< Atemmufo 2 >

1 Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so.
И дође анђео Господњи од Галгала у Воким и рече: Извео сам вас из Мисира и довео вас у земљу за коју сам се заклео оцима вашим; и рекох: Нећу покварити завет свој с вама довека.
2 Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so?
А ви не хватајте веру са становницима те земље, олтаре њихове раскопајте. Али не послушасте глас мој. Шта сте то учинили?
3 Nea moayɛ yi nti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛn mu nsɔe na wɔn anyame nso ayɛ mfiri a wɔasum ahintaw mo.”
Зато и ја рекох: Нећу их одагнати испред вас, него ће вам бити као трње, и богови њихови биће вам замка.
4 Awurade bɔfo kasa wiee no Israelfo no suu dennen.
А кад изговори анђео Господњи ове речи свим синовима Израиљевим, народ подиже глас свој и плака.
5 Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.
Зато прозваше оно место Воким; и онде принесоше жртве Господу.
6 Yosua gyaa nkurɔfo no kwan akyi no, mmusuakuw no mu biara kɔfaa nʼagyapade a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no.
А Исус распусти народ, и разиђоше се синови Израиљеви сваки на своје наследство, да наследе земљу.
7 Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.
И служи народ Господу свега века Исусовог и свега века старешина који живеше дуго иза Исуса које беху виделе сва велика дела Господња што учини Израиљу.
8 Afei, Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui a na wadi mfirihyia ɔha ne du.
Али умре Исус син Навин слуга Господњи, кад му беше сто и десет година.
9 Wosiee no wɔ ne wugyaw asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔw asase no a ɛwɔ Gaas bepɔw no atifi fam no.
И погребоше га у међама наследства његовог у Тамнат-Аресу у гори Јефремовој са севера гори Гасу.
10 Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no.
И сав онај нараштај прибра се к оцима својим, и наста други нараштај иза њих, који не познаваше Господа ни дела која је учинио Израиљу.
11 Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni.
И синови Израиљеви, чинише што је зло пред Господом, и служише Валима.
12 Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii.
И оставише Господа Бога отаца својих, који их је извео из земље мисирске, и пођоше за другим боговима између богова оних народа који беху око њих, и клањаше им се, и разгневише Господа.
13 Wogyaw Awurade akyidi, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni.
И оставише Господа, и служише Валу и Астаротама.
14 Eyi maa Awurade bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano.
И разгневи се Господ на Израиља, и даде их у руке људима који их плењаху, и продаде их у руке непријатељима њиховим унаоколо, и не могаше се више држати пред непријатељима својим.
15 Bere biara a Israelfo bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wodi nkogu, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Enti wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
Куд год полажаху, рука Господња беше против њих на зло, као што беше рекао Господ и као што им се беше заклео Господ; и беху у великој невољи.
16 Afei, Awurade pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam.
Тада им Господ подизаше судије, који их избављаху из руку оних што их плењаху.
17 Nanso Israelfo no antie atemmufo no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforo, kotow wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so fii wɔn agyanom a wɔyɛɛ osetie maa Awurade mmara nsɛm no kwan so.
Али ни судија својих не слушаше, него чинише прељубу за другим боговима, и клањаше им се; брзо зађоше с пута којим идоше оци њихови слушајући заповести Господње; они не чинише тако.
18 Bere biara a Awurade de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ Awurade huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ.
И кад им Господ подизаше судије, беше Господ са сваким судијом, и избављаше их из руку непријатеља њихових свега века судијиног; јер се сажали Господ ради њиховог уздисања на оне који им криво чињаху и који их цвељаху.
19 Nanso atemmufo no wu akyi no, nnipa no san kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sen wɔn a wodii wɔn anim kan no. Wodii anyame foforo akyi. Wɔkotow wɔn, som wɔn. Na wɔampɛ sɛ wogyae wɔn nnebɔnesɛm ne asobrakye no.
А кад судија умре, они се враћаху опет и биваху гори од отаца својих идући за боговима другим и служећи им и клањајући им се; не остављаху се дела својих нити путева својих опаких.
20 Enti Awurade bo fuw Israel. Ɔkae se, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe so, na wɔapo me mmara nsɛm nti,
Зато се распали гнев Господњи на Израиља, и рече: Кад је тај народ преступио мој завет који сам заповеди оцима њиховим, и не послушаше глас мој,
21 merempam aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewu no.
Ни ја нећу више ниједнога гонити испред њих између народа које остави Исус кад умре,
22 Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie Awurade sɛnea wɔn agyanom yɛe no.”
Да њима кушам Израиља хоће ли се држати пута Господњег ходећи по њему, као што су се држали оци њихови, или неће.
23 Ɛno nti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammedi wɔn nyinaa so no.
И Господ остави те народе и не изагна их одмах не предавши их у руке Исусу.

< Atemmufo 2 >