< Kwadwom 2 >

1 Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum akata Ɔbabea Sion so ni? Watow Israel anuonyam afi ɔsoro abɛhwe fam; wankae ne nan ntiaso wɔ nʼabufuw da no.
Wie hat der Herr die Tochter Zion mit seinem Zorn überschüttet! Er hat die Herrlichkeit Israels vom Himmel auf die Erde geworfen; er hat nicht gedacht an seinen Fußschemel am Tage seines Zorns.
2 Awurade annya ahummɔbɔ na wamene Yakob atenae nyinaa; nʼabufuwhyew mu, wadwiriw Yuda Babea abandennen no agu fam. Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma ho fi.
Der Herr hat alle Wohnungen Jakobs ohne Barmherzigkeit vertilgt; er hat die Festen der Tochter Juda abgebrochen in seinem Grimm und geschleift; er hat entweiht beide, ihr Königreich und ihre Fürsten.
3 Ɔde abufuwhyew atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne bammɔ wɔ bere a atamfo no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
Er hat alle Hörner Israels in seinem grimmigen Zorn zerbrochen; er hat seine rechte Hand hinter sich gezogen, da der Feind kam, und hat in Jakob ein Feuer angesteckt, das umher verzehrt.
4 Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo; ne nsa nifa ayɛ krado. Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa; wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya agu Ɔbabea Sion ntamadan so.
Er hat seinen Bogen gespannt wie ein Feind; seine rechte Hand hat er geführt wie ein Widersacher und hat erwürgt alles, was lieblich anzusehen war, und seinen Grimm wie ein Feuer ausgeschüttet in der Hütte der Tochter Zion.
5 Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo; wamene Israel. Wamene nʼahemfi nyinaa asɛe nʼabandennen. Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Babea.
Der Herr ist gleich wie ein Feind; er hat vertilgt Israel; er hat vertilgt alle ihre Paläste und hat die Festen verderbt; er hat der Tochter Juda viel Klagens und Leides gemacht.
6 Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo; wasɛe nʼaguabɔbea. Awurade ama Sion werɛ afi nʼafahyɛ ne homenna; nʼabufuwhyew mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
Er hat sein Gezelt zerwühlt wie einen Garten und seine Wohnung verderbt; der HERR hat zu Zion Feiertag und Sabbat lassen vergessen und in seinem grimmigen Zorn König und Priester schänden lassen.
7 Awurade apo nʼafɔremuka na wagyaa ne kronkronbea mu. Ɔde nʼahemfi afasu ahyɛ nʼatamfo nsa. Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi te sɛ afahyɛ da.
Der Herr hat seinen Altar verworfen und sein Heiligtum entweiht; er hat die Mauern ihrer Paläste in des Feindes Hände gegeben, daß sie im Hause des Herrn geschrieen haben wie an einem Feiertag.
8 Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no. Ɔde susuhama too ho na wannyae ɔsɛe no. Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo; wɔn nyinaa sɛee.
Der HERR hat gedacht zu verderben die Mauer der Tochter Zion; er hat die Richtschnur darübergezogen und seine Hand nicht abgewendet, bis er sie vertilgte; die Zwinger stehen kläglich, und die Mauer liegt jämmerlich.
9 Nʼapon amem fam; wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no. Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu, mmara nni hɔ bio, na nʼadiyifo nnya anisoadehu a efi Awurade hɔ bio.
Ihre Tore liegen tief in der Erde; er hat die Riegel zerbrochen und zunichte gemacht. Ihr König und ihre Fürsten sind unter den Heiden, wo sie das Gesetz nicht üben können und ihre Propheten kein Gesicht vom HERRN haben.
10 Ɔbabea Sion mpanyimfo tete fam ayɛ komm; wɔde mfutuma agu wɔn tirim afurafura atweaatam. Yerusalem mmabaa asisi wɔn ti ase.
Die Ältesten der Tochter Zion liegen auf der Erde und sind still; sie werfen Staub auf ihre Häupter und haben Säcke angezogen; die Jungfrauen von Jerusalem hängen ihr Häupter zur Erde.
11 Mʼani rentumi nnyae nisutew, me yafunu mu retwa me, me koma retew atɔ fam, efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo, efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti wɔ kuropɔn no mmɔnten so.
Ich habe schier meine Augen ausgeweint, daß mir mein Leib davon wehe tut; meine Leber ist auf die Erde ausgeschüttet über den Jammer der Tochter meines Volkes, da die Säuglinge und Unmündigen auf den Gassen in der Stadt verschmachteten,
12 Wobisa wɔn nanom se, “Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?” Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo wɔ kuropɔn no mmɔnten so, bere a wɔn nkwa resa wɔ wɔn nanom abasa so.
da sie so zu ihren Müttern sprachen: Wo ist Brot und Wein? da sie auf den Gassen in der Stadt verschmachteten wie die tödlich Verwundeten und in den Armen ihrer Mütter den Geist aufgaben.
13 Asɛm bɛn na metumi aka ama wo? Dɛn ho na metumi de wo atoto, Ɔbabea Yerusalem? Dɛn na metumi de asusuw wo, de akyekye wo werɛ, Sion Babea Ɔbabun? Wʼapirakuru so sɛ po. Hena na obetumi asa wo yare?
Ach du Tochter Jerusalem, wem soll ich dich vergleichen, und wofür soll ich dich rechnen? Du Jungfrau Tochter Zion, wem soll ich dich vergleichen, damit ich dich trösten möchte? Denn dein Schaden ist groß wie ein Meer; wer kann dich heilen?
14 Wʼadiyifo anisoadehu yɛ atoro a so nni mfaso; wɔanna mo amumɔyɛ adi ansiw mo nnommumfa ano. Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no yɛ atoro ne nnaadaa.
Deine Propheten haben dir lose und törichte Gesichte gepredigt und dir deine Missetat nicht geoffenbart, damit sie dein Gefängnis abgewandt hätten, sondern haben dir gepredigt lose Predigt, damit sie dich zum Lande hinaus predigten.
15 Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so; wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti gu Yerusalem Babea so ka se, “Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no ahoɔfɛ a edi mu no? Asase nyinaa anigyede no ni?”
Alle, die vorübergehen, klatschen mit den Händen, pfeifen dich an und schütteln den Kopf über die Tochter Jerusalem; Ist das die Stadt, von der man sagt, sie sei die allerschönste, der sich das ganze Land freut?
16 Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom tɛtrɛɛ tia wo; wɔserew na wɔtwɛre wɔn se na wɔka se, “Yɛamene no. Da a na yɛretwɛn no ni; Yɛatena ase ahu.”
Alle deine Feinde sperren ihr Maul auf wider dich, pfeifen dich an, blecken die Zähne und sprechen: He! wir haben sie vertilgt; das ist der Tag, den wir begehrt haben; wir haben's erlangt, wir haben's erlebt.
17 Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dedaada no aba mu. Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfo no ani agye wama wʼatamfo no mmɛn so.
Der HERR hat getan, was er vorhatte; er hat sein Wort erfüllt, das er längst zuvor geboten hat; er hat ohne Barmherzigkeit zerstört; er hat den Feind über dich erfreut und deiner Widersacher Horn erhöht.
18 Nnipa no koma su frɛ Awurade. Ɔbabea Sion afasu, momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten awia ne anadwo; munnye mo ahome momma mo ani nso nnya ɔhome.
Ihr Herz schrie zum Herrn. O du Mauer der Tochter Zion, laß Tag und Nacht Tränen herabfließen wie einen Bach; höre nicht auf, und dein Augapfel lasse nicht ab.
19 Sɔre, su dennen anadwo, ɔdasu mu mfiase; hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa nti, wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw wɔ mmɔnten so.
Stehe des Nachts auf und schreie; schütte dein Herz aus in der ersten Wache gegen den Herrn wie Wasser; hebe deine Hände gegen ihn auf um der Seelen willen deiner jungen Kinder, die vor Hunger verschmachten vorn an allen Gassen!
20 “Hwɛ na dwene ho, Awurade: Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo wɔ Awurade kronkronbea ana?
HERR, schaue und siehe doch, wen du so verderbt hast! Sollen denn die Weiber ihres Leibes Frucht essen, die Kindlein, so man auf Händen trägt? Sollen denn Propheten und Priester in dem Heiligtum des Herrn erwürgt werden?
21 “Mmofra ne mpanyin da adabum wɔ mmɔnten so mfutuma mu so, me mmerante ne mmabaa atotɔ wɔ afoa ano. Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda; woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
Es lagen in den Gassen auf der Erde Knaben und Alte; meine Jungfrauen und Jünglinge sind durchs Schwert gefallen. Du hast erwürgt am Tage deines Zorns; du hast ohne Barmherzigkeit geschlachtet.
22 “Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no, saa ara na wofrɛfrɛɛ amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me. Awurade abufuw da no, obiara anguan na anka obiara: wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no, me tamfo adwerɛw wɔn.”
Du hast meine Feinde umher gerufen wie auf einen Feiertag, daß niemand am Tage des Zorns des HERRN entronnen oder übriggeblieben ist. Die ich auf den Händen getragen und erzogen habe, die hat der Feind umgebracht.

< Kwadwom 2 >