< Atemmufo 14 >

1 Da bi a na Samson wɔ Timna no, ohuu Filistini ababaa bi.
Then Samson went down to Thamnatlia, and seeing there a woman of the daughters of the Philistines,
2 Ɔsan kɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne na se, “Mahu Filistini ababaa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”
He came up, and told his father and his mother, saying: I saw a woman in Thamnatha of the daughters of the Philistines: I beseech you, take her for me to wife.
3 Nʼagya ne ne na ampene so kaa no anibere so se, “Enti yɛn abusua yi mu anaa Israelfo yi mu, ɔbea baako mpo nni mu a wutumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifo abosonsomfo mu kɔhwehwɛ ɔyere?” Nanso Samson ka kyerɛɛ nʼagya se, “Kɔyɛ ne ho ade ma me. Ɔno ara na mepɛ.”
And his father and mother said to him: Is there no woman among the daughters of thy brethren, or among all my people, that thou wilt take a wife of the Philistines, who are uncircumcised? And Samson said to his father: Take this woman for me, for she hath pleased my eyes.
4 Nʼagya ne ne na anhu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, rehwehwɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifo a saa bere no na wodi Israelfo so.
Now his parents knew not that the thing was done by the Lord, and that he sought an occasion against the Philistines: for at that time the Philistines had dominion over Israel.
5 Samson ne nʼawofo rekɔ Timna no, gyata ba bi tow hyɛɛ Samson so wɔ beae bi a ɛbɛn Timna bobe nturo.
Then Samson went down with his father and mother to Thamnatha. And when they were come to the vineyards of the town, behold a young lion met him raging and roaring.
6 Amono mu hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no abogye. Ɔwaee te sɛ nea ɔrewae abirekyi ba bi abogye. Nanso wanka nea ɔyɛe yi ankyerɛ nʼawofo.
And the spirit of the Lord came upon Samson, and he tore the lion as he would have torn a kid in pieces, having nothing at all in his hand: and he would not tell this to his father and mother.
7 Samson duu Timna no, ɔne ɔbea no kasae, na nʼani gyee ne ho.
And he went down and spoke to the woman that had pleased his eyes.
8 Akyiri no a ɔresan akɔ Timna akohyia ayeforo no, ɔman kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ohuu sɛ nnowa kuw akɔyɛ ɛwo wɔ mu.
And after some days returning to take her, he went aside to see the carcass of the lion, and behold there was a swarm of bees in the mouth of the lion and a honeycomb.
9 Okotii ɛwo no bi dii wɔ kwan so. Ɔmaa nʼawofo no bi ma wodii. Nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ onyaa ɛwo no wɔ gyata funu no mu.
And when be had taken it in his hands, he went on eating: and coming to his father and mother, he gave them of it, and they ate: but he would not tell them, that he had taken the honey from the body of the lion.
10 Afei, bere a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregye no, Samson too pon wɔ Timna, sɛnea amanne kyerɛ saa bere no.
So his father went down to the woman, and made a feast for his son Samson: for so the young men used to do.
11 Wɔtoo nsa frɛɛ mmerante aduasa a wofi kurow no mu sɛ wɔmmɛka ne ho.
And when the citizens of that place saw him, they brought him thirty companions to be with him.
12 Samson ka kyerɛɛ wɔn se, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson aponto yi mu, mutumi yi ano a, mɛma mo sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.
And Samson said to them: I will propose to you a riddle, which if you declare unto me within the seven days of the feast, I will give you thirty shirts, and as many coats:
13 Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me sirikyitam ntade aduasa ne ntade ahorow bi nso aduasa.” Wɔka kyerɛɛ no se, “Ka aborɔme no ma yentie.”
But if you shall not be able to declare it, you shall give me thirty shirts and the same number of coats. They answered him: Put forth the riddle that we may hear it.
14 Ɔkaa no se, “Nea odidi mu na wonya biribi a wodi; ɔhoɔdenfo mu na ade dɛɛdɛ fi ba.” Nnansa akyi no, na wontumi nyii ano.
And he said to them: Out of the eater came forth meat, and out of the strong came forth sweetness. And they could not in three days expound the riddle.
15 Ne nnaanan so no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere se, “Gye aborɔme no mmuae fi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhyew wo ne wʼagya fi ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebesisi yɛn ana?”
And when the seventh day came, they said to the wife of Samson: Soothe thy husband, and persuade him to tell thee what the riddle meaneth. But if thou wilt not do it, we will burn thee, and thy father’s house. Have you called us to the wedding on purpose to strip us?
16 Enti Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkae se, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfo, nanso wonkyerɛɛ me ase.” Samson buaa ne yere no se, “Saa ara na mʼagya ne me na nso menkyerɛɛ wɔn ase ɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?”
So she wept before Samson and complained, saying: Thou hatest me, and dost not love me: therefore thou wilt not expound to me the riddle which thou hast proposed to the sons of my people. But he answered: I would not tell it to my father and mother, and how can I tell it to thee?
17 Enti osu guu ne so bere biara a ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na aponto no aba nʼawie nyinaa. Nnanson so no, esiane haw a ɔhaw no nti, ɔkyerɛɛ no ase. Ɔno nso kaa aborɔme nkyerɛase no kyerɛɛ mmerante no.
So she wept before him the seven days of the feast: and at length on the seventh day as she was troublesome to him, he expounded it. And she immediately told her countrymen.
18 Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kurow no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no ase se, “Dɛn na ɛyɛ dɛ sen ɛwo? Dɛn na ɛwɔ ahoɔden sen gyata?” Samson buaa wɔn se, “Sɛ mo ne ɔfatwafo no antu agyina a, anka morennya aborɔme no nkyerɛase.”
And they on the seventh day before the sun went down said to him: What is sweeter than honey? and what is stronger than a lion? And he said to them: If you had not ploughed with my heifer, you had not found out my riddle.
19 Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛse bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kurow mu. Okunkum mmarima aduasa faa wɔn agyapade nyinaa. Ɔde wɔn ntade maa mmarima a woyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo nea ɛbae no ho yiye nti ɔkɔɔ ne fi na ɔne nʼawofo kɔtenae.
And the spirit of the Lord came upon him, and he went down to Ascalon, and slew there thirty men, whose garments he took away and gave to them that had declared the riddle. And being exceeding angry he went up to his father’s house:
20 Enti wɔde ne yere no maa ɔbarima a na odi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforohyia mu no aware.
But his wife took one of his friends and bridal companions for her husband.

< Atemmufo 14 >