< Atemmufo 3 >
1 Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.
Awurade gyaa aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfoɔ a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ.
2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ.
Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛdeɛ wɔbɛnya akodie ho nimdeɛ.
3 Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat.
Saa aman no nie: Filistifoɔ (wɔn a na wɔhyɛ Filistifoɔ ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfoɔ nyinaa, Sidonfoɔ, Hewifoɔ a na wɔte Lebanon bepɔ no so firi Baal Hermon bepɔ ho de kɔsi Lebo Hamat.
4 Wogyaw saa nkurɔfo yi de sɔɔ Israelfo no hwɛe, pɛɛ sɛ wohu sɛ wobedi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so ana.
Wɔgyaa saa nkurɔfoɔ yi de sɔɔ Israelfoɔ no hwɛeɛ, pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔbɛdi mmara a Awurade nam Mose so hyɛ maa wɔn agyanom no so anaa.
5 Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu.
Enti, Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.
6 Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame.
Na wɔdii wɔn ho awadeɛ. Israelfoɔ mmammarima no warewaree wɔn mmammaa ɛnna wɔde Israelfoɔ mmammaa nso maa wɔn mmammarima awadeɛ. Na Israelfoɔ no somm wɔn anyame.
7 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ fii Awurade wɔn Nyankopɔn, na wɔsom Baalim ahoni ne Asera nnua.
Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne. Wɔn werɛ firii Awurade wɔn Onyankopɔn, na wɔsomm Baalim ahoni ne Asera afɔrebukyia.
8 Awurade abufuw mu yɛɛ den tiaa Israel nti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfo yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirihyia awotwe.
Awurade abufuo mu yɛɛ den tiaa Israel enti, ɔde wɔn hyɛɛ Aramhene Kusan-Risataim nsam. Na Israelfoɔ yɛɛ Kusan-Risataim nkoa mfirinhyia nwɔtwe.
9 Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.
Nanso, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, ɔyii ɔbarima bi sɛ ɔgyefoɔ maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima.
10 Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel otemmufo. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim.
Awurade honhom baa ne so, enti ɔbɛyɛɛ Israel ɔtemmufoɔ. Ɔko tiaa Aramhene Kusan-Risataim na Awurade maa Otniel dii ne so nkonim.
11 Enti asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wui.
Enti, asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduanan. Na Kenas babarima Otniel wuiɛ.
12 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno nti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma odii Israel so.
Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na ɛno enti, Awurade de tumi hyɛɛ Moabhene Eglon nsa ma ɔdii Israel so.
13 Eglon boaboaa Amonfo ne Amalekfo ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔtow hyɛɛ Israelfo so. Wodii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko.
Eglon boaboaa Amonfoɔ ne Amalekfoɔ ano ma wɔbɛkaa ne ho na wɔkɔto hyɛɛ Israelfoɔ so. Wɔdii wɔn so, faa kuropɔn Yeriko.
14 Israelfo no som Moabhene Eglon mfirihyia dunwɔtwe.
Israelfoɔ no somm Moabhene Eglon mfirinhyia dunwɔtwe.
15 Nanso Israelfo no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ogyefo. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ofi Benyamin abusuakuw mu. Israelfo no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn sonkahiri sika nkɔma Moabhene Eglon.
Nanso Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade bio no, Awurade maa wɔn ɔgyefoɔ. Ne din ne Ehud, Gera babarima a ɔyɛ abenkumma na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Israelfoɔ no somaa Ehud sɛ ɔmfa wɔn apeatoɔ sika nkɔma Moabhene Eglon.
16 Enti Ehud bɔɔ afoa anofanu a ne tenten yɛ nsateaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatade mu.
Enti, Ehud bɔɔ sekan anofanu a ne tenten yɛ nsateakwaa dunwɔtwe. Ɔde hyɛɛ ne srɛ nifa ho de siee nʼatadeɛ mu.
17 Ɔde sonkahiri sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse tobonn no.
Ɔde apeatoɔ sika no brɛɛ Eglon a wayɛ kɛse twɔfee no.
18 Ɔde sika no maa no wiee no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.
Ɔde sika no maa no wieeɛ no, Ehud gyaa wɔn a na wɔso sika no kwan ma wɔkɔɔ fie.
19 Nanso bere a Ehud duu abo ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsan nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Mewɔ kokoamsɛm bi ka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfo no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa fii ɔdan mu hɔ.
Nanso, ɛberɛ a Ehud duruu aboɔ ahoni a ɛbɛn Gilgal no, ɔsane nʼakyi baa Eglon nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ kokoamsɛm bi meka kyerɛ wo.” Enti ɔhene no maa nʼasomfoɔ no nyinaa yɛɛ dinn na ɔmaa wɔn nyinaa firii ɛdan mu hɔ.
20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte abansoro dan bi a emu dwo mu. Ehud ka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Bere a ɔhene Eglon sɔre fii nʼakongua mu ara pɛ,
Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte aborɔsan dan bi a emu dwoɔ mu. Ehud ka kyerɛɛ no sɛ, “Mewɔ asɛm bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Ɛberɛ a ɔhene Eglon sɔre firii nʼakonnwa mu ara pɛ,
21 Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.
Ehud de ne nsa benkum twee sekan a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu.
22 Afoa no kɔɔ akyiri kosii sɛ ne bona no mpo wuraa ɔhene no srade mu maa ɛso katae. Enti Ehud gyaa afoa no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu gui.
Sekan no kɔɔ akyiri kɔsii sɛ nʼabona no mpo wuraa ɔhene no sradeɛ mu maa ɛso kataeɛ. Enti, Ehud gyaa sekan no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu guiɛ.
23 Afei, Ehud totoo apon no mu foroo agyanan dan no, faa ne asuten no mu guan kɔe.
Afei, Ehud totoo apono no mu foroo agyanan dan no, faa ne nsuseneeɛ no mu dwane kɔeɛ.
24 Ehud kɔe akyi no, ɔhene asomfo no baa hɔ behuu sɛ wɔatoto apon a ɛkɔ aban no so no mu. Na wodwen sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ,
Ehud kɔeɛ akyi no, ɔhene asomfoɔ no baa hɔ bɛhunuu sɛ, apono a ɛkɔ aborɔsan no so no, wɔatoto mu. Na wɔdwene sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ,
25 enti wɔtwɛnee. Wɔtwɛn ara na ɔhene no mma no, ɛhaw wɔn ma wɔkɔhwehwɛɛ safe bi. Na wobuee pon no, wohuu sɛ wɔn wura awu da fam.
enti, wɔtwɛneeɛ. Wɔtwɛneeɛ ara na ɔhene no mma no, ɛhaa wɔn ma wɔkɔpɛɛ safoa bi. Na wɔbuee ɛpono no, wɔhunuu sɛ wɔn wura awu da fam.
26 Bere a asomfo no retwɛn no, Ehud guan faa abo ahoni no so a ɔrekɔ Seira.
Ɛberɛ a asomfoɔ no retwɛn no, Ehud dwane faa aboɔ ahoni no so a ɔrekɔ Seira.
27 Oduu Efraim bepɔw asase no so no, Ehud hyɛn torobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akode mmra. Enti odii Israelfo kuw bi anim sian bepɔw no.
Ɔduruu Efraim bepɔ asase no so no, Ehud hyɛnee totorobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akodeɛ mmra. Enti, ɔdii Israelfoɔ kuo bi anim sianee bepɔ no.
28 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfo a wɔyɛ mo atamfo no so nkonim.” Enti wotu dii nʼakyi. Israelfo no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wofi Moab twa. Ɛno nti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfoɔ a wɔyɛ mo atamfoɔ no so nkonim.” Enti, wɔtu dii nʼakyi. Israelfoɔ no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wɔfiri Moab tware. Ɛno enti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no.
29 Wɔtow hyɛɛ Moabfo no so. Wokunkum wɔn dɔmmarima no bɛyɛ mpem du. Wɔn mu biara antumi anguan.
Wɔto hyɛɛ Moabfoɔ no so. Wɔkunkumm wɔn nnɔmmarima no bɛyɛ ɔpedu. Wɔn mu biara antumi annwane.
30 Enti Israelfo dii Moabfo so nkonim saa da no, na asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduɔwɔtwe.
Enti, Israelfoɔ dii Moabfoɔ so nkonim saa ɛda no, na asomdwoeɛ baa asase no so mfirinhyia aduɔwɔtwe.
31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfo. Ɔde nantwika abaa kum Filistifo ahansia.
Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfoɔ. Ɔde nantwika abaa kumm Filistifoɔ aha nsia.