< Atemmufo 4 >

1 Ehud wu akyi no, Israelfo no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio.
ויספו בני ישראל לעשות הרע בעיני יהוה ואהוד מת׃
2 Enti Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na odi ade wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a otua nʼakofo ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim.
וימכרם יהוה ביד יבין מלך כנען אשר מלך בחצור ושר צבאו סיסרא והוא יושב בחרשת הגוים׃
3 Na Sisera wɔ nnade nteaseɛnam ahankron, na ɔde atirimɔden hyɛɛ Israelfo no so mfirihyia aduonu. Afei Israelfo no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
ויצעקו בני ישראל אל יהוה כי תשע מאות רכב ברזל לו והוא לחץ את בני ישראל בחזקה עשרים שנה׃
4 Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifobea na ɔbɛyɛɛ Israelfo temmufo.
ודבורה אשה נביאה אשת לפידות היא שפטה את ישראל בעת ההיא׃
5 Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔw asase no so. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔ ma odi wɔn nsɛm.
והיא יושבת תחת תמר דבורה בין הרמה ובין בית אל בהר אפרים ויעלו אליה בני ישראל למשפט׃
6 Da bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofo mpem du ano fi Naftali ne Sebulon mmusuakuw mu wɔ Tabor bepɔw so hɔ.
ותשלח ותקרא לברק בן אבינעם מקדש נפתלי ותאמר אליו הלא צוה יהוה אלהי ישראל לך ומשכת בהר תבור ולקחת עמך עשרת אלפים איש מבני נפתלי ומבני זבלון׃
7 Mɛdaadaa Yabin nsraadɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofo akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”
ומשכתי אליך אל נחל קישון את סיסרא שר צבא יבין ואת רכבו ואת המונו ונתתיהו בידך׃
8 Barak ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wo ne me bɛkɔ de a, mɛkɔ!”
ויאמר אליה ברק אם תלכי עמי והלכתי ואם לא תלכי עמי לא אלך׃
9 Debora buaa no se, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya anuonyam biara wɔ dwumadi yi mu, efisɛ Awurade nkonimdi wɔ Sisera so no befi ɔbea nsam.” Enti Debora ne Barak kɔɔ Kedes.
ותאמר הלך אלך עמך אפס כי לא תהיה תפארתך על הדרך אשר אתה הולך כי ביד אשה ימכר יהוה את סיסרא ותקם דבורה ותלך עם ברק קדשה׃
10 Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuw ne Naftali abusuakuw mu nnipa nyinaa, na akofo mpem du ne no kɔe. Debora nso kaa wɔn ho kɔe.
ויזעק ברק את זבולן ואת נפתלי קדשה ויעל ברגליו עשרת אלפי איש ותעל עמו דבורה׃
11 Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefo no ho, akosi ne ntamadan wɔ dua kɛse bi a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.
וחבר הקיני נפרד מקין מבני חבב חתן משה ויט אהלו עד אלון בצענים אשר את קדש׃
12 Bere a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so no,
ויגדו לסיסרא כי עלה ברק בן אבינעם הר תבור׃
13 ɔboaboaa ne nnade nteaseɛnam ahankron ano ne nʼakofo nyinaa, na wotu sen fii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.
ויזעק סיסרא את כל רכבו תשע מאות רכב ברזל ואת כל העם אשר אתו מחרשת הגוים אל נחל קישון׃
14 Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Nnɛ ne da a Awurade de Sisera so nkonimdi bɛma wo, efisɛ, Awurade atu ɔsa adi wʼanim.” Enti Barak dii nʼakofo mpem du anim sian Tabor bepɔw no kɔkoe.
ותאמר דברה אל ברק קום כי זה היום אשר נתן יהוה את סיסרא בידך הלא יהוה יצא לפניך וירד ברק מהר תבור ועשרת אלפים איש אחריו׃
15 Bere a Barak tow hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafo ne nʼakofo no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huruw fii ne teaseɛnam mu sii fam guanee.
ויהם יהוה את סיסרא ואת כל הרכב ואת כל המחנה לפי חרב לפני ברק וירד סיסרא מעל המרכבה וינס ברגליו׃
16 Barak nteaseɛnam ne ɔtamfo no nsraadɔm no ara kosii Haroset-Hagoyim, kunkum Sisera akofo no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo.
וברק רדף אחרי הרכב ואחרי המחנה עד חרשת הגוים ויפל כל מחנה סיסרא לפי חרב לא נשאר עד אחד׃
17 Sisera guan kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ na Heber abusuafo ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.
וסיסרא נס ברגליו אל אהל יעל אשת חבר הקיני כי שלום בין יבין מלך חצור ובין בית חבר הקיני׃
18 Yael fii adi kohyiaa Sisera ka kyerɛɛ no se, “Owura, bra me ntamadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti ɔkɔɔ ntamadan no mu ma ɔde nnaso kataa ne so.
ותצא יעל לקראת סיסרא ותאמר אליו סורה אדני סורה אלי אל תירא ויסר אליה האהלה ותכסהו בשמיכה׃
19 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, osukɔm de me nti ma me nsu.” Enti ɔmaa no nufusu sɛ ɔnnom, na ɔsan kataa ne so.
ויאמר אליה השקיני נא מעט מים כי צמאתי ותפתח את נאוד החלב ותשקהו ותכסהו׃
20 Sisera ka kyerɛɛ no se, “Gyina ntamadan no ano na sɛ obi bebisa wo se obi wɔ ha a, ka se dabi.”
ויאמר אליה עמד פתח האהל והיה אם איש יבוא ושאלך ואמר היש פה איש ואמרת אין׃
21 Nanso ɔbrɛ nti, Sisera faa mu dae. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde asae ne pɛe na ɛkɔe. Ɔde pɛe no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kosii sɛ ehwirew ne moma mu sii fam ma owui.
ותקח יעל אשת חבר את יתד האהל ותשם את המקבת בידה ותבוא אליו בלאט ותתקע את היתד ברקתו ותצנח בארץ והוא נרדם ויעף וימת׃
22 Bere a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue behyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no se, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Enti, odii nʼakyi kɔɔ ntamadan no mu kohuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛe si ne moma so.
והנה ברק רדף את סיסרא ותצא יעל לקראתו ותאמר לו לך ואראך את האיש אשר אתה מבקש ויבא אליה והנה סיסרא נפל מת והיתד ברקתו׃
23 Da no na Israel huu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim.
ויכנע אלהים ביום ההוא את יבין מלך כנען לפני בני ישראל׃
24 Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kosii sɛ akyiri no, wɔsɛee no.
ותלך יד בני ישראל הלוך וקשה על יבין מלך כנען עד אשר הכריתו את יבין מלך כנען׃

< Atemmufo 4 >