< Atemmufo 7 >
1 Anɔpahema, Yerub-Baal (a ɔne Gideon) ne nʼakofo kɔɔ ara kosii Harod asu ho. Midian asraafo nso bɔɔ tukuw wɔ atifi fam wɔ obon bi a ɛbɛn More bepɔw no.
Et Jerubbaal, qui est Gédéon, se leva de bonne heure, et tout le peuple qui était avec lui, et ils campèrent près de la source de Harod; et il avait le camp de Madian au nord, du côté de la colline de Moré, dans la vallée.
2 Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Akofo a wɔka wo ho no dɔɔso dodo. Sɛ mema mo nyinaa ko tia Midianfo a, Israelfo no bɛhoahoa wɔn ho akyerɛ me sɛ wɔn ara nam wɔn ahoɔden so na wogyee wɔn ho sii hɔ.
Et l’Éternel dit à Gédéon: Le peuple qui est avec toi est trop nombreux, pour que je livre Madian en leur main, de peur qu’Israël ne se glorifie contre moi, disant: Ma main m’a sauvé.
3 Ɛno nti, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Obiara a ɔyɛ bɔtee anaa osuro no, onyi ne ho mfi mu na ɔnkɔ fie.’” Wɔn mu mpem aduonu abien na wɔkɔɔ fie, na ɛkaa wɔn mu mpem du a wɔpɛe sɛ wɔbɛko.
Et maintenant, crie aux oreilles du peuple, disant: Quiconque est peureux et tremble, qu’il s’en retourne et s’éloigne de la montagne de Galaad. Et 22 000 [hommes] du peuple s’en retournèrent; et il en resta 10 000.
4 Nanso Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asu no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”
Et l’Éternel dit à Gédéon: Le peuple est encore nombreux; fais-les descendre vers l’eau, et là je te les épurerai; et il arrivera que celui dont je te dirai: Celui-ci ira avec toi, celui-là ira avec toi; et que chacun de qui je te dirai: Celui-ci n’ira pas avec toi, celui-là n’ira pas.
5 Bere a Gideon de nʼakofo no kɔɔ asu no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kyɛ nnipa no mu akuw abien. Fa nnipa a wɔbɔ nsu gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma taforo no sɛ akraman no kɔ kuw baako mu. Kuw a ɛto so abien no nso, fa wɔn a wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu wɔ asuwa mu no hyɛ mu.”
Et il fit descendre le peuple vers l’eau. Et l’Éternel dit à Gédéon: Quiconque lapera l’eau avec sa langue, comme lape le chien, tu le mettras à part, et aussi tous ceux qui se courberont sur leurs genoux pour boire.
6 Mmarima no mu ahaasa pɛ na na wɔnom nsu fi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wobu nkotodwe de wɔn ano nom nsu fi asuwa no mu.
Et le nombre de ceux qui lapèrent dans leur main [en la portant] à leur bouche, fut de 300 hommes; et tout le reste du peuple se courba sur ses genoux pour boire l’eau.
7 Awurade ka kyerɛɛ Gideon se, “Menam saa mmarima ahaasa yi so begye mo, na mama moadi Midianfo no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.”
Et l’Éternel dit à Gédéon: Par les 300 hommes qui ont lapé [l’eau] je vous sauverai, et je livrerai Madian en ta main; mais que tout le peuple s’en aille, chacun en son lieu.
8 Enti Gideon gyigyee wɔn akwansoduan ne ntorobɛnto fii akofo no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahaasa no kaa ne nkyɛn. Na Midianfo no atenae wɔ obon a ɛwɔ Gideon ase pɛɛ.
Et les [300 hommes] prirent en leurs mains les vivres du peuple et ses trompettes. Et [Gédéon] renvoya tous les hommes d’Israël, chacun à sa tente, et retint les 300 hommes. Or le camp de Madian était au-dessous de lui, dans la vallée.
9 Anadwo no, Awurade kae se, “Sɔre! Kɔ Midianfo no atenae no mu wɔ ase hɔ, na mɛma mo adi wɔn so nkonim!
Et il arriva, cette nuit-là, que l’Éternel lui dit: Lève-toi; descends au camp, car je l’ai livré en ta main;
10 Na sɛ wusuro sɛ wobɛkɔ akɔtow ahyɛ wɔn so a, wo ne wo somfo Pura nkɔ hɔ.
et si tu crains d’y descendre, descends vers le camp, toi et Pura, ton jeune homme;
11 Tie nea Midianfo no reka na ɛbɛhyɛ wo nkuran. Na wo ho bɛpere wo ama woatow ahyɛ wɔn so.” Enti Gideon faa Pura kaa ne ho ne no kɔɔ atamfo no atenae no mfikyiri.
et tu entendras ce qu’ils diront, et ensuite tes mains seront fortifiées et tu descendras au camp. Et il descendit, lui et Pura, son jeune homme, aux avant-postes des hommes armés qui étaient dans le camp.
12 Saa bere no na Midianfo, Amalekfo ne nnipa no nkae a wofifi apuei fam no abɛfɔre so te sɛ mmoadabi wɔ obon no mu. Na wɔn yoma nso dodow te sɛ mpoano nwea. Wɔdɔɔso dodo!
Et Madian et Amalek et tous les fils de l’orient s’étendaient dans la vallée, nombreux comme des sauterelles; et leurs chameaux étaient sans nombre, en multitude comme le sable qui est sur le bord de la mer.
13 Gideon weawea koduu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne dae a ɔsoo akyerɛ nʼadamfo bi se, “Mesoo dae na brodo kurukuruwa bi atew abɛhwe Midianfo atenae. Ɛkɔpem ntamadan no bi na ebu faa so ma ɛkɔhwee ase.”
Et Gédéon arriva, et voici, un homme racontait un songe à son compagnon; et il disait: Voici, j’ai songé un songe; et voici, un gâteau de pain d’orge roulait dans le camp de Madian, et il arriva jusqu’à la tente et la heurta, et elle tomba; et il la retourna sens dessus dessous, et la tente était là renversée.
14 Nʼadamfo no kae se, “Wo dae no kyerɛ ade baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne dɔm nyinaa so nkonimdi ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”
Et son compagnon répondit et dit: Ce n’est pas autre chose que l’épée de Gédéon, fils de Joas, homme d’Israël: Dieu a livré Madian et tout le camp en sa main.
15 Bere a Gideon tee dae no ne ne nkyerɛase no, ɔkotow sɔree Onyankopɔn. Ɔsan baa Israel atenae mu teɛɛ mu se, “Monsɔre! Awurade de Midianfo ahyɛ mo nsa.”
Et il arriva que, lorsque Gédéon entendit le récit du songe et son interprétation, il se prosterna. Et il retourna au camp d’Israël, et dit: Levez-vous, car l’Éternel a livré le camp de Madian en votre main.
16 Ɔkyɛɛ mmarima ahaasa no mu akuwakuw abiɛsa. Ɔde ntorobɛnto ne dɔte kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.
Et il divisa les 300 hommes en trois corps, et il leur mit à tous des trompettes à la main, et des cruches vides, et des torches dans les cruches.
17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ me. Munni mʼakyi. Sɛ midu atenae no mfikyiri a, nea mɛyɛ biara no, monyɛ bi.
Et il leur dit: Regardez ce que je vais faire, et faites de même; voici, quand j’arriverai au bout du camp, alors ce que je ferai, vous le ferez de même;
18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntorobɛnto no a, mo a moatwa atenae no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo de na monteɛ mu se, ‘Yɛko ma Onyankopɔn ne Gideon.’”
et quand je sonnerai de la trompette, moi et tous ceux qui sont avec moi, vous aussi vous sonnerez des trompettes autour de tout le camp, et vous direz: Pour l’Éternel et pour Gédéon!
19 Anadwo dasum a wɔasesa awɛmfo no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no koduu Midianfo atenae mfikyiri. Mpofirim wɔhyɛn wɔn ntorobɛnto no, bobɔɔ dɔte nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no.
Et Gédéon et les 100 hommes qui étaient avec lui arrivèrent au bout du camp, au commencement de la veille du milieu [de la nuit]; on venait seulement de placer les gardes. Et ils sonnèrent des trompettes, et brisèrent les cruches qu’ils avaient à la main;
20 Afei akuw abiɛsa no nyinaa hyɛn wɔn ntorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wokurakura ogyatɛn a ɛredɛw no wɔ wɔn nsa benkum mu na wokurakura ntorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteɛɛ mu se, “Awurade afoa yɛ Gideon afoa!”
et les trois corps sonnèrent des trompettes, et brisèrent les cruches: ils tenaient dans leur main gauche les torches, et dans leur main droite les trompettes pour sonner, et criaient: L’épée de l’Éternel et de Gédéon!
21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenae no ho, hwɛɛ Midianfo no sɛ wɔabɔ huboa reteɛteɛ mu na wɔreguan.
Et ils se tenaient chacun à sa place autour du camp; et tout le camp se mit à courir, et à pousser des cris, et à fuir.
22 Bere a Israelfo ahaasa no hyɛn wɔn ntorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfo akofo a wɔwɔ atenae hɔ no twaa wɔn ho de afoa ne wɔn ho wɔn ho koe. Wɔn a wɔanwu no guan koduu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hye a ɛbɛn Tabat so.
Et les 300 hommes sonnaient des trompettes; et l’Éternel tourna l’épée de chacun contre son compagnon, dans tout le camp. Et le camp s’enfuit jusqu’à Beth-Sitta, vers Tseréra, jusqu’au bord d’Abel-Mehola, près de Tabbath.
23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofo a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian nsraadɔm a wɔreguan no.
Et les hommes d’Israël se rassemblèrent, de Nephthali, et d’Aser, et de tout Manassé, et poursuivirent Madian.
24 Gideon tuu abɔfo kɔɔ Efraim mmepɔw aman no so kɔkae se, “Mommra mmɛtow nhyɛ Midianfo so. Munhyia wɔn wɔ Yordan aworoe so a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.” Na Efraim mmarima no yɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no.
Et Gédéon envoya des messagers dans toute la montagne d’Éphraïm, pour dire: Descendez à la rencontre de Madian, et enlevez-leur les eaux jusqu’à Beth-Bara, et le Jourdain. Et tous les hommes d’Éphraïm se rassemblèrent, et s’emparèrent des eaux jusqu’à Beth-Bara, et du Jourdain.
25 Wɔkyeree Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene. Wokum Oreb wɔ Oreb botan so, na wokum Seeb nso wɔ Seeb nsakyiamoa ho. Na wɔkɔɔ so taa Midianfo no. Akyiri no, Israelfo no de Oreb ne Seeb ti no brɛɛ Gideon a na saa bere no ɔwɔ Yordan ho no.
Et ils prirent les deux princes de Madian, Oreb et Zeëb; et ils tuèrent Oreb au rocher d’Oreb, et ils tuèrent Zeëb au pressoir de Zeëb. Et ils poursuivirent Madian, et apportèrent les têtes d’Oreb et de Zeëb, à Gédéon, de l’autre côté du Jourdain.