< Atemmufo 9 >
1 Da koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne na nuabarimanom. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na fifo nkae no se,
Ɛda koro bi, Yerub-Baal babarima Abimelek kɔɔ Sekem kɔsraa ne wɔfanom a wɔyɛ ne maame nuanom mmarima. Ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne ne maame fiefoɔ nkaeɛfoɔ sɛ,
2 “Mummisa ɔmanfo a wɔwɔ Sekem no se, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmabarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogya!”
“Mommisa ɔmanfoɔ a wɔwɔ Sekem no sɛ, wɔpɛ sɛ Yerub-Baal mmammarima aduɔson no nyinaa di wɔn so anaasɛ wɔpɛ sɛ ɔbarima baako di wɔn so? Na monkae sɛ meyɛ mo bogyani!”
3 Enti Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wotiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, efisɛ ɔyɛ wɔn busuani.
Enti, Abimelek wɔfanom gyinaa nʼanan mu kasa kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Sekem nyinaa. Na wɔtiee wɔn adwenkyerɛ no, wɔpenee so faa Abimelek, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wɔn busuani.
4 Wɔfaa dwetɛ sika nnwetɛbona aduɔson fi Baal-Berit nsɔre so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafo a wɔpenee so sɛ wubedi nʼakyi.
Wɔfaa dwetɛ sika pranpran aduɔson firi Baal-Berit asɔreeɛ so de maa Abimelek, na ɔde faa asraafoɔ a wɔpenee so sɛ wobɛdi nʼakyi.
5 Ɔde asraafo no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɔbo bi so, na okunkum nʼagya mmabarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no guan kɔtɛwee baabi.
Ɔde asraafoɔ no kɔɔ nʼagya kurom wɔ Ofra. Na ɛhɔ, ɛboɔ bi so, na ɔkunkumm nʼagya mmammarima aduɔson no nyinaa. Nanso ne nuanom mu akumaa koraa a wɔfrɛ no Yotam no dwane kɔtɛɛ baabi.
6 Enti Sekemfo ne Bet-Milofo yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaedum a ɛwɔ Sekem no ase. Wosii Abimelek wɔn so hene.
Enti, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ odupɔn a ɛbɛn nkaeɛdum a ɛwɔ Sekem no ase. Wɔsii Abimelek wɔn so ɔhene.
7 Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔw no atifi na ɔteɛɛ mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sekemfo muntie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo de a, muntie me!
Yotam tee asɛm yi no, ɔforo kɔɔ Gerisim bepɔ no atifi na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sekemfoɔ montie me! Sɛ mopɛ sɛ Onyankopɔn tie mo deɛ a, montie me!
8 Bere bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wosi wɔn so hene. Nea edi kan no, wɔka kyerɛɛ ngodua se, ‘Bedi yɛn so hene!’
Ɛberɛ bi, nnua nyinaa pɛɛ sɛ wɔsi wɔn so ɔhene. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔka kyerɛɛ ngo dua sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’
9 “Nanso, wampene so kae se, ‘Adɛn? Minnyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa anuonyam no, na minkokyinkyin nnua a aka so ana?’
“Nanso, wampene so kaa sɛ, ‘Adɛn? Mennyae me ngo a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, na menkɔkyinkyin nnua a aka so anaa?’
10 “Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma se ‘Bedi yɛn so hene!’
“Afei, wɔka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene!’
11 “Borɔdɔma nso buae se, ‘Na minnyae aba sow na minkyin nnua afoforo so?’
“Borɔdɔma nso buaa sɛ, ‘Na mennyae aba so na menkyini nnua foforɔ so?’
12 “Afei wɔka kyerɛɛ bobe se, ‘Bedi yɛn so hene.’
“Afei wɔka kyerɛɛ bobe sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’
13 “Na bobe no buae se, ‘Sɛ migyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigye no ma a, na afei na merebekyin nnua bi so ana?’
“Na bobe no buaa sɛ, ‘Sɛ megyae me nsa pa a ɛma anyame ne nnipa anigyeɛ no ma a, na afei na merebɛkyini nnua bi so?’
14 “Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nsɔe se, ‘Bedi yɛn so hene.’
“Ne korakora ne sɛ, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ, ‘Bɛdi yɛn so ɔhene.’
15 “Na nsɔe buae se, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me besi mo so hene a, mommra mmɛhyɛ me nwini yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfi nsɔe mu mmɛhyew Lebanon sida nyinaa.’
“Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’
16 “Afei mugye di sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so hene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefo nyinaa apɛde. Moayɛ nea ɛfata ama mʼagya ana?
“Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa?
17 Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔre bere a ogyee mo fii Midianfo nsam no.
Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no.
18 Na nnɛ, moasɔre atia mʼagya ne nʼasefo, akunkum ne mmabarima aduɔson wɔ ɔbo baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne somfobea babarima asi Sekem manfo so hene, sɛ ɔyɛ mo busuani nti.
Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti.
19 Sɛ moayɛ nea ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefo a, ɛno de mubenya ahosɛpɛw wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛw wɔ mo mu.
Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu.
20 Sɛ nea moayɛ no mfa ne kwan mu de a, ɛno de, ogya mfi Abimelek nkyɛn mmɛhyew mo, Sekemfo ne Bet-Milofo. Na ogya nso mfi Sekemfo ne Bet-Milofo nkyɛn mmɛhyew Abimelek!”
Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!”
21 Na esiane Abimelek ho suro nti, ne nuabarima Yotam guan kɔtenaa Beer.
Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer.
22 Abimelek dii Israel so mfe abiɛsa akyi no,
Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no,
23 Onyankopɔn somaa honhom fi bi ma ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanyimfo ntam na wɔtew atua.
Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua.
24 Nsɛm a esisii akyi yi mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfo aso sɛ wokunkum Yerub-Baal mmabarima aduɔson no.
Nsɛm a ɛsisii akyire no mu no, Onyankopɔn twee Abimelek ne Sekemfoɔ aso sɛ wɔkunkumm Yerub-Baal mmammarima aduɔson no.
25 Sekem mmarima bi kɔtɛwee Abimelek wɔ mmepɔw atifi, na wɔbɔɔ obiara a otwaa mu wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kotii nʼase.
Sekem mmarima bi kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ obiara a ɔtwaam wɔ hɔ no apoo. Nnipa bi kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔtii nʼase.
26 Saa bere no, Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom kɔɔ Sekem. Na Sekemfo no nyaa wɔn mu awerehyɛmu.
Saa ɛberɛ no, Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima kɔɔ Sekem. Na Sekemfoɔ no nyaa wɔn mu awerɛhyɛmu.
27 Bere a wɔredi Otwabere Afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi nsɔree so no, bobesa buu so wɔ hɔ maa obiara fitii ase domee Abimelek.
Ɛberɛ a wɔredi otwa afahyɛ wɔ Sekem wɔ ɛhɔ nyame bi asɔreeɛ so no, bobesa buu so hɔ maa obiara hyɛɛ aseɛ domee Abimelek.
28 Gaal teɛɛ mu se, “Hena ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfo? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne man ho nhyehyɛe ma no. Monsom nnipa a wofi Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefo kann. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek?
Ebed babarima Gaal teaam sɛ, “Hwan ne Abimelek? Ɔnyɛ Sekem aseni kann, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nʼasomfoɔ? Ɔyɛ Yerub-Baal babarima kɛkɛ na Sebul na ɔtoto ne ɔman ho nhyehyɛeɛ ma no. Monsom nnipa a wɔfiri Hamor, wɔn na wɔyɛ Sekem asefoɔ kann. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek?
29 Sɛ mewɔ tumi a, anka meyi Abimelek afi hɔ. Anka mɛka akyerɛ no se, ‘Pɛ asraafo bebree bra bɛko!’”
Sɛ mewɔ tumi a, anka mɛyi Abimelek afiri hɔ. Anka mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Pɛ asraafoɔ bebree bra bɛko!’”
30 Na Sebul a otua kurow no ano tee nea Gaal rekeka no, ne bo fuwii.
Na Sebul a ɔtua kuro no ano tee deɛ Ebed babarima Gaal rekeka no, ne bo fuiɛ.
31 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no se, “Ebed babarima Gaal ne ne nuabarimanom abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfo no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo.
Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Abimelek nkyɛn wɔ Aruma, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ebed babarima Gaal ne ne nuammarima abɛtena Sekem na wɔretu ɔmanfoɔ no aso sɛ wɔnsɔre ntia wo.
32 Fa asraafo bra anadwo bɛtɛw mfuw yi mu.
Fa akodɔm bra anadwo bɛtɛ mfuo yi mu.
33 Ade kyee ara pɛ, tow hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfo ba betia wo a, nea wopɛ biara wutumi yɛ wɔn.”
Adeɛ kyeeɛ ara pɛ, to hyɛ kuropɔn yi so. Na sɛ Gaal ne nʼapamfoɔ ba bɛtia wo a, deɛ wopɛ biara wotumi yɛ wɔn.”
34 Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuw anan de twaa Sekem ho hyiae.
Na Abimelek ne ne mmarima kɔɔ anadwo no, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo ɛnan de twaa Sekem ho hyiaeɛ.
35 Bere a Abimelek ne nʼakofo pue fii ahintawee mu no, na Gaal gyina kurow no pon ano.
Ɛberɛ a Abimelek ne nʼakodɔm pue firii atɛeɛ mu no, na Ebed babarima Gaal gyina kuro no ɛpono ano.
36 Bere a Gaal huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul se, “Hwɛ, nnipa bi fi bepɔw no so reba!” Sebul buae se, “Ɛyɛ mmepɔw no sunsuma na ayɛ sɛ nnipa no.”
Ɛberɛ a Gaal hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ, “Hwɛ, nnipa bi firi bepɔ no so reba!” Sebul buaa sɛ, “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na ayɛ sɛ nnipa no.”
37 Nanso Gaal san kae se, “Dabi, nnipa bi resian mmepɔw no. Na kuw foforo nso nam ɔkwan a ɛfa Akɔmfo Dupɔn ho no reba.”
Nanso Gaal sane kaa sɛ, “Dabi, nnipa bi resiane mmepɔ no. Na ekuo foforɔ nso nam ɛkwan a ɛfa Akɔmfoɔ Dupɔn ho no reba.”
38 Afei, Sebul dan guu ne so se, “Anosɛm a na woyɛ no ase ne dɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokae se ‘Hena ne Abimelek, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Ɛnyɛ nnipa yi na wudii wɔn ho fɛw no? Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”
Afei, Sebul dane guu ne so sɛ, “Anosɛm a na woyeyɛ no aseɛ ne sɛn? Ɛnyɛ wo ara na wokaa sɛ ‘Hwan ne Abimelek, na adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nkoa’ no? Nnipa a wodii wɔn ho fɛ no, wɔaduru yɛn mfikyire ha yi ara! Kɔ na wo ne wɔn nkɔko!”
39 Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek,
Enti Gaal dii Sekem mmarima anim sɛ wɔrekɔko atia Abimelek,
40 nanso odii nkogu na oguanee. Wokunkum Sekem akofo bebree sɛw wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɔkwan a ɛkɔ kuropɔn no pon ano no so.
nanso, ɔdii nkoguo na ɔdwaneeɛ. Wɔkunkumm Sekem akofoɔ bebree sɛɛ wɔn afunu kɛtɛ wɔ ɛkwan a ɛkɔ kuropɔn no ɛpono ano no so.
41 Abimelek tenaa Aruma na Sebul pam Gaal ne ne nuanom mmarima fii Sekem.
Abimelek tenaa Aruma ɛnna Sebul pamoo Gaal ne ne nuanom mmarima firii Sekem.
42 Ade kyee no, Sekemfo no kɔɔ wura mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek tee no,
Adeɛ kyeeɛ no, Sekemfoɔ no kɔɔ wira mu sɛ wɔrekɔko. Abimelek teeɛ no,
43 ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuwakuw abiɛsa ma wɔkɔtetɛw wura mu. Bere a Abimelek huu sɛ nnipa no fi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no fii wɔn ahintawee mu tow hyɛɛ wɔn so.
ɔkyɛɛ ne mmarima mu akuakuo mmiɛnsa ma wɔkɔtetɛɛ wira mu. Ɛberɛ a Abimelek hunuu sɛ nnipa no firi kuropɔn no mu reba no, ɔne ne mmarima no firii wɔn atɛeɛ mu to hyɛɛ wɔn so.
44 Abimelek ne ne kuw no kogyee kuropɔn no pon ano hɔ fae sɛnea ɛbɛyɛ a Sekemfo rentumi nsan wɔn akyi. Afei, akuw abien tow hyɛɛ Sekemfo a wɔwɔ wuram hɔ no so kunkum wɔn.
Abimelek ne ne kuo no kɔgyee kuropɔn no ɛpono ano hɔ faeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Sekemfoɔ rentumi nsane wɔn akyi. Afei, akuo mmienu to hyɛɛ Sekemfoɔ a wɔwɔ wiram hɔ no so kunkumm wɔn.
45 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Okunkum nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa.
Ɔko no kɔɔ so ɛda mu no nyinaa ansa na Abimelek redi kuropɔn no so koraa. Ɔkunkumm nnipa no, sɛee kuropɔn no, na ɔpetee nkyene wɔ hɔ nyinaa.
46 Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wokohintaw Baal-Berit nsɔree so.
Nnipa a wɔte Sekem abantenten mu tee asɛm a asi no, wɔkɔhintaa Baal-Berit asɔreeɛ so.
47 Obi kɔbɔɔ Abimelek amanneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ nsɔree so hɔ,
Obi kɔbɔɔ Abimelek amaneɛ sɛ nnipa no bi aboa wɔn ho ano wɔ asɔreeɛ so hɔ,
48 enti odii nʼakofo anim kɔɔ Salmon Bepɔw so. Ɔfaa abonnua twaa mman bi fii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Ntɛm, nea mayɛ yi, monyɛ bi!”
enti ɔdii nʼakodɔm anim kɔɔ Salmon Bepɔ so. Ɔfaa akuma twaa mman bi firii dua bi so na ɔde guu ne mmati so. Ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Ntɛm, deɛ mayɛ yi, monyɛ bi!”
49 Enti wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛnea Abimelek yɛe no. Wɔboaa mman no ano wɔ nsɔree so no afasu ho de ogya too mu. Enti nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodow bɛyɛ mmarima ne mmea apem no nyinaa wuwui.
Enti, wɔn mu biara twitwaa dua mman no bi, sɛdeɛ Abimelek yɛeɛ no. Wɔboaa mman no ano wɔ asɔreeɛ no afasuo ho de ogya too mu. Enti, nnipa a na wɔte Sekem abantenten mu a wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima ne mmaa apem no nyinaa wuwuiɛ.
50 Afei Abimelek tow hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so.
Afei Abimelek to hyɛɛ kuropɔn Tebes so dii so.
51 Nanso na abandennen bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno nti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa guan kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho pon mu, foforo kɔɔ abandennen no atifi pɛɛ.
Nanso, na abandenden bi wɔ kuropɔn no mu. Ɛno enti, kuropɔn no mu nnipa nyinaa dwane kɔhyɛɛ mu. Wɔtoo wɔn ho ɛpono mu, foforo kɔɔ abandenden no atifi pɛɛ.
52 Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔtow ahyɛ abandennen no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu gya pɛ,
Abimelek toaa wɔn sɛ ɔrekɔto ahyɛ abandenden no so. Ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔreto mu ogya pɛ,
53 ɔbea bi a ɔwɔ abandennen no atifi gyaa awiyammo mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛtɛw ne ti koraa.
ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa.
54 Abimelek ka kyerɛɛ aberante a okura nʼakode no se, “Twe wʼafoa na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbeabasia na okum Abimelek!” Enti aberante no de nʼafoa wɔɔ no maa owui.
Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ.
55 Bere a Abimelek nkurɔfo huu sɛ wawu no, wɔde wɔn akode guu hɔ san kɔɔ wɔn afi mu.
Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu.
56 Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ okum ne nuabarimanom aduɔson no.
Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ ɔkumm ne nuammarima aduɔson no.
57 Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahorow a wɔyɛɛ no ho. Ɛno nti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.
Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.