempren de, wobiri sen wusiw bɔtɔ; na wonhu wɔn yiye wɔ mmɔnten so. Wɔn were atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ho awo wosee sɛ abaa.
Now darker than a coal is their countenance; they are not known in the streets. Their skin cleaveth to their bones; it is become dry, like wood.
9 Wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ye koraa sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn; ɔkɔm tware wɔn ma wowuwu, esiane aduan a enni mfuw so nti.
More fortunate are the slain by the sword than the slain by famine; For these pine away, stricken through for want of the fruits of the field.
10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduan, bere a wɔsɛee me nkurɔfo no.
The hands of tender-hearted women cooked their own children; They were their food, in the destruction of the daughter of my people.
11 Awurade ada nʼabufuwhyew nyinaa adi; wahwie nʼabufuw a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyew ne fapem.
Jehovah hath spent upon them his fury; he hath poured out his fierce anger; He hath kindled a fire in Zion, which hath devoured its foundations.
12 Asase so ahemfo annye anni, wiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfo betumi ahyɛn Yerusalem apon mu.
The kings of the earth believed not, nor all the inhabitants of the world, That the adversary would enter, and the enemy, within the gates of Jerusalem.
13 Nanso esii, nʼadiyifo no bɔne ne nʼasɔfo amumɔyɛ nti, wɔn na wohwiee atreneefo mogya guu wɔ kuropɔn no mu.
It was on account of the sins of her prophets, and the iniquities of her priests, Who shed in the midst of her the blood of the righteous.
14 Afei wɔkeka wɔ mmɔnten so te sɛ nnipa a wɔn ani afura. Mogya a ama wɔn ho agu fi no nti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntade.
They stumbled like blind men through the streets, polluted with blood, So that men could not touch their garments.
15 Nnipa teɛteɛɛ mu gu wɔn so se, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho ntew!” “Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ woguan kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka se, “Wɔrentumi ntena ha bio.”
“Depart! unclean!” men cried to them. “Depart, depart, touch not!” As they fled, they stumbled; men said among the nations, “They shall dwell there no more.”
16 Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa nidi mma asɔfo, na wɔn ani nsɔ mpanyimfo.
The anger of Jehovah hath scattered them; he will no more care for them; They paid no regard to the priests, they had no compassion for the elders.
17 Nea ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yebenya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yefi yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
Still did our eyes fail, looking for help in vain; On our watch-tower did we watch for a nation that could not save us.
18 Nnipa dii yɛn ntɛntɛnso wɔ yɛn anammɔntu mu, enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei bɛnee, na wɔkan yɛn nna, efisɛ na yɛn awiei adu so.
They laid snares for our steps, so that we could not go in our streets; Our end is near; our days are accomplished, yea, our end is come!
19 Yɛn ataafo ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ wim; wɔtaa yɛn faa mmepɔw so na wɔtɛw yɛn wɔ sare so.
Swifter were our pursuers than the eagles of heaven; They chased us upon the mountains; they laid wait for us in the wilderness.
20 Nea Awurade asra no ngo, yɛn nkwa home ankasa no, kɔtɔɔ wɔn mfiri mu. Yegye dii sɛ ne nwini ase, yebenya nkwa wɔ amanaman no mu.
The breath of our nostrils, the anointed of Jehovah, was taken in their pits, Under whose shadow we said that we should live among the nations.
21 Di ahurusi na ma wʼani nnye, Edom Babea, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛbow na wɔabɔ wo adagyaw.
Rejoice and be glad, O daughter of Edom, that dwellest in the land of Uz! Yet to thee also shall the cup come! thou shalt be drunken, and shalt expose thy nakedness.
22 Ɔbabea Sion, wʼasotwe bɛba awiei; ɔremma wo nkɔ so ntena nnommum mu. Nanso Ɔbabea Edom, obetua wo bɔne so ka na wada wʼamumɔyɛ adi.
Thy punishment is at an end, O daughter of Zion! no more will he carry thee into captivity; But thine iniquity will he punish, O daughter of Edom! he will uncover thy sins.