< Atemmufo 17 >

1 Ɔbarima bi tenaa Efraim bepɔw asase so a na wɔfrɛ no Mika.
ויהי איש מהר אפרים ושמו מיכיהו
2 Da koro bi, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Metee sɛ wodomee ɔkorɔmfo a owiaa wo nnwetɛbona kilogram du abien ne fa fii wo nkyɛn no. Nnwetɛbona no wɔ me nkyɛn. Me ara na mefae.” Ne na kae se, “Awurade nhyira wo, me ba.”
ויאמר לאמו אלף ומאה הכסף אשר לקח לך ואתי (ואת) אלית וגם אמרת באזני הנה הכסף אתי אני לקחתיו ותאמר אמו ברוך בני ליהוה
3 Ɔde nnwetɛbona kilogram du abien ne fa no maa ne na no, ne na no kae se, “Metew me nnwetɛbona yi ho ma Awurade. Mɛma wɔayɛ ohoni a wɔde dwetɛ agu. Mɛsan de ama wo.”
וישב את אלף ומאה הכסף לאמו ותאמר אמו הקדש הקדשתי את הכסף ליהוה מידי לבני לעשות פסל ומסכה ועתה אשיבנו לך
4 Enti ne na de nnwetɛbona ahannu kɔmaa dwetɛdwumfo na ɔde yɛɛ ohoni. Na wɔde sii Mika fi.
וישב את הכסף לאמו ותקח אמו מאתים כסף ותתנהו לצורף ויעשהו פסל ומסכה ויהי בבית מיכיהו
5 Mika yɛɛ nsɔre so na ɔyɛɛ asɔfotade ne ne fifo ahoni kaa ho. Ɛnna ɔhyɛɛ ne mmabarima no mu baako sɔfo.
והאיש מיכה לו בית אלהים ויעש אפוד ותרפים וימלא את יד אחד מבניו ויהי לו לכהן
6 Saa bere no na Israel nni ɔhene, nti na nnipa no yɛ nea wɔpɛ biara.
בימים ההם אין מלך בישראל איש הישר בעיניו יעשה
7 Da bi, Lewini aberante bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda
ויהי נער מבית לחם יהודה ממשפחת יהודה והוא לוי והוא גר שם
8 beduu saa beae hɔ wɔ Efraim asase so a ɔrehwehwɛ baabi foforo atena. Ɛbae sɛ, ɔkɔsoɛɛ wɔ Mika fi.
וילך האיש מהעיר מבית לחם יהודה לגור באשר ימצא ויבא הר אפרים עד בית מיכה לעשות דרכו
9 Mika bisaa no se, “Ɛhe na wufi?” Ɔno nso buae se, “Meyɛ Lewini a mifi Betlehem wɔ Yuda na merehwehwɛ baabi atena.”
ויאמר לו מיכה מאין תבוא ויאמר אליו לוי אנכי מבית לחם יהודה ואנכי הלך לגור באשר אמצא
10 Mika ka kyerɛɛ no se, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfo ama me. Mɛma wo nnwetɛbona gram ɔha ne dunan afe biara; mɛma wo ntade ne aduan.”
ויאמר לו מיכה שבה עמדי והיה לי לאב ולכהן ואנכי אתן לך עשרת כסף לימים וערך בגדים ומחיתך וילך הלוי
11 Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmabarima no mu baako.
ויואל הלוי לשבת את האיש ויהי הנער לו כאחד מבניו
12 Enti Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi.
וימלא מיכה את יד הלוי ויהי לו הנער לכהן ויהי בבית מיכה
13 Na Mika kae se, “Minim sɛ Awurade behyira me, efisɛ mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me sɔfo.”
ויאמר מיכה--עתה ידעתי כי ייטיב יהוה לי כי היה לי הלוי לכהן

< Atemmufo 17 >