< Atemmufo 16 >

1 Da bi, Samson kɔɔ Filistifo kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbea guamanfo bi kɔdaa anadwo no.
三松往迦薩去,在那裏看見一個妓女,便去走近了她。
2 Ankyɛ na kurowmma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛn kurow no pon ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kae se, “Ade kye a yebekum no.”
有人告訴迦薩人說:「三松到這裏來了。」他們就把他圍住,終夜派人埋伏在城門口,整夜靜悄悄地等待他,說:「等到早晨天亮,我們纔殺他。」
3 Na Samson daa hɔ ara kosii ɔdasu mu. Ɔsɔre soo kurow no apon no ne nʼaponnua abien mu hodwow no, na otutuu dade abaa a ɛda akyi ne nea ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmati so, soa de kɔɔ bepɔw bi a ɛne Hebron di nhwɛanim no atifi.
三松睡到半夜,半夜醒來,抓緊城門,連兩個門框帶門閂,一起拔起,放在肩上,背到赫特龍對面的山頂上。三松與德里拉
4 Akyiri no, Samson nyaa ɔbea bi wɔ Sorek bon no mu a na wɔfrɛ no Delila.
此後,他在芍勒克平原又愛上一個女人,名叫德里拉。
5 Filistifo ntuanofo no kɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Hwɛ sɛ wubetumi adaadaa Samson ama wakyerɛ wo nea ɛma onya ahoɔden saa ne sɛnea yebetumi adi ne so, akyekyere no papee a yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbona du abien ne fa.”
培肋舍特的酋長上到她那裏,對她說:「請你引誘他,看看他這樣大的力量是從那裏來的,我們怎樣能制勝他,將他捆起,而制伏他;我們每人給你一千一百銀子。」
6 Enti Delila ka kyerɛɛ Samson se, “Mesrɛ wo kyerɛ me nea ɛma wo ahoɔden saa ne nea ɛbɛyɛ a wobetumi akyekyere wo papee.”
德里拉問三松說:「請你告訴我,你這樣大的力量是從那裏來的﹖人怎樣纔能將你捆起,而制伏你﹖」
7 Samson buaa no se, “Sɛ obi de agyan so ahama ason a ɛnwoe kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ onipa biara.”
三松回答說:「人若用七根未乾的新牛筋繩將我捆起,我就像別人一樣軟弱。」
8 Enti Filistifo ntuanofo no de agyan so ahama ason a ɛnwoe brɛɛ Delila ma ɔde kyekyeree Samson.
培肋舍特人的酋長就給她送來七根未乾的新牛筋繩,她便用這些繩子將他捆起。
9 Saa bere yi na ɔde mmarima ahintaw wɔ adan a ɛwɔ ne fi no baako mu; na ɔteɛɛ mu se, “Samson, Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Nanso ɔtetew agyan ahama ason a ɛnwoe no mu te sɛ hama bi a wɔde aka ogya a ɛdɛw. Enti wɔanhu nʼahoɔden no ahintasɛm.
當時有埋伏的人暗藏在她的內室裏;德里拉向他喊說:「三松,培肋舍特人來捉你哩! 」他就掙斷牛筋繩,如同麻線被火燒斷一樣;於是人們仍不知他力量的所在。
10 Akyiri no, Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee.”
德里拉遂對三松說:「看,你戲弄我,對我說謊。如今請你告訴我,怎樣纔能捆綁你﹖」
11 Samson buaa no se, “Sɛ wɔde ntampehama amono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛw te sɛ onipa obiara.”
他回答她說:「人若用從未用過的新繩將我捆起,我就像別人一樣軟弱。」
12 Enti Delila kɔfaa ntampehama amono de kyekyeree no. Saa bere no na mmarima no akɔtetɛw wɔ dan mu te sɛ kan no. Bio, Delila teɛɛ mu frɛɛ no se, “Samson! Filistifo aba sɛ wɔrebɛkyere wo!” Nanso Samson tetew ntampehama no mu fii ne nsa so te sɛ asaawa bi.
德里拉就拿新繩將他捆起,對他喊說:「三松,培肋舍特人來捉你哩! 」當時仍有埋伏的人暗藏在內室裏;但他掙斷手臂上的繩子,好像一根絲線一樣。
13 Delila ka kyerɛɛ no se, “Wudii me ho fɛw twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛnea wobetumi akyekyere wo papee ana?” Samson buaa no se, “Sɛ wonwen me tinwi mmɛsa ason no bɔ ntama bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛw te sɛ obiara.” Enti ɔdae no, Delila bɔɔ ne tinwi mmɛsa ason no
德里拉對三松說:「到現在你仍戲弄我,對我說謊;你告訴我,人怎樣纔能捆綁你﹖」他回答她說:「你若把我頭上的七條髮辮與織布的經線編在一起,然後用木橛釘住,我就像別人一樣軟弱。」
14 de bɔɔ ntama bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyanee, twee akurokurowa no yii ne tinwi no fii ntama bamma no mu.
德里拉使他睡了,然後把他頭上的七條髮辮與織布的經線編在一起,再用木橛釘住,向他喊說:「三松,培肋舍特人來捉你哩! 」他從夢中醒來,把織布機的木橛連織布的經線都拔了出來。
15 Delila sɔm nʼano kae se, “Wutumi ka sɛ wodɔ me, wɔ bere a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛw mprɛnsa, nanso wonkaa nea ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me ɛ!”
德里拉就對他說:「你心裏既沒有我,你怎能說:我愛你呢﹖你已三次戲弄我,還沒有告訴我你這樣大的力量是從那裏來的! 」
16 Oguan ne ho adekyee biara kosii sɛ afei na ne ho guan no.
因為她天天用話來逼他,催他,致使他的精神苦惱的要死。
17 Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no se, “Wonyii me tinwi da, efisɛ wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni fi awo mu. Sɛ woyi me tinwi a, mʼahoɔden no befi me mu ama mayɛ mmerɛw te sɛ obiara.”
三松遂把心中的一切全透露給她,對她說:「剃刀從未接觸過我的頭,因為我在母胎時就是獻於天主的;人若剃去我的頭髮,我的力量就離開了我,我就像眾人一樣軟弱。」
18 Delila huu sɛ afei de waka nokware akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifo ntuanofo no se, “Mommra bio, efisɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti Filistifo ntuanofo no san wɔn akyi kɔfaa sika no bae.
德里拉一見他把心中的一切全給她透露了,便打發人召培肋舍特的酋長來說:「這一次你們上來罷! 因為他把心中的一切全透露給我。」於是培肋舍特人的酋長手中帶著銀子,來到德里拉那裏。
19 Delila dɛfɛdɛfɛ Samson ma ɔdae a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi ba ma obeyii ne tinwi sɛnea ne kyere no bɛyɛ yiye. Na nʼahoɔden no fii ne mu.
德里拉使三松睡在自己的膝上,又叫來一個人,剃去他頭上的七條髮辮,他就開始軟弱無力,他的力量全離開了他。
20 Afei, ɔteɛɛ mu se, “Samson! Filistifo no aba rebɛkyere wo!” Onyan no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mɛyɛ sɛnea kan no na meyɛ no; mɛwosow me ho agye me ho.” Nanso na onnim sɛ Awurade afi ne mu.
她於是喊說:「三松,培肋舍特人來捉你哩! 」他由夢中醒來,心想:「這一次和前幾次一樣,我一掙扎,必能脫身。」他卻不知道上主已離棄了他。
21 Na Filistifo no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na woguu no kɔbere mfrafrae mpokyerɛ ma ɔyam atoko wɔ afiase.
培肋舍特人便把他捉住,剜去他的眼睛,帶他下到迦薩,用銅鍊鎖了他,叫他在監獄裏推磨。
22 Nanso ankyɛ na ne tinwi no fii ase fuwii.
但是他的頭髮在剃了以後,又漸漸長起來。三松殉身復仇
23 Filistifo ntuanofo no hyɛɛ fa kɛse bi, bɔɔ afɔre maa wɔn nyame Dagon dii ahurusi kae se, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn tamfo no ahyɛ yɛn nsam!”
培肋舍特人的酋長聚集起來,為給他們的神達貢舉行祭獻大典,表示慶祝;他們說:「我們的神把我們的仇人三松交在我們手中。」
24 Bere a nnipa no huu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kae se, “Yɛn nyame de yɛn tamfo ahyɛ yɛn nsam; nea okunkum yɛn mu bebree no, yɛn nsa aka no!”
民眾一見三松,就讚頌他們的神說:「我們的神把破壞過我們的田地,殺害過我們多人的仇人,交在我們的手中了。」
25 Nnipa no bow nsa kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ommegye yɛn ani.” Enti woyii Samson fii afiaase. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum abien a ekura ɔdan no nkuruso no ntam.
當他們興高采烈的時候,就喊說:「讓三松給我們表演把戲。」他們就從監獄裏叫出三松來,在他們面前耍把戲;以後把他放在兩根柱子中間。
26 Samson ka kyerɛɛ ɔsomfo a okura ne nsa rekyerɛ no kwan no se, “Ma memfa me nsa nsuso adum abien no mu, na minnye mʼahome.”
三松對牽他手的僮僕說:「讓我摸摸支殿的柱子,好能靠一靠。」
27 Na nnipa ahyɛ hyiadan mu hɔ ma tɔ. Filistifo ntuanofo no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɔdan no so nkuruso no nso na mmarima ne mmea bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛw.
那時殿內滿了男女,培肋舍特人的酋長也在裏面,在天台上約有三千男女,都在看三松表演把戲。
28 Na Samson su frɛɛ Awurade se, “Otumfo Awurade, kae me bio. Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mintua Filistifo so ka wɔ mʼani a wɔatutu no ho.”
三松呼求上主說:「吾主上主,求你眷念我! 天主,求你再賜我力量,只要這一次! 以報培肋舍特人剜我雙眼的仇。」
29 Afei Samson susoo adum abien a ɛwɔ hyiadan no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piae.
三松就抱住正中支殿的兩根柱子,右手抱一根,左手抱一根;
30 Samson bɔɔ mpae se, “Ma me ne Filistifo no nwu.” Na hyiadan no dwiriw guu Filistifo ntuanofo no ne nnipa no nyinaa so. Enti okum nnipa bebree sen dodow a okum wɔn bere a na ɔte ase no.
然後三松說:「讓我的性命和培肋舍特人同歸於盡! 」於是他奮力屈身,大殿隨之倒塌,壓在酋長和裏面所有的民眾身上;這樣他在臨死時所殺死的人,比一生所殺死的人還多。
31 Akyiri no, ne nuabarimanom ne nʼabusuafo a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kosiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, faako a wosiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfo so sɛ otemmufo mfe aduonu.
此後,他的兄弟和父親的全家下來,把他抬上去,葬在祚辣和厄市陶耳之間,他父親瑪諾亞的墳墓裏。他作以色列民長二十年。

< Atemmufo 16 >