< Atemmufo 8 >

1 Afei, Efraimfo no bisaa Gideon se, “Adɛn nti na woyɛ yɛn saa? Adɛn nti na worekɔko atia Midian kan no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibere so.
And the men of Ephraim say unto him, 'What [is] this thing thou hast done to us — not to call for us when thou didst go to fight with Midian?' and they strive with him severely;
2 Na Gideon buaa wɔn se, “Dɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twabere akyi no nye nsen Abieser bobe a wɔtewee nyinaa?
and he saith unto them, 'What have I done now like you? are not the gleanings of Ephraim better than the harvest of Abi-Ezer?
3 Onyankopɔn maa mudii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Dɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ eyi?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuae no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
Into your hand hath God given the heads of Midian, Oreb and Zeeb; and what have I been able to do like you?' Then their temper desisted from off him in his speaking this thing.
4 Gideon ne ne mmarima ahaasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwɔ mu sɛ na wɔabrɛ de, nanso wɔtoaa so taa atamfo no.
And Gideon cometh in unto the Jordan, passing over, he and the three hundred men who [are] with him — wearied, and pursuing,
5 Woduu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofo a wɔwɔ hɔ no se, “Momma mʼakofo no aduan nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”
and he saith to the men of Succoth, 'Give, I pray you, cakes of bread to the people who [are] at my feet, for they [are] wearied, and I am pursuing after Zebah and Zalmunna kings of Midian.'
6 Na Sukot ntuanofo no buae se, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo no aduan adi.”
And the heads of Succoth say, 'Is the hand of Zebah and Zalmunna now in thy hand, that we give to thy host bread?'
7 Gideon buae se, “Sɛ Awurade ma midi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsan aba de sare so nsɔe ne akraate abesunsuan mo honam ani.”
And Gideon saith, 'Therefore — in Jehovah's giving Zebah and Zalmunna into my hand — I have threshed your flesh with the thorns of the wilderness, and with the threshing instruments.'
8 Na Gideon fii hɔ kɔɔ Penuel kɔsrɛɛ aduan bio, na onyaa mmuae koro no ara.
And he goeth up thence [to] Penuel, and speaketh unto them thus; and the men of Penuel answer him as the men of Succoth answered.
9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfo no se, “Sɛ mifi nkonimdi mu ba a, mebubu saa abantenten yi.”
And he speaketh also to the men of Penuel, saying, 'In my turning back in peace, I break down this tower.'
10 Saa bere yi na Seba ne Salmuna ne akofo mpem dunum wɔ Karkor, aboafo a wofi apuei fam a na emu mpem ɔha aduonu atotɔ dedaw no nkaefo.
And Zebah and Zalmunna [are] in Karkor, and their camps with them, about fifteen thousand, all who are left of all the camp of the sons of the east; and those falling [are] a hundred and twenty thousand men, drawing sword.
11 Gideon faa atutenafo kwan a ɛda Noba ne Yogbeha apuei fam no ho hyiae, na wɔtow hyɛɛ Midian nsraadɔm a na wɔn ani nna wɔn ho so no so.
And Gideon goeth up the way of those who tabernacle in tents, on the east of Nobah and Jogbehah, and smiteth the camp, and the camp was confident;
12 Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no guanee, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofo nyinaa nnommum.
and Zebab and Zalmunna flee, and he pursueth after them, and captureth the two kings of Midian, Zebah and Zalmunna, and all the camp he hath caused to tremble.
13 Eyi akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres tempɔn so sanee.
And Gideon son of Joash turneth back from the battle, at the going up of the sun,
14 Ɛhɔ na ɔkyeree aberante bi a ofi Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw nnipa aduɔson ason a wɔyɛ sodifo ne ntuanofo a wɔwɔ kurow no mu no din mma no.
and captureth a young man of the men of Succoth, and asketh him, and he describeth unto him the heads of Succoth, and its elders — seventy and seven men.
15 Afei, Gideon san kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofo no se, “Seba ne Salmuna ni. Yɛbaa ha no mudii me ho fɛw, kae se, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofo a wɔabrɛ no aduan adi.’”
And he cometh in unto the men of Succoth, and saith, 'Lo Zebah and Zalmunna, with whom ye reproached me, saying, Is the hand of Zebah and Zalmunna now in thy hand that we give to thy men who [are] wearied bread?'
16 Afei Gideon faa kurow no mu ntuanofo kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde sare so nsɔe ne akraate twee wɔn aso.
And he taketh the elders of the city, and the thorns of the wilderness, and the threshing instruments, and teacheth by them the men of Succoth,
17 Ɔsan dwiriw Penuel abantenten no guu fam, kunkum kurow no mu mmarima nyinaa.
and the tower of Penuel he hath broken down, and slayeth the men of the city.
18 Afei, obisaa Seba ne Salmuna se, “Mmarima a mukum wɔn wɔ Tabor no na wɔte dɛn?” Wobuae se, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”
And he saith unto Zebah and unto Zalmunna, 'How — the men whom ye slew in Tabor?' and they say, 'As thou — so they, one — as the form of the king's sons.'
19 Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”
And he saith, 'My brethren — sons of my mother — they; Jehovah liveth, if ye had kept them alive — I had not slain you.'
20 Ɔdan nʼani kyerɛɛ ne babarima panyin Yeter se, “Kum wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼafoa, efisɛ na ɔyɛ abarimaa nti na osuro.
And he saith to Jether his first-born, 'Rise, slay them;' and the young man hath not drawn his sword, for he hath been afraid, for he [is] yet a youth.
21 Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon se, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanyin adwuma! Wʼankasa yɛ!” Enti Gideon kum wɔn baanu, faa adehye agude a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.
And Zebah saith — also Zalmunna — 'Rise thou, and fall upon us; for as the man — his might;' and Gideon riseth, and slayeth Zebah and Zalmunna, and taketh their round ornaments which [are] on the necks of their camels.
22 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Gideon se, “Di yɛn so hene. Wo ne wo babarima ne wo nena bɛyɛ yɛn ahemfo, efisɛ woagye yɛn afi Midianfo nsam.”
And the men of Israel say unto Gideon, 'Rule over us, both thou, and thy son, and thy son's son, for thou hast saved us from the hand of Midian.'
23 Nanso Gideon buae se, “Merenni mo so hene na me babarima nso renni mo so hene. Awurade na obedi mo so.”
And Gideon saith unto them, 'I do not rule over you, nor doth my son rule over you; Jehovah doth rule over you.'
24 Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn se, mewɔ abisade baako. “Mo mu biara mma me asokaa baako a mofa fii asade a munya fii mo atamfo a mudii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfo a na wɔyɛ Ismaelfo no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asokaa).
And Gideon saith unto them, 'Let me ask of you a petition, and give ye to me each the ring of his prey, for they have rings of gold, for they [are] Ishmaelites.'
25 Wobuaa se, “Yɛpene so dodo.” Wɔde nkataho sɛw fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asokaa a onyae beguu so.
And they say, 'We certainly give;' and they spread out the garment, and cast thither each the ring of his prey;
26 Na sikakɔkɔɔ asokaa dodow a wonyae no karii kilogram aduonu ne akyi pɔw anan a nyanne nketewa ne kɔnmuade, Midian ahemfo adehye ahyehyɛde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu wɔn yoma kɔn mu nka ho.
and the weight of the rings of gold which he asked is a thousand and seven hundred [shekels] of gold, apart from the round ornaments, and the drops, and the purple garments, which [are] on the kings of Midian, and apart from the chains which [are] on the necks of their camels,
27 Gideon de yɛɛ asɔfotade kronkron na ɔde sii kurow Ofra, ne kurow mu. Nanso ankyɛ na Israelfo no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdan afiri maa Gideon ne ne fifo.
and Gideon maketh it into an ephod, and setteth it up in his city, in Ophrah, and all Israel go a-whoring after it there, and it is to Gideon and to his house for a snare.
28 Eyi ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛnea Israelfo dii Midianfo so nkonim a wɔantumi ansɔre bio. Gideon nna a etwa to bɛyɛ mfe aduanan mu no, na asomdwoe wɔ asase no so.
And Midian is humbled before the sons of Israel, and have not added to lift up their head; and the land resteth forty years in the days of Gideon.
29 Afei, Yoas babarima Yerub-Baal san kɔɔ ne kurom.
And Jerubbaal son of Joash goeth and dwelleth in his own house,
30 Na ɔwɔ yerenom bebree nti ɔwoo mmabarima aduɔson.
and to Gideon there have been seventy sons, coming out of his loin, for he had many wives;
31 Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek.
and his concubine, who [is] in Shechem, hath born to him — even she — a son, and he appointeth his name Abimelech.
32 Gideon wui no na wanyin yiye. Na wosiee no wɔ nʼagya Yoas da mu wɔ Ofra wɔ Abieserfo abusuasase so.
And Gideon son of Joash dieth, in a good old age, and is buried in the burying-place of Joash his father, in Ophrah of the Abi-Ezrite.
33 Gideon wui ara pɛ, Israelfo no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.
And it cometh to pass, when Gideon [is] dead, that the sons of Israel turn back and go a-whoring after the Baalim, and set over them Baal-Berith for a god;
34 Wɔn werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn a ogyee wɔn fii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no.
and the sons of Israel have not remembered Jehovah their God, who is delivering them out of the hand of all their enemies round about,
35 Na mpo, wɔanni nokware ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fifo wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfo no ho.
neither have they done kindness with the house of Jerubbaal — Gideon — according to all the good which he did with Israel.

< Atemmufo 8 >