< Atemmufo 15 >

1 Akyiri no, awitwabere mu no, Samson faa abirekyi ba sɛ ɔde rekɔkyɛ ne yere. Ɔpɛɛ sɛ anka ɔkɔda ne nkyɛn, nanso ɔbea no agya amma no mu kwan.
日を經てのち麥秋の時にサムソン山羊羔をたづさへて妻のもとを訪ていひけるは我室に入てわが妻に會んと然るに妻の父其の入ことをゆるさず
2 Ɔbea no agya no kae se, “Medwenee sɛ na wotan no, ɛno nti, mede no ama ɔbarima a na odi wʼanan ase wɔ mo ayeforohyia mu no. Nanso hwɛ ne nuabea ho yɛ fɛ sen no. Ware no si anan.”
其父すなはちいひけるはわれまことに汝は彼の婦を嫌ひたりと意ひしがゆゑに彼を汝の伴侶たりし者に與へたり彼が妹は彼よりも善にあらずやねがはくは彼に代て之を汝のものとせよ
3 Samson kae se, “Saa bere yi, obiara rentumi mmɔ me sobo wɔ biribiara a merebɛyɛ mo Filistifo ho.”
サムソン彼らにいひけるは今回はわれペリシテ人に害を加ふるとも彼らに對して罪なかるべしと
4 Afei ofii hɔ kɔe, kɔkyeree sakraman ahaasa. Ɔkyekyeree sakraman abien abien dua bɔɔ ho, na ɔkyekyeree ogyatɛn fam dua abien biara ho.
サムソンすなはち往て山犬三百をとらへ火炬をとり尾と尾をあはせてその二つの尾の間に一つの火炬を結ひつけ
5 Ɔsɔɔ ogyatɛn no na ɔmaa sakraman no tuu mmirika faa Filistifo mfuw mu. Ɔhyew wɔn awi nyinaa pasaa; nea wɔahyehyɛ wɔ san so ne nea wontwae nyinaa. Ɔsɛee wɔn bobeturo ne ngonnua nyinaa.
火炬に火をつけてペリシテ人のいまだ刈ざる麥のなかにこれを放ち入れその束ね積たるものといまだ刈ざるものを焚き橄欖の園にまで及ぼせり
6 Filistifo no bisae se, “Na hena na ɔyɛɛ saa amumɔyɛ yi?” Wɔn ara buae se, “Ɛyɛ Samson efisɛ nʼase barima a ofi Timna de Samson yere ama ɔbarima a na odi ne nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.” Enti Filistifo no kɔkyeree ɔbea no ne nʼagya hyew wɔn ma wowuwui.
ペリシテ人いひけるは是は誰の行爲なるやこたへて言ふテムナテ人の婿サムソンなりそは彼サムソンの妻をとりて其伴侶なりし者に與へたればなりとここにおいてペリシテ人上りきたりて彼の婦とその父とを火にて燒きうしなへり
7 Samson suae se, “Esiane nea moayɛ yi nti, metua mo so ka na merennyae ara da kosi sɛ me bo bɛtɔ me yam!”
サムソンかれらに言ふ汝ら斯おこなへば我汝らに仇をむくはでは止じと
8 Enti ɔde abufuw kɔtow hyɛɛ Filistifo no so kunkum wɔn mu bebree. Afei, ɔkɔtenaa ɔbodan bi a ɛwɔ ɔbotan bi mu wɔ Etam.
すなはち脛に腿に彼らを撃て大いに之を殺せりかくてサムソンは下りてエタムの巖間に居る
9 Filistifo no nso kyeree nsraban wɔ Yuda sɛee Lehi kurow no de tuaa ne so ka.
ここにおいてペリシテ人上り來りてユダに陣を取りレヒに布き備へたれば
10 Yuda mmarima bisaa Filistifo no se, “Adɛn nti na motow hyɛ yɛn so saa?” Filistifo no buae se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyere Samson. Nea ɔyɛɛ yɛn no, yɛrebetua no so ka.”
ユダの人々いひけるは汝ら何の故にわれらに攻めのぼりたるやとかれらこたへけるはサムソンをしばりて彼がわれらに爲しごとくかれに爲んとてのぼれるなりと
11 Enti Yudafo mpensa kɔɔ ɔbodan a ɛwɔ ɔbotan mu wɔ Etam no sɛ wɔrekɔkyere Samson. Wɔka kyerɛɛ Samson sɛ, “Wunnim sɛ Filistifo na wodi yɛn so? Dɛn na woreyɛ yɛn yi?” Nanso Samson buae wɔn se, “Nea wɔyɛɛ me no na mituaa wɔn so ka.”
是をもてユダの人三千人エタムの巖間にくだりてサムソンにいふ汝ペリシテ人はわれらを轄るものなるを知らざるや汝などてかわれらに斯る事をなせしやサムソンかれらにいひけるは我は彼らが我に爲しごとく彼らに爲しなりと
12 Nanso Yuda mmarima ka kyerɛɛ no se, “Yɛaba sɛ yɛrebɛkyekyere wo na yɛde wo akɔma Filistifo.” Samson kae se, “Monhyɛ me bɔ sɛ mo ankasa de, morenkum me.”
かれらまたサムソンにいひけるは我らは汝をしばりてペリシテ人の手にわたさんとて下りきたれりサムソンかれらにいひけるは汝らの自われを害すまじきことを我に誓へ
13 Wobuae se, “Yɛbɛkyekyere wo de wo akɔma Filistifo. Yɛrenkum wo.” Enti wɔde hama foforo abien guu ne so kyekyeree no papee, twee no fii ɔbotan no mu.
彼ら之にかたりていふいなわれらはただ汝を縛りいましめてペリシテ人の手にわたさんのみわれらは必らず汝を殺さざるべしとすなはち二條の新しき索をもてかれをいましめて巖より之を携かへれり
14 Samson duu Lehi no, Filistifo no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetew ahama a egu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tetew fii ne nsakɔn guu fam.
サムソン、レヒにいたれるときペリシテ人聲を揚てかれに近づきしが時しもヱホバの靈彼にのぞみたればその腕にかかれる索は火に焚たる麻のごとくになりて手のいましめ解はなれたり
15 Afei, ɔmaa afurum abogye bi a na ɛda fam so de kunkum Filistifo apem.
サムソンすなはち驢馬のあたらしき腮骨ひとつを見出し手をのべて之を取り其をもて一千人を殺し
16 Na Samson kae se, “Mede afurum abogye, Ahɔre wɔn sɛ siw! Mede afurum abogye, akunkum mmarima apem!”
而して言ふ驢馬の腮骨をもて山をきづき山をつくる驢馬の腮骨をもて我一千人を撃殺せりと
17 Na owiee kasa no, ɔtow abogye no kyenee. Na wɔtoo beae hɔ din Ramat-Lehi a ase ne Abogye bepɔw.
かく言終りてその手より腮骨をうちすて其處をラマテレヒと名けたり
18 Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yiye nti osu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛse yi. Na enti osukɔm nkum me, na minwu wɔ saa abosonsomfo yi nsam ana?”
時に彼渇をおぼゆること甚だしかりしかばヱホバによばはりていふ汝のしもべの手をもて汝この大なる拯をほどこしたまへるにわれ今渇きて死に割禮を受けざるものの手におちいらんとすと
19 Enti Awurade maa nsu pue fii tokuru bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho san no. Na ɔtoo hɔ din se En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de besi nnɛ.
ここにおいて神レヒに在るくぼめる所を裂きたまひしかば水そこより流れいでしがサムソン之を飮たれば精神舊に返りてふたたび爽になりぬ故に其名をエンハッコレ(呼はれるものの泉)と呼ぶ是今日にいたるまでレヒに在り
20 Samson yɛɛ Israel so temmufo mfe aduonu; bere a na Filistifo di Israel asase so no.
サムソンはペリシテ人の治世の時に二十年イスラエルをさばけり

< Atemmufo 15 >