< Atemmufo 5 >

1 Da no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:
Then sang Deborah and Barak the son of Abinoam on that day, saying:
2 “Israel mpanyimfo sɔre dii anim, na nnipa no de anigye dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade!
When men let grow their hair in Israel, when the people offer themselves willingly, bless ye the LORD.
3 “Mo ahemfo, muntie! Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Nyankopɔn.
Hear, O ye kings; give ear, O ye princes; I, unto the LORD will I sing; I will sing praise to the LORD, the God of Israel.
4 “Awurade, bere a wufii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no, asase wosowee na ɔsoro omununkum tuee nsu.
LORD, when Thou didst go forth out of Seir, when Thou didst march out of the field of Edom, the earth trembled, the heavens also dropped, yea, the clouds dropped water.
5 Awurade ba no maa mmepɔw wosowee. Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.
The mountains quaked at the presence of the LORD, even yon Sinai at the presence of the LORD, the God of Israel.
6 “Anat ba Samgar ne Yael bere so, nnipa amfa atempɔn so, na akwantufo faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.
In the days of Shamgar the son of Anath, in the days of Jael, the highways ceased, and the travellers walked through byways.
7 Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraa kosii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.
The rulers ceased in Israel, they ceased, until that thou didst arise, Deborah, that thou didst arise a mother in Israel.
8 Bere a Israel som anyame foforo no, ɔko sɔree kuropɔn no apon ano. Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!
They chose new gods; then was war in the gates; was there a shield or spear seen among forty thousand in Israel?
9 Mewɔ Israel ntuanofo afa ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi. Hyira Awurade!
My heart is toward the governors of Israel, that offered themselves willingly among the people. Bless ye the LORD.
10 “Mo a motete afurum a wɔte apɔw so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, muntie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monantew fam nso, muntie!
Ye that ride on white asses, ye that sit on rich cloths, and ye that walk by the way, tell of it;
11 Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee. Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi, ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.
Louder than the voice of archers, by the watering-troughs! there shall they rehearse the righteous acts of the LORD, even the righteous acts of His rulers in Israel. Then the people of the LORD went down to the gates.
12 ‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’
Awake, awake, Deborah; awake, awake, utter a song; arise, Barak, and lead thy captivity captive, thou son of Abinoam.
13 “Nkaefo no bɔɔ nsra fi Tabor kɔɔ ahoɔdenfo so. Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ akofo ahoɔdenfo so.
Then made He a remnant to have dominion over the nobles and the people; the LORD made me have dominion over the mighty.
14 Wofi Efraim bae, asase a na kan no na ɛyɛ Amalekfo dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra fii Makir; ɔsahene pemakurafo fi Sebulon bae.
Out of Ephraim came they whose root is in Amalek; after thee, Benjamin, among thy peoples; out of Machir came down governors, and out of Zebulun they that handle the marshal's staff.
15 Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho. Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu. Nanso Ruben abusuakuw mu de, wɔansi wɔn adwene pi.
And the princes of Issachar were with Deborah; as was Issachar, so was Barak; into the valley they rushed forth at his feet. Among the divisions of Reuben there were great resolves of heart.
16 Adɛn nti na wotenaa fie wɔ nguanhwɛfo mu, tie nguanhwɛfo a wɔde hwirema frɛ wɔn nguan? Ruben abusuakuw mu, wɔansi wɔn adwene pi.
Why sattest thou among the sheepfolds, to hear the pipings for the flocks? At the divisions of Reuben there were great searchings of heart.
17 Gilead kaa Yordan apuei hɔ. Na Dan de, adɛn nti na ɔtenaa fie? Aser tenaa mpoano a wanka ne ho, ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahorow hɔ.
Gilead abode beyond the Jordan; and Dan, why doth he sojourn by the ships? Asher dwelt at the shore of the sea, and abideth by its bays.
18 Nanso Sebulon too ne nkwa apemafo sɛnea Naftali yɛɛ wɔ akono no.
Zebulun is a people that jeoparded their lives unto the death, and Naphtali, upon the high places of the field.
19 “Kanaan ahemfo koo wɔ Taanak a ɛbɛn Megido asu ho, nanso wɔannya dwetɛ asade biara ankɔ.
The kings came, they fought; then fought the kings of Canaan, in Taanach by the waters of Megiddo; they took no gain of money.
20 Nsoromma fi soro koe. Nsoromma nam wɔn akwan so ko tiaa Sisera.
They fought from heaven, the stars in their courses fought against Sisera.
21 Asubɔnten Kison twee wɔn kɔe, tete asu, Kison. Me kra, fa akokoduru bɔ nsra kɔ wʼanim!
The brook Kishon swept them away, that ancient brook, the brook Kishon. O my soul, tread them down with strength.
22 Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfo no mmirikatɛntɛ.
Then did the horsehoofs stamp by reason of the prancings, the prancings of their mighty ones.
23 ‘Nnome nka Merosfo,’ Awurade bɔfo na ose. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn efisɛ wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofo ahoɔdenfo no.
'Curse ye Meroz', said the angel of the LORD, 'Curse ye bitterly the inhabitants thereof, because they came not to the help of the LORD, to the help of the LORD against the mighty.'
24 “Nhyira nka Yael, Heber a ofi Keni yere. Ne nhyira nsen mmea a wɔtete ntamadan mu nyinaa.
Blessed above women shall Jael be, the wife of Heber the Kenite, above women in the tent shall she be blessed.
25 Sisera srɛɛ nsu, na Yael maa no nufusu. Kuruwa a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufusu ani srade brɛɛ no.
Water he asked, milk she gave him; in a lordly bowl she brought him curd.
26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti. Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.
Her hand she put to the tent-pin, and her right hand to the workmen's hammer; and with the hammer she smote Sisera, she smote through his head, yea, she pierced and struck through his temples.
27 Ɔmemee, ɔhwee ase; owui wɔ ne nan ase.
At her feet he sunk, he fell, he lay; at her feet he sunk, he fell; where he sunk, there he fell down dead.
28 “Sisera nena hwɛɛ mfɛnsere mu; ɔtɛw mfɛnsere mu hwɛɛ no kwan, ɔkae se, ‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ ba yi? Adɛn nti na yɛnte teaseɛnam nhankare nnyigyei yi?’
Through the window she looked forth, and peered, the mother of Sisera, through the lattice: 'Why is his chariot so long in coming? Why tarry the wheels of his chariots?
29 Ne mmea anyansafo no rema mmuae no, otii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho se:
The wisest of her princesses answer her, yea, she returneth answer to herself:
30 ‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no, ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu. Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’
'Are they not finding, are they not dividing the spoil? A damsel, two damsels to every man; to Sisera a spoil of dyed garments, a spoil of dyed garments of embroidery, two dyed garments of broidery for the neck of every spoiler?'
31 “Awurade, ma wʼatamfo nyinaa nwu sɛ Sisera! Nanso ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinae.” Afei, asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan.
So perish all Thine enemies, O LORD; but they that love Him be as the sun when he goeth forth in his might. And the land had rest forty years.

< Atemmufo 5 >