< Atemmufo 18 >

1 Saa bere no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuw rehwehwɛ baabi atena, efisɛ na wontumi mpam nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so.
בימים ההם אין מלך בישראל ובימים ההם שבט הדני מבקש לו נחלה לשבת--כי לא נפלה לו עד היום ההוא בתוך שבטי ישראל בנחלה
2 Enti mmarima a wofi Dan abusuakuw yii akofo baanum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔhwehwɛ asase a wobetumi atena so. Bere a saa akofo yi duu Efraim bepɔw asase so no, wɔkɔɔ Mika fi kɔdaa hɔ anadwo no.
וישלחו בני דן ממשפחתם חמשה אנשים מקצותם אנשים בני חיל מצרעה ומאשתאל לרגל את הארץ ולחקרה ויאמרו אלהם לכו חקרו את הארץ ויבאו הר אפרים עד בית מיכה וילינו שם
3 Wotiee Lewini aberante no sɛnea na ɔrekasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no se, “Hena na ɔde wo baa ha na dɛn na woreyɛ? Na adɛn nti na wowɔ ha?”
המה עם בית מיכה והמה הכירו את קול הנער הלוי ויסורו שם ויאמרו לו מי הביאך הלם ומה אתה עשה בזה ומה לך פה
4 Ɔkaa nhyehyɛe a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfo ma Mika.
ויאמר אלהם--כזה וכזה עשה לי מיכה וישכרני ואהי לו לכהן
5 Na wɔkae se, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantu yi besi yiye anaasɛ ɛrensi yiye.”
ויאמרו לו שאל נא באלהים ונדעה--התצלח דרכנו אשר אנחנו הלכים עליה
6 Ɔsɔfo no kae se, “Monkɔ no asomdwoe mu, efisɛ, Awurade bedi mo anim wɔ mo akwantu no mu.”
ויאמר להם הכהן לכו לשלום נכח יהוה דרככם אשר תלכו בה
7 Na mmarima baanum no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wohuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfo na wɔte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoe ne bammɔ. Na nnipa no wɔ sika, efisɛ na wɔn asase no yɛ asase bere. Na wɔne Sidon ntam twe yiye, na wɔne obiara nni twaka.
וילכו חמשת האנשים ויבאו לישה ויראו את העם אשר בקרבה יושבת לבטח כמשפט צדנים שקט ובטח ואין מכלים דבר בארץ יורש עצר ורחוקים המה מצידנים ודבר אין להם עם אדם
8 Bere a wɔsan kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn se, “Dɛn na muhui?”
ויבאו אל אחיהם צרעה ואשתאל ויאמרו להם אחיהם מה אתם
9 Na wobuae se, “Momma yɛnkɔtow nhyɛ wɔn so! Yɛahu asase no na eye pa ara. Monntwentwɛn mo anan ase koraa, monkɔfa asase no.
ויאמרו קומה ונעלה עליהם כי ראינו את הארץ והנה טובה מאד ואתם מחשים--אל תעצלו ללכת לבא לרשת את הארץ
10 Sɛ mudu hɔ a, mubehu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bere yantamm a biribiara wɔ so.”
כבאכם תבאו אל עם בטח והארץ רחבת ידים--כי נתנה אלהים בידכם מקום אשר אין שם מחסור כל דבר אשר בארץ
11 Enti akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu sii mu fii Sora ne Estaol.
ויסעו משם ממשפחת הדני מצרעה ומאשתאל שש מאות איש חגור כלי מלחמה
12 Wɔkyeree nsraban wɔ beae bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔe fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan besi nnɛ.
ויעלו ויחנו בקרית יערים--ביהודה על כן קראו למקום ההוא מחנה דן עד היום הזה--הנה אחרי קרית יערים
13 Wofi hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔw asase no so, baa Mika fi.
ויעברו משם הר אפרים ויבאו עד בית מיכה
14 Enti mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Nsɔree so bi wɔ ha a asɔfotade kronkron, abusua ahoni, ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Munim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
ויענו חמשת האנשים ההלכים לרגל את הארץ ליש ויאמרו אל אחיהם הידעתם כי יש בבתים האלה אפוד ותרפים ופסל ומסכה ועתה דעו מה תעשו
15 Enti mmarima baanum no kɔɔ Mika fi, faako a Lewini aberante no te na wokyiaa no fɛw so.
ויסורו שמה ויבאו אל בית הנער הלוי בית מיכה וישאלו לו לשלום
16 Saa bere no na akofo ahansia a wofi Dan abusuakuw mu no gyinagyina abɔntenpon no ano pɛɛ,
ושש מאות איש חגורים כלי מלחמתם נצבים פתח השער--אשר מבני דן
17 na akwansrafo baanum no kɔɔ nsɔree so hɔ, kɔfaa ohoni, asɔfotade kronkron, ne abusua ahoni no.
ויעלו חמשת האנשים ההלכים לרגל את הארץ--באו שמה לקחו את הפסל ואת האפוד ואת התרפים ואת המסכה והכהן נצב פתח השער ושש מאות האיש החגור כלי המלחמה
18 Bere a ɔsɔfo no huu sɛ mmarima no retwe akronkronne no afi Mika nsɔree so hɔ no, obisaa wɔn se, “Dɛn na moreyɛ yi?”
ואלה באו בית מיכה ויקחו את פסל האפוד ואת התרפים ואת המסכה ויאמר אליהם הכהן מה אתם עשים
19 Wobuaa no se, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn sɔfo. Wunnye nni sɛ eye sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuw bi sɔfo sen sɛ wobɛyɛ onipa baako fi mu sɔfo?”
ויאמרו לו החרש שים ידך על פיך ולך עמנו והיה לנו לאב ולכהן הטוב היותך כהן לבית איש אחד או היותך כהן לשבט ולמשפחה בישראל
20 Ɔsɔfo aberante no ani gyei sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotade kronkron no, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.
וייטב לב הכהן ויקח את האפוד ואת התרפים ואת הפסל ויבא בקרב העם
21 Wosii mu bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapade, dii wɔn anim.
ויפנו וילכו וישימו את הטף ואת המקנה ואת הכבודה--לפניהם
22 Bere a Dan abusuakuw mu nnipa no afi Mika fi kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfo mu bi tiw wɔn.
המה הרחיקו מבית מיכה והאנשים אשר בבתים אשר עם בית מיכה נזעקו וידביקו את בני דן
23 Wɔbɛn wɔn no wɔteɛteɛɛ mu. Na Dan mmarima no dan wɔn ani kae se, “Dɛn na morehwehwɛ? Adɛn nti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sɛɛ?”
ויקראו אל בני דן ויסבו פניהם ויאמרו למיכה מה לך כי נזעקת
24 Mika buae se, “Wubisa sɛ dɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ dɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me sɔfo, na minni hwee bio!”
ויאמר את אלהי אשר עשיתי לקחתם ואת הכהן ותלכו--ומה לי עוד ומה זה תאמרו אלי מה לך
25 Dan mmarima no buae se, “Hwɛ nea woreka no yiye! Yɛn mu bi bo nkyɛ fuw, anhwɛ a wɔn bo befuw na wɔakum wo ne wʼabusuafo.”
ויאמרו אליו בני דן אל תשמע קולך עמנו--פן יפגעו בכם אנשים מרי נפש ואספתה נפשך ונפש ביתך
26 Enti Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika huu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ontumi ntow nhyɛ wɔn so no, ɔdan ne ho kɔɔ fie.
וילכו בני דן לדרכם וירא מיכה כי חזקים המה ממנו ויפן וישב אל ביתו
27 Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne sɔfo no de wɔn baa kurow Lais a emu nnipa wɔ asomdwoe ne bammɔ no mu. Wɔtow hyɛɛ emu nnipa no so, kunkum wɔn nyinaa, hyew kurow no dwerɛbee.
והמה לקחו את אשר עשה מיכה ואת הכהן אשר היה לו ויבאו על ליש על עם שקט ובטח ויכו אותם לפי חרב ואת העיר שרפו באש
28 Na obiara nni hɔ a obegye kurow no mufo, efisɛ na nea wɔte no ne Sidon mu twe na wonni adɔfo a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii wɔ obon a ɛbɛn Bet-Rehob no mu. Afei, Dan abusuakuw no mma san kyekyeree kurow no, na wɔtenaa hɔ.
ואין מציל כי רחוקה היא מצידון ודבר אין להם עם אדם והיא בעמק אשר לבית רחוב ויבנו את העיר וישבו בה
29 Wɔde kurow no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kan no wɔfrɛ hɔ Lais.
ויקראו שם העיר דן בשם דן אביהם אשר יולד לישראל ואולם ליש שם העיר לראשנה
30 Afei, wogyinaa ohoni a wɔagu no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Mose aseni sɛ wɔn sɔfo. Saa ofi yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfo maa Dan abusuakuw kosii Otukɔ bere.
ויקימו להם בני דן את הפסל ויהונתן בן גרשם בן מנשה הוא ובניו היו כהנים לשבט הדני עד יום גלות הארץ
31 Enti Dan abusuakuw no toaa so som ohoni a ɛyɛ Mika dea no wɔ bere tenten a na Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no wɔ Silo.
וישימו להם את פסל מיכה אשר עשה כל ימי היות בית האלהים בשלה

< Atemmufo 18 >