< Atemmufo 20 >

1 Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.
Entonces todos los hijos de Israel salieron desde Dan hasta Beerseba y la tierra de Galaad, y la congregación se reunió como un solo hombre ante Yavé en Mizpa.
2 Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase.
Los jefes de todo el pueblo, de todas las tribus de Israel, 400.000 hombres de a pie que sacaban espada, tomaron su posición en la asamblea del pueblo de ʼElohim.
3 (Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii.
Los hijos de Benjamín oyeron que los hijos de Israel habían subido a Mizpa. Los hijos de Israel dijeron: Digan cómo fue cometida esta perversidad.
4 Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ.
Y el levita, el marido de la mujer asesinada, respondió: Yo llegué a Gabaa de Benjamín con mi concubina para pasar allí la noche.
5 Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui.
Los hombres de Gabaa se alzaron contra mí, rodearon la casa de noche con intención de matarme, y violaron a mi concubina de tal manera que murió.
6 Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel.
Yo tomé a mi concubina, la corté en trozos y la envié por todo el territorio de la posesión de Israel, porque habían cometido aquella maldad e infamia en Israel.
7 Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.”
Miren, todos ustedes los hijos de Israel están presentes. Den aquí su parecer y consejo.
8 Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie.
Entonces todo el pueblo se levantó como un solo hombre y dijeron: Ninguno de nosotros irá a su tienda, ni volverá a su casa.
9 Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so.
Esto es lo que ahora haremos en Gabaa: Iremos contra ella por sorteo.
10 Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.”
Tomaremos diez hombres de cada centenar de todas las tribus de Israel, y 100 de cada 1.000, y 1.000 de cada 10.000, para que lleven provisiones al pueblo, a fin de que vayan a Gabaa de Benjamín y le hagan según toda la repugnancia que cometió en Israel.
11 Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so.
Así todos los hombres de Israel unidos se juntaron contra la ciudad como un solo hombre.
12 Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi?
Y las tribus de Israel enviaron hombres por toda la tribu de Benjamín para decir: ¿Qué maldad es esta que cometieron ustedes?
13 Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.” Nanso Benyaminfo no antie.
Ahora pues, entreguen a los hombres, aquellos perversos que están en Gabaa, para que los matemos y quitemos esta infamia de Israel. Pero los hijos de Benjamín no quisieron escuchar la voz de sus hermanos, los hijos de Israel.
14 Mmom, wofifi wɔn nkurow mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rebɛko.
Mas bien, los hijos de Benjamín salieron de sus ciudades y se reunieron en Gabaa para enfrentar en batalla a los hijos de Israel.
15 Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho.
Fueron contados aquel día los hijos de Benjamín que salieron de las ciudades: 26.000 hombres que sacaban espada, además de los habitantes de Gabaa, donde se alistaron 700 hombres escogidos.
16 Na Benyamin akofo no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ antoamfom wɔ ahwimmotow mu.
Entre toda esa gente estaban 700 hombres escogidos que eran zurdos. Cada uno podía tirar una piedra con la honda a un cabello y no erraba tiro.
17 Na Israelfo wɔ akofo mpem ahannan a wokurakura mfoa a Benyamin akofo nka ho.
Los hombres de Israel, aparte de Benjamín, ascendían a 400.000 hombres que sacaban espada, todos guerreros.
18 Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?” Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.”
Se levantaron los hijos de Israel y subieron a Bet-ʼEl. Consultaron a ʼElohim: ¿Quién de nosotros irá primero a combatir contra los hijos de Benjamín? Y Yavé respondió: Primero Judá.
19 Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea.
Por la mañana se levantaron los hijos de Israel y acamparon contra Gabaa.
20 Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so.
Salieron los hijos de Israel a pelear contra Benjamín, y se alinearon en orden de batalla contra ellos junto a Gabaa.
21 Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara.
Pero los hijos de Benjamín salieron de Gabaa y derribaron a tierra aquel día 22.000 hombres de Israel.
22 Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no.
Pero el pueblo, los hombres de Israel, se reanimaron y volvieron a ordenar batalla en el mismo lugar donde la habían ordenado el día anterior.
23 Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ Awurade anim akosi anwummere. Afei, wobisaa Awurade se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?” Na Awurade buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”
Pues los hijos de Israel subieron y lloraron delante de Yavé hasta llegar la noche. Consultaron a Yavé: ¿Nos acercaremos otra vez a pelear contra los hijos de nuestro hermano Benjamín? Yavé dijo: Suban contra él.
24 Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no,
Entonces los hijos de Israel llegaron contra los hijos de Benjamín el segundo día.
25 na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe.
Benjamín de Gabaa salió contra ellos el segundo día y otra vez cayeron a tierra 18.000 hombres de los hijos de Israel. Todos ellos sacaban espada.
26 Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ Awurade anim kyen kɔm kosii anwummere. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre maa Awurade.
Entonces todo el pueblo de los hijos de Israel subió, fueron a Bet-ʼEl y lloraron. Permanecieron allí delante de Yavé y ayunaron aquel día hasta llegar la noche. Sacrificaron holocaustos y ofrendas de paz delante de Yavé.
27 Na Israelfo kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa bere no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El,
Consultaron los hijos de Israel a Yavé, pues el Arca del Pacto de ʼElohim estaba allí aquellos días,
28 na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?” Awurade buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.”
y Finees, hijo de Eleazar, hijo de Aarón, ministraba ante ella en aquel tiempo. Preguntaron: ¿Volveremos a salir a luchar contra los hijos de nuestro hermano Benjamín, o desistiremos? Y Yavé dijo: ¡Suban, porque mañana lo entregaré en sus manos!
29 Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae.
Entonces Israel tendió emboscadas alrededor de Gabaa.
30 Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara.
Al tercer día, cuando los hijos de Israel subieron contra los hijos de Benjamín, dispusieron batalla frente a Gabaa como las otras veces.
31 Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho.
Los hijos de Benjamín salieron para enfrentarse al pueblo y se alejaron de la ciudad. Como las otras veces, comenzaron a matar a algunos de ellos en los caminos, uno de los cuales sube a Bet-ʼEl y otro a Gabaa. Así mataron en el campo a unos 30 hombres de Israel.
32 Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu.
Los hijos de Benjamín decían: ¡Están vencidos ante nosotros como antes! Pero los hijos de Israel se habían dicho: Huiremos para alejarlos de la ciudad hasta los caminos.
33 Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee
Entonces todos los de Israel se levantaron de su posición y se dispusieron en orden de batalla en Baal-tamar, mientras que la emboscada de Israel se lanzó desde su posición al oeste de Gabaa.
34 kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba.
10.000 hombres escogidos de todo Israel llegaron frente a Gabaa, y la batalla arreciaba, pero los benjaminitas no entendían que el desastre se les venía encima.
35 Ɛno nti, Awurade boaa Israel ma wodii Benyamin so nkonim. Saa da no, Israelfo kunkum Benyamin akofo no mpem aduonu anum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim afoa ano ko yiye.
Aquel día Yavé derrotó a Benjamín ante Israel, y los hijos de Israel mataron a 25.100 hombres de Benjamín, todos los cuales sacaban espada.
36 Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma.
Los hijos de Benjamín vieron que eran derrotados. Sin embargo, los hijos de Israel cedieron campo a Benjamín, pues confiaban en la emboscada que pusieron contra Gabaa.
37 Afei, wɔn a na wɔatɛw no fii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkum obiara a ɔwɔ kurow no mu.
Entonces la gente de la emboscada se apresuró y atacó a Gabaa. Se desplegó y mataron a filo de espada a toda la ciudad.
38 Wopun wusiw kumɔnn wɔ kurow no so,
Era señal convenida entre los hombres de Israel y los de la emboscada, que éstos harían subir una gran humareda desde la ciudad.
39 a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma Israelfo no sɛ wɔnsan mmra mmɛtow nhyɛ Benyamin akofo no so. Saa bere no na Benyamin akofo no akum Israelfo no aduasa, a wɔteɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so ɔko a edi kan no mu no!”
Así, cuando los hombres de Israel volvieron la espalda en el combate, y los de Benjamín comenzaron a causar bajas entre los hombres de los de Israel y mataron a unos 30 hombres, pensaron: De seguro están derrotados ante nosotros como en el primer combate.
40 Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no,
Pero cuando la humareda comenzó a subir de la ciudad, los de Benjamín miraron hacia atrás y vieron que de la ciudad subía el humo al cielo.
41 Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa.
Entonces los hombres de Israel se devolvieron, mientras los de Benjamín se consternaron, pues veían que la catástrofe cayó sobre ellos.
42 Enti woguan de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no taa wɔn kunkum wɔn.
Por ello volvieron sus espaldas ante los hombres de Israel y tomaron el camino al desierto. Pero la batalla los alcanzó, mientras que los que salían de las ciudades eran exterminados en medio de ellas.
43 Israelfo no twaa Benyaminfo no ho hyiae, taa wɔn anibere so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔe fam.
Cercaron así a los benjamitas y los persiguieron sin tregua hasta frente a Gabaa, hacia donde nace el sol.
44 Da no, Benyamin akofo akɛse mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ wɔ ɔko no mu.
De Benjamín cayeron 18.000 hombres, todos hombres valientes.
45 Wɔn a wɔanwuwu no guan kɔɔ sare so baabi a ɛbɛn Rimon ɔbotan no ho. Nanso Israelfo no kunkum wɔn mu mpem anum wɔ ɔkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kosii sɛ wokum mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.
Los demás se volvieron y huyeron hacia el desierto, hasta la peña de Rimón. De ellos fueron abatidos en los caminos otros 5.000 hombres, y siguieron en la persecución hasta Gidom, donde mataron a 2.000 hombres más.
46 Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no,
De manera que los que cayeron de Benjamín aquel día fueron 25.000 hombres que sacaban espada, todos hombres valientes.
47 maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no.
Pero 600 hombres se volvieron y huyeron hacia el desierto, hasta la peña de Rimón, y se quedaron en la peña de Rimón cuatro meses.
48 Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee.
Los de Israel se volvieron contra los hijos de Benjamín y los mataron a filo de espada, tanto hombres como animales, y todo lo que fue hallado, e incendiaron las ciudades.

< Atemmufo 20 >